- Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
1 Samuel
Samuel Nwoma A Ɛdi Ɛkan
1 Samuel
1 Sam
Samuel
Nwoma A Ɛdi Ɛkan
Samuel Awoɔ
Na ɔbarima bi firi Ramataim-Sofim a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so a ne din de Elkana. Na Elkana yi yɛ Yeroham babarima ne Elihu nana nso. Na wɔfiri Tohu fie, a ɛwɔ Suf abusua mu. Na Elkana wɔ yerenom baanu. Na wɔn din de Hana ne Penina. Na Penina wɔ mma. Hana deɛ, na ɔnni ba.
Afe biara, na Elkana ne nʼabusuafoɔ kɔ Silo kɔsom, bɔ afɔdeɛ ma Otumfoɔ Awurade wɔ Awurade fie. Na Eli mmammarima baanu a wɔn din de Hofni ne Pinehas na wɔyɛ Awurade asɔfoɔ wɔ hɔ saa ɛberɛ no. Da biara a Elkana bɛba abɛbɔ afɔdeɛ no, ɔde ɛnam no mu nkyɛmu bi ma ne yere Penina ne ne mma no mu biara. Nanso, Hana deɛ, na ne kyɛfa yɛ soronko, ɛfiri sɛ, na ɔdɔ no yie, ɛwom sɛ na Awurade mmaa no mma. Nanso na Awurade ato nʼawodeɛ mu enti, na Penina di ne ho fɛw. Na saa asɛm yi kɔɔ so afe biara. Ɛberɛ biara a wɔbɛkɔ Awurade fie no, Penina bɔ Hana akutia. Na yei ma Hana su na ɔnnidi mpo. Ɛba saa a, ne kunu Elkana bisa no sɛ, “Hana, ɛdeɛn asɛm? Adɛn enti na wonnidie? Adɛn enti na wo werɛ ahoɔ, sɛ wonni mma nti? Mensom bo mma wo, nsen sɛ anka wowɔ mmammarima edu mpo?”
Hana Bɔ Mpaeɛ Sɛ Ɔpɛ Ɔba
Ɛda koro bi na wɔwɔ Silo no, Hana firii adi anwummerɛ bi a wɔadidi awie sɛ ɔrekɔ Awurade fie akɔbɔ mpaeɛ. Na ɔsɔfoɔ Eli te baabi a ɔtena daa wɔ Awurade fie ɛpono ano hɔ. Hana firi awerɛhoɔ a ano yɛ den mu suiɛ, ɛberɛ a na ɔrebɔ Awurade mpaeɛ. Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ, “Ao Awurade Otumfoɔ, sɛ wobɛhwɛ wo ɔsomfoɔ awerɛhoɔdie so, na wotie me mpaeɛbɔ ma me ɔbabarima a, ɛnneɛ mede no bɛsane ama wo. Ne nna a ɔbɛdi nyinaa ɔbɛyɛ wo dea. Deɛ ɛbɛyɛ adansedie sɛ wɔde no ama Awurade ne sɛ wɔremfa yiwan nka ne ti da.”
Ɔgu so rebɔ Awurade mpaeɛ no, na Eli rehwɛ no. Ɔhunuu sɛ ɔrebesebese nʼano, nanso ɔnte nne biara no, Eli susuu sɛ wanom nsã. Ɔbisaa no sɛ, “Ɛsɛ sɛ woba ha ɛberɛ a waboro nsã anaa? Ma wʼani nna hɔ!”
Na Hana buaa sɛ, “Dabi, me wura, memmoroo nsã, na mmom, me werɛ na aho enti na mereka mʼahiasɛm akyerɛ Awurade. Mesrɛ wo, mfa no sɛ meyɛ ɔbaa omumuyɛfoɔ. Na anibereɛ ne awerɛhoɔ so na merebɔ mpaeɛ.”
Ɛnna Eli kaa sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, ma wʼani nnye! Israel Onyankopɔn nyɛ wʼabisadeɛ mma wo.”
Hana teaam sɛ, “Meda wo ase, awura!” Ɔsane kɔ kɔdidiiɛ, na wanni awerɛhoɔ bio.
Wɔwoo Samuel De No Maa Onyankopɔn
Adeɛ kyee anɔpahema no, efie no mu nnipa sɔre kɔsom Awurade bio. Afei, wɔsane kɔɔ Rama. Ɛberɛ a Elkana de ne ho kaa Hana no, Awurade kaee Hana adebisa no, na anni da bi, ɔwoo ɔbabarima. Ɔtoo no edin Samuel na ɔkaa sɛ, “Mebisaa no firii Awurade nkyɛn.”
Afe akyi no, Elkana, Penina, ne wɔn mma kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ ama Awurade. Hana ankɔ bi. Ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ, “Sɛ abɔfra no twa nufoɔ a, mede no bɛkɔ Awurade fie na makɔgya no hɔ ama Awurade afebɔɔ.”
Elkana kaa sɛ, “Deɛ wogye di sɛ ɛyɛ ma wo biara no, yɛ. Tena ha ansa na Awurade mmoa wo mma wonni wo bɔhyɛ so.” Enti ɔbaa no tenaa fie hwɛɛ ne babarima no.
Ɔtwaa no nufoɔ wieeɛ no, ɔde no kɔɔ Awurade asɔrefie wɔ Silo. Wɔde nantwinini a wadi mfeɛ mmiɛnsa ne esiam lita dunsia ne bobesa kakra baeɛ. Wɔde nantwinini no bɔɔ afɔdeɛ wieeɛ no, wɔde abɔfra no brɛɛ Eli. Hana bisaa no sɛ, “Owura wokae me anaa? Me wura, me ne ɔbaa a ɔbɛgyinaa ha mfeɛ bebree ni bɔɔ Awurade mpaeɛ no. Mebɔɔ saa abɔfra yi ho mpaeɛ, na Awurade ayɛ mʼabisadeɛ ama me. Enti, seesei, mede abɔfra yi rema Awurade. Ne nkwa nna nyinaa, ɔbɛyɛ Awurade dea.” Na wɔsomm Awurade wɔ hɔ.
Hana Ayɛyie Mpaeɛbɔ
Na Hana bɔɔ mpaeɛ sɛ,
“Mʼakoma di ahurisie wɔ Awurade mu!
Ao, Awurade mu na me nhyira wɔ!
Afei, manya mmuaeɛ ama mʼatamfoɔ,
na mʼani gye wɔ wo gyeɛ no ho.
“Obiara nyɛ kronkron sɛ Awurade!
Obi bi nka wo ho;
Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Onyankopɔn.
“Gyae ahantansu ne ahomasoɔ no,
nkasa wɔ ahantan so saa!
Ɛfiri sɛ, Awurade yɛ Onyankopɔn a ɔnim wo nneyɛeɛ
na ɔbɛbu wo deɛ woayɛ no so atɛn.
“Wɔn a na wɔyɛ atumfoɔ no nnyɛ atumfoɔ bio;
na wɔn a na wɔyɛ mmerɛ no nso, afei, wɔayɛ den.
Wɔn a na wɔdidi mee pintinn no afei ɔkɔm rekum wɔn.
Na wɔn a ɔkɔm rekum wɔn no nso afei wɔamee pintinn.
Afei, obonini wɔ mma baason,
na ɔbaa a na ɔwɔ mma pii no mma bɛbɔ no.
“Awurade de nkwa ne owuo nyinaa ba;
Ɔka ebi hyɛ damena mu, na ɔnyane ebinom.
Awurade yɛ obi ohiani na wayɛ obi ɔdefoɔ;
ɔbrɛ obi ase na wapagya obi.
Ɔpagya ohiani firi mfuturo mu
aane, ɔyi no firi nsosie mu;
ɔyɛ wɔn sɛ mmapɔmma
de wɔn tena animuonyam nkonnua so.
“Ɛfiri sɛ, asase fapem yɛ Awurade dea,
na watoto ewiase sɛdeɛ ɛsɛ.
Ɔbɛbɔ nyamesurofoɔ ho ban,
na amumuyɛfoɔ bɛyera esum mu.
“Sɛ ahoɔden mu nko deɛ a, obi renni nim;
Wɔn a wɔko tia Awurade no, ɔbɛdwerɛ wɔn.
Ɔdwa aprannaa firi ewiem gu wɔn so;
Awurade bu atɛn wɔ asase so baabiara.
“Ɔma ne ɔhempɔn ahoɔden kɛseɛ;
deɛ wasra no no, ɔhyɛ nʼahoɔden mu den.”
Afei, Elkana ne Hana gyaa Samuel hɔ kɔɔ efie wɔ Rama. Na abarimaa no bɛyɛɛ Awurade ɔboafoɔ, ɛfiri sɛ, ɔboaa ɔsɔfoɔ Eli.
Eli Mmammarima Amumuyɛfoɔ
Eli mmammarima no yɛ asansafoɔ a wɔmfɛre Awurade, anaa wɔn asɔfodwuma. Ɛberɛ biara a obi bɛba abɛbɔ afɔdeɛ no na wɔrenoa ɛnam no, Eli mma no soma ɔsomfoɔ de adinam a ɛwɔ ano mmiɛnsa ba. Ɛberɛ a ɛnam no si ogya so no, ɔsomfoɔ no de adinam no wɔ dadesɛn no mu. Na wɔhyɛ sɛ deɛ adinam no bɛwɔ mu no nyinaa yɛ Eli mma no dea. Wɔde Israelfoɔ a wɔba Silo hɔ nyinaa faa saa ɛkwan yi so. Ɛtɔ dabi a, ansa na wɔbɛhye sradeɛ2.15 Na mmara no ka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔhye sradeɛ ne sradenam wɔ afɔrebukyia no so ([3 Mose 3.16]; [4.8-10]). no, ɔsɔfoɔ no ɔsomfoɔ ba bɛka kyerɛ onipa a ɔrebɔ afɔdeɛ no sɛ, “Ma ɔsɔfoɔ no ɛnam no bi, na ɔntoto. Ɔmpɛ wo ɛnam a woanoa, na mmom, ɛnam mono nko ara.”
Onipa a ɔrebɔ afɔdeɛ no ka sɛ, “Fa dodoɔ biara a wopɛ, nanso sradeɛ no deɛ, ɛsɛ sɛ wɔhye ansa.” Ɛhɔ na ɔsomfoɔ no bɛka sɛ, “Dabi, fa ma me seesei ara, anyɛ saa a, mede tumi bɛfa.”
Na saa bɔne a mmeranteɛ yi yɛ yi yɛ akyiwadeɛ wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ, na wɔbu Awurade afɔrebɔ no animtia.
Samuel deɛ, ɛwom na ɔyɛ abarimaa, nanso na ɔyɛ Awurade ɔboafoɔ. Na wɔde nwera asɔfotadeɛ ahyɛ no te sɛ ɔsɔfoɔ. Afe biara a ne maame ne ne kunu rekɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ no, na ne maame pam batakari kumaa bi de kɔma no. Ansa na wɔbɛsane akɔ efie no, Eli hyira Elkana ne ne yere ka sɛ, “Awurade mma ɔbaa yi nwo mma, na ɔmmɛsi deɛ ɔbɔɔ ho mpaeɛ nyaeɛ a ɔde no maa Awurade no ananmu.” Na Awurade maa Hana woo mmammarima baasa ne mmammaa baanu. Na Samuel nyinii wɔ Awurade anim.
Afei, Eli bɔɔ akɔkoraa, nanso na ɔnim deɛ ne mmammarima no de reyɛ Israelfoɔ. Nhwɛsoɔ bi ne sɛ, na ɔnim sɛ ne mmammarima no fa mmabaawa a wɔboa ntomadan no ano adwumayɛ no. Eli ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Metete mo ho nsɛm firi ɔmanfoɔ nkyɛn a ɛfa amumuyɛsɛm a modie no ho. Adɛn enti na mokɔ so yɛ bɔne? Me mma, ɛsɛ sɛ mogyae! Mo ho nsɛm a metete firi Awurade nkurɔfoɔ nkyɛn fa mo ho no nyɛ. Sɛ obi yɛ bɔne tia ɔfoforɔ a, Onyankopɔn tumi gyina mu ma ɔfɔdifoɔ no. Nanso, sɛ obi yɛ bɔne tia Awurade a, hwan na ɔbɛtumi adi agyinamu?” Eli mma no antie wɔn agya no afotuo, na Awurade nso reyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkum wɔn.
Na abɔfra Samuel nyiniiɛ, na ɔkɔɔ so nyaa adom firii Awurade ne ɔmanfoɔ nkyɛn.
Eli Abusuafoɔ Kɔkɔbɔ
Ɛda koro bi Onyankopɔn onipa bi baa Eli nkyɛn de nkra yi brɛɛ no sɛ, “Sei na Awurade ka, ‘Manna me ho adi pefee ankyerɛ wʼagya fie ɛberɛ a na wɔyɛ nkoa wɔ Misraim no anaa? Israel mmusuakuo no nyinaa mu no, Aaron na meyii no sɛ, ɔnyɛ me ɔsɔfoɔ a ɔbɛkɔ afɔrebukyia anim akɔhye aduhwam, na wahyɛ asɔfotadeɛ wɔ mʼanim. Na mede afɔdeɛ a wɔbɔɔ no ogya so no nyinaa maa mo asɔfoɔ no. Adɛn enti na motiatia me kum afɔdeɛ ne mʼaduane afɔdeɛ so? Adɛn enti na mobu mo mmammarima sene me? Moawe afɔrebɔdeɛ a me nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔ no mu kyɛfa a ɛyɛ no, na monam so ayeyɛ akɛseɛ!’
“Enti, asɛm a Awurade, Israel Onyankopɔn ka ne sɛ, ‘Meremma nneɛma bɔne a moreyɛ yi nkɔ so! Mehyɛɛ bɔ sɛ wo Lewi abusua fa no bɛyɛ mʼasɔfoɔ, nanso, wɔn a wɔdi me ni no, mɛdi wɔn ni; na wɔn a wɔbu me animtia no, mɛbɔ wɔn ahohora. Mɛma mo fiefoɔ agyae mʼasɔfodie som no. Mpatuwuo mpa mo fie da na mo mu biara rentena ase nni mfeɛ, mmee. Mode anibereɛ na ɛbɛhwɛ nkɔsoɔ a mede bɛma me nkurɔfoɔ Israelfoɔ. Na mo abusuafoɔ no mu biara nni hɔ a ɔbɛbɔ akɔkoraa. Wɔn a wɔbɛka akyire no bɛtena ase awerɛhoɔ ne ntehem mu. Na wɔn mma bɛwuwu atɔfowuo.
“ ‘Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wobɛhunu sɛ deɛ maka no bɛba mu saa no enti, mɛma wo mmammarima baanu no a ɛyɛ Hofni ne Pinehas no awuwu da korɔ mu. Ɛno akyi masi ɔsɔfoɔ foforɔ a ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔbɛsom me, na wayɛ deɛ mɛkyerɛ no sɛ ɔnyɛ biara. Mɛhyira nʼasefoɔ, na ne fiefoɔ bɛyɛ ahene a mɛsra wɔn ngo no asefoɔ akɔsi daa. Na wʼasefoɔ nyinaa bɛkoto nʼasefoɔ, asrɛsrɛ wɔn sika ne aduane. Wɔbɛka sɛ, “Mesrɛ mo, momma yɛn nnwuma bi nyɛ wɔ asɔfoɔ no mu sɛdeɛ ɛbɛma yɛanya aduane adi, amee.” ’ ”
Awurade Frɛ Samuel
Abarimaa Samuel dii Eli nan ase, somm Awurade. Saa ɛberɛ no na asɛm a wɔte firi Awurade nkyɛn ne anisoadehunu yɛ adeɛ a ɛho yɛ na.
Anadwo bi, na Eli a nʼani reyɛ afira koraa no kɔdaeɛ nkyɛree koraa. Na Onyankopɔn kanea no nnya nnumiiɛ. Saa ɛberɛ no na Samuel da Ahyiaeɛ Ntomadan no mu baabi a ɛbɛn Onyankopɔn adaka no. Prɛko pɛ, Awurade frɛɛ sɛ, “Samuel! Samuel!”
Samuel buaa sɛ, “Menie.” Na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Menie! Wofrɛɛ me?”
Eli nso buaa no sɛ, “Memfrɛɛ wo, na sane kɔda.” Enti ɔsane kɔdaeɛ.
Awurade sane frɛɛ bio sɛ, “Samuel!”
Bio, Samuel sane yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Menie! Wofrɛɛ me?”
Eli buaa no sɛ, “Me ba, memfrɛɛ wo, na sane kɔda.”
Na Samuel nnya nhunuu Awurade, ɛfiri sɛ, na Awurade asɛm mmaa ne nkyɛn da.
Enti afei, Awurade frɛɛ Samuel ne mprɛnsa so. Na Samuel yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Menie! Wofrɛɛ me?”
Ɛhɔ na Eli hunuu sɛ ɛyɛ Awurade na ɔrefrɛ abarimaa no. Enti, ɔka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Kɔ na kɔda bio, na sɛ wote sɛ obi refrɛ wo a, gye so na ka sɛ, ‘Menie, Awurade kasa na wʼakoa retie.’ ” Enti, Samuel kɔdaa bio.
Na Awurade ba bɛfrɛɛ bio sɛ, “Samuel! Samuel!”
Na Samuel buaa sɛ, “Menie, Awurade kasa na wʼakoa retie.”
Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Merebɛyɛ akomatuo adeɛ bi wɔ Israel. Merebɛyɛ deɛ maka atia Eli ne nʼabusuafoɔ no nyinaa. Mabɔ no kɔkɔ mpɛn bebree sɛ, atemmuo reba ɔne nʼabusuafoɔ so, ɛfiri sɛ, ne mmammarima abɔ mmusuo atia Onyankopɔn, nanso wankasa ankyerɛ wɔn. Na maka ntam sɛ, Eli ne ne mmammarima bɔne no, sɛ wɔbɔ okum afɔdeɛ anaa aduane afɔdeɛ koraa a, wɔremfa nkyɛ wɔn da.”
Samuel Kasa Ma Awurade
Samuel daa hɔ ara kɔsii sɛ adeɛ kyeeɛ. Ɔbuebuee ntomadan hɔ mfɛnsere sɛdeɛ ɔtaa yɛ no. Na ɔsuro sɛ ɔbɛka asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no akyerɛ Eli. Nanso, Eli frɛɛ no sɛ, “Samuel, me ba.”
Samuel buaa sɛ, “Menie!”
Eli bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na Awurade ka kyerɛɛ wo? Ka biribiara kyerɛ me. Sɛ wode biribiara sie me a, Onyankopɔn ntwe wʼaso.” Enti, Samuel kaa biribiara kyerɛɛ Eli a wamfa hwee ansie no. Eli ka sɔɔ so sɛ, “Ɛyɛ Awurade pɛ. Ɔnyɛ deɛ ɔsusu sɛ ɛyɛ na ɛfata biara.”
Awurade kaa Samuel ho wɔ ne nyiniiɛ mu, na biribiara a Samuel kaeɛ no, na ɛyɛ nyansasɛm a ɛboa. Nnipa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa, ɛfiri asase no ti kɔsi nʼanafoɔ, na wɔnim sɛ wɔahyɛ Samuel Awurade odiyifoɔ. Awurade kɔɔ so daa ne ho adi wɔ Silo, na ɔde nsɛm maa Samuel wɔ ntomadan mu hɔ.
Na nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa tee nsɛm a ɛfiri Samuel hɔ.
Filistifoɔ Fa Apam Adaka No
Saa ɛberɛ no, na Israelfoɔ ne Filistifoɔ reko. Israelfoɔ akodɔm kyeree sraban wɔ Ebeneser ɛnna Filistifoɔ nso kyeree sraban wɔ Afek. Filistifoɔ no to hyɛɛ Israelfoɔ akodɔm no so, dii wɔn so nkonim, na wɔkumm nnipa mpemnan. Ɔko no baa awieeɛ, na Israel akodɔm sane kɔɔ wɔn sraban mu hɔ no, Israel mpanimfoɔ no bisaa sɛ, “Adɛn nti na Awurade ama yɛadi nkoguo ɛnnɛ yi wɔ Filistifoɔ anim yi? Momma yɛnkɔfa Awurade Apam Adaka no mfiri Silo. Sɛ yɛde kɔ ɔsa a, ɛbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔ nsam.”
Enti, nnipa no somaa mmarima kɔɔ Silo, na wɔde Otumfoɔ Awurade a ɔte Kerubim ntam Apam Adaka no baeɛ. Saa ɛberɛ no na Eli mmammarima baanu Hofni ne Pinehas ka wɔn a wɔsoaa Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ akono hɔ no ho.
Ɛberɛ a Israelfoɔ no hunuu sɛ wɔde Awurade Apam Adaka no reba nsraban no mu no, wɔn nyinaa bɔɔ ose maa asase wosoeɛ. Filistifoɔ no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na ɛrekɔ so yi? Ɛdeɛn osebɔ na ɛwɔ Hebrifoɔ sraban mu hɔ yi?”
Wɔtee sɛ Awurade Apam Adaka no na abɛduru sraban mu hɔ no, wɔsuroeɛ. Na wɔkaa sɛ, “Anyame no aba wɔn sraban mu hɔ. Ɛnneɛ, asɛm ato yɛn! Yɛnhyiaa asɛm a ɛte sei bi da. Hwan na ɔbɛgye yɛn afiri saa Israel anyame atumfoɔ yi nsam? Wɔne anyame a wɔde owu yadeɛ ahodoɔ nyinaa bi sɛee Misraimfoɔ, ɛberɛ a Israelfoɔ wɔ ɛserɛ so hɔ no. Monnyere mo ho, Filistifoɔ! Monnyina sɛ mmarima; anyɛ saa a, Hebrifoɔ no bɛfa mo nkoa sɛdeɛ wɔyɛɛ yɛn nkoa no.”
Enti, Filistifoɔ no koo anibereɛ so, dii Israelfoɔ no so bio. Wɔn a wɔkunkumm wɔn no dɔɔso. Israelfoɔ ɔpeduasa na wɔkunkumm wɔn ɛda no. Wɔn a wɔnyaa wɔn ti didii mu no dwane kɔɔ wɔn ntomadan mu. Wɔfaa Onyankopɔn Apam Adaka no, na wɔkunkumm Eli mmammarima baanu a wɔyɛ Hofni ne Pinehas no.
Eli Wuo
Ɛda no ara, ɔbarima bi firi Benyamin abusuakuo mu dwane firii akono hɔ bɛduruu Silo. Na watete ne ntadeɛ mu, de mfuturo ahura ne tiri mu, de kyerɛ nʼawerɛhoɔ. Na Eli retwɛn wɔ kwankyɛn baabi, pɛ sɛ ɔte ɔko no mu nsɛm, ɛfiri sɛ, na ne bo ntɔ ne yam koraa wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no ho. Ɔbɔfoɔ no ba bɛkaa asɛm a asie no, wɔtee nteateamu bi wɔ kuro no mu nyinaa. Eli bisaa sɛ, “Saa nteateamu yi ase ne sɛn?”
Ɔbɔfoɔ no yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli, a na wadi mfeɛ aduɔkron nwɔtwe na nʼani afira no nkyɛn. Ɔka kyerɛɛ Eli sɛ, “Seesei ara na mefiri akono hɔ baeɛ. Nnɛ yi ara, na mewɔ hɔ.”
Eli bisaa sɛ, “Na ɛkɔsii sɛn?”
Ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Israelfoɔ adi nkoguo. Israel akodɔm no mpem mpem atotɔ wɔ akono hɔ. Afei, wo mmammarima baanu a ɛyɛ Hofni ne Pinehas no nso wɔawuwu, na Onyankopɔn Apam Adaka no nso, wɔafa.”
Ɔbɔfoɔ no kaa Onyankopɔn Apam Adaka no ho asɛm ara pɛ, Eli firi akonnwa a ɔte so mu wɔ abɔntenpono ho no te hwee nʼakyi. Ne kɔn mu buiɛ, ɛfiri sɛ, na wabɔ akɔkoraa a ne mu nso yɛ duru. Na wadi Israel anim mfirinhyia aduanan.
Saa ɛberɛ no na nʼase baa a ɔyɛ Pinehas yere nyem a ɔreyɛ awoɔ. Ɔtee sɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no, na nʼase ne ne kunu awuwuo no, awoɔ kaa no amonom hɔ. Ɔwuu wɔ awokoɔ mu, nanso ansa na ɔrebɛwu no, mmaa a wɔregye no awoɔ no kaa sɛ, “Nsuro woawo abarimaa.” Nanso, wammua wɔn na wankasa wɔn ho nso.
Ɔbesebesee nʼano too abarimaa no edin Ikabod, “Animuonyam no wɔ he, Israel animuonyam no asa,” ɛfiri sɛ, wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no na nʼase ne ne kunu nso awuwu. Ɔkaa sɛ, “Animuonyam afiri Israel mu, ɛfiri sɛ, wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no.”
Apam Adaka No Wɔ Filistia
Filistifoɔ no faa Onyankopɔn Apam Adaka no akyi, wɔmaa so firii Ebeneser akono hɔ kɔɔ kuropɔn Asdod mu. Wɔsoaa Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Dagon5.2 Dagon yɛ Filistifoɔ nyame kɛseɛ (ɛho nsɛm wɔ [Ate 6.23]). abosonnan mu. Wɔde kɔsii ohoni Dagon nkyɛn. Nanso, ɛberɛ a adeɛ kyeeɛ a Asdod kuro mma no kɔhwɛeɛ no, na Dagon ahwe fam wɔ Awurade Apam Adaka no anim a nʼanim butu fam. Enti, wɔmaa ohoni no so gyinaa hɔ bio. Nanso, adeɛ kyee anɔpa no, na asɛm korɔ no ara asi bio. Na Dagon no ahwe fam wɔ Awurade Apam Adaka no anim a nʼanim butu fam. Saa ɛberɛ yi deɛ, na ne ti ne ne nsa abubu afiri so deda ɛpono ano. Ne kuntunsini na na aka da hɔ a ammubu. Ɛno enti na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Dagon asɔfoɔ anaa obiara a ɔbɛwura abosonnan mu hɔ no ntia aponnwa no so no.
Na Awurade maa mpɔmpɔ bobɔɔ Asdodfoɔ ne ne mpɔtam hɔfoɔ no. Ɛberɛ Asdodfoɔ hunuu asɛm a aba no, wɔkaa sɛ, “Yɛrentumi mma Onyankopɔn Apam Adaka no ntena yɛn nkyɛn. Ɔtia yɛn! Ɔbɛsɛe yɛn ne yɛn nyame, Dagon nyinaa.” Enti, wɔfrɛɛ Filistifoɔ nkuropɔn enum mu sodifoɔ nyinaa bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ Israel Onyankopɔn Apam Adaka yi?”
Sodifoɔ no susuu asɛm no ho na wɔbuaa sɛ, “Momfa Israel Onyankopɔn Apam Adaka no nkɔ Gat.” Enti, wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Gat.
Nanso, ɛberɛ a Onyankopɔn Apam Adaka no duruu Gat no, Awurade maa mpɔmpɔ bobɔɔ kuro no mufoɔ, mpanin ne mmɔfra, na wɔsuroo yie. Enti, wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Ekron kuropɔn mu, na wɔde rewura hɔ no, Ekronfoɔ no suu sɛ, “Wɔde Israel Onyankopɔn Apam Adaka no reba yɛn nkyɛn de abɛkunkum yɛn nso.” Enti, nnipa frɛɛ sodifoɔ no bio, srɛɛ wɔn sɛ, “Monsane mfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfiri ha nkɔ ne ɔman mu, anyɛ saa a, ɛbɛkunkum yɛn nyinaa.” Saa ɛberɛ no na ɔyaredɔm a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn no ahyɛ aseɛ dada ama huboa abɛtɔ kuropɔn no so. Wɔn a wɔanwuwu no, wɔmaa mpɔmpɔ bobɔɔ wɔn. Na agyaadwotwa baa baabiara.
Filistifoɔ Sane De Apam Adaka No Kɔ Israel
Awurade Apam Adaka no dii Filistifoɔ asase so abosome nson. Na Filistifoɔ no frɛɛ wɔn asɔfoɔ ne wɔn nsamanfrɛfoɔ bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ Awurade Apam Adaka yi? Monkyerɛ yɛn ɛkwan a yɛmfa so nsane mfa nkɔ asase a ɛfiri soɔ no so.”
Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsane mfa Israel Onyankopɔn Apam Adaka no nkɔ baabi a mokɔfaa no, na momfa akyɛdeɛ nka ho. Momfa afɔdie afɔdeɛ nka ho, na ama ɔyaredɔm no agyae. Na sɛ ɔyaredɔm no annyae a, ɛbɛma moahunu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde baeɛ.”
Wɔbisaa sɛ, “Ɛnneɛ, na afɔdie afɔdeɛ bɛn na yɛmfa nkɔ?”
Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Esiane sɛ ɔyaredɔm no abɔ mo ne mo sodifoɔ baanum enti, monyɛ sikakɔkɔɔ6.4 Sikakɔkɔɔ nneɛma no yɛ nneɛma a na wɔyɛ de sɔ anyame no ani. te sɛ mpɔmpɔ sɛso enum ne sikakɔkɔɔ akusie sɛso enum te sɛ deɛ sodifoɔ no dodoɔ teɛ. Monyɛ saa nneɛma yi nyinaa fa nkyerɛ anidie a mowɔ ma Israel Onyankopɔn. Na ebia, ɔbɛgyae mo, mo anyame ne mo asase amanehunu no. Monnyɛ asoɔden, nnyɛ adɔnyɛfoɔ, sɛdeɛ Farao ne Misraimfoɔ yɛeɛ no. Wɔamma Israelfoɔ ankɔ kɔsii sɛ Onyankopɔn maa ɔyaredɔm te guu wɔn so.
“Afei, monyɛ teaseɛnam foforɔ, na monhwehwɛ anantwibereɛ mmienu a afei na wɔawo mma foforɔ. Monhwɛ sɛ wɔntwee teaseɛnam da. Momfa anantwie no nsesa teaseɛnam no na montete wɔn mma no mfiri wɔn ho, mfa wɔn nkɔgu wɔn buo mu. Momfa Awurade Apam Adaka no nsi teaseɛnam no mu, na momfa adakawa a sikakɔkɔɔ akusie sɛso ne sikakɔkɔɔ mpɔmpɔ sɛso wɔ mu no nsi nkyɛn. Afei, momma anantwie no nkɔ baabiara a wɔpɛ. Na sɛ wɔtra yɛn asase hyeɛ, na wɔkɔduru Bet-Semes a, ɛbɛma yɛahunu sɛ, ɛyɛ Awurade na ɔde saa amanehunu kɛseɛ yi baa yɛn so. Na sɛ amma no saa a, yɛbɛhunu sɛ saa ɔyaredɔm a ɛbaa yɛn so no yɛ akwanhyia bi, na mmom, ɛmfiri Awurade, ɛkwan biara so.”
Wɔyɛɛ saa. Wɔfaa anantwie mmienu a wɔawo foforɔ de wɔn saa teaseɛnam no so, na wɔde wɔn mma no guu buo mu. Wɔde Awurade Apam Adaka no sii teaseɛnam no mu. Wɔde adakawa a sikakɔkɔɔ akusie sɛso ne sikakɔkɔɔ mpɔmpɔ sɛso wɔ mu no sii ho. Afei, anantwie no de su faa tempɔn a ɛkɔ Bet-Semes no so tee. Filistifoɔ sodifoɔ dii wɔn akyi ara kɔsii Bet-Semes hyeɛ so.
Saa ɛberɛ no, na Bet-Semesfoɔ retwa wɔn atokoɔ wɔ bɔnhwa no mu. Enti, wɔpagyaa wɔn ani hunuu Adaka no, wɔdii ahurisie. Teaseɛnam no kɔduruu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosua a ɔfiri Bet-Semes afuo mu no, ɛgyinaa ɔbotan kɛseɛ bi ho. Nnipa no twitwaa nnua a wɔde yɛɛ teaseɛnam no mu. Na wɔde anantwie no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Lewifoɔ no mu bebree faa adaka no ne adakawa a sika agudeɛ wɔ mu no, na wɔde guu ɔbotan kɛseɛ no so. Saa ɛda no, Bet-Semesfoɔ6.15 Bet-Semes yɛ Lewifoɔ kuro ([Yos 21.16]). Na Lewifoɔ nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔpagya Adaka Kronkron no so de kɔ baabi foforɔ ([5 Mose 10.8]). bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ bebree maa Awurade. Filistifoɔ sodifoɔ baanum no hwɛɛ yeinom nyinaa, na ɛda no ara, wɔsane kɔɔ Ekron.
Sikakɔkɔɔ mpɔmpɔ sɛso a Filistifoɔ no de kɔɔ sɛ asodie afɔdeɛ, de maa Awurade no yɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Asdod, Gasa, Askelon, Gat ne Ekron sodifoɔ nkyɛn. Sikakɔkɔɔ akusie sɛso enum no nso gyina hɔ ma Filistifoɔ nkuropɔn enum no ne nkurotoɔ a atwa ho ahyia no a na sodifoɔ baanum no hwɛ so no. Ɔbotan kɛseɛ a na ɛwɔ Bet-Semes a wɔde Awurade Apam Adaka no siiɛ no nso da so tim Yosua afuom bɛsi ɛnnɛ sɛ nkaedeɛ a ɛkyerɛ asɛm a ɛsii hɔ no.
Wɔde Apam Adaka No Kɔ Kiriat-Yearim
Na Awurade kunkumm Bet-Semesfoɔ no mmarima aduɔson sɛ wɔahwɛ Awurade Apam Adaka no mu. Na deɛ Awurade yɛeɛ no enti, nnipa no twaa agyaadwoɔ pa ara. Wɔsu bisaa sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi agyina Awurade, Ɔkronkronni Onyankopɔn anim? Ɛhe na yɛbɛtumi de adaka yi afiri ha akɔ?”
Enti, wɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Kiriat-Yearimfoɔ nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Filistifoɔ no asane de Awurade Apam Adaka no aba. Yɛsrɛ mo, mommra ha mmɛgye!”
Enti, Kiriat-Yearimfoɔ bɛgyee Awurade Apam Adaka7.1 Adaka no sii hɔ ara kɔsii sɛ Dawid fa sane de kɔɔ Yerusalem ([2 Sam 6.2-3]). no. Wɔde kɔɔ Abinadab efie a ɛda bepɔ nkyɛn baabi. Ɛhɔ na wɔdwiraa ne babarima Eleasa sɛ ɔnhwɛ so. Apam Adaka no kyɛree yie wɔ Kiriat-Yearim. Ɛdii mfirinhyia aduonu wɔ hɔ. Saa ɛberɛ no Israel nyinaa twaa agyaadwoɔ, ɛfiri sɛ na ayɛ sɛ Awurade agya wɔn.
Samuel Yɛ Israel So Ɔtɛmmufoɔ
Na Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ, “Sɛ mode mo akoma nyinaa resane akɔ Awurade nkyɛn deɛ a, ɛnneɛ, montwe mo ho mfiri ananafoɔ anyame ne Astoret ahoni ho. Monsi mo adwene pi sɛ mobɛyɛ ɔsetie ama Awurade, na monsom ɔno nko, na ɔbɛgye mo afiri Filistifoɔ nsam.” Enti, Israelfoɔ no too Baalim ne Astoret guiɛ, somm Awurade nko.
Afei, Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ, “Mo nyinaa mommra Mispa, na memmɔ Awurade mpaeɛ mma mo.” Enti, wɔboaa wɔn ho ano wɔ hɔ. Na wɔn nyankomadeɛ mu no, wɔsaa nsuo firi abura bi mu, na wɔhwie guu Awurade anim. Wɔdii abuada ɛda no, na wɔkaa nokorɛ sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade. Enti, Mispa hɔ na Samuel bɛyɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ.
Ɛberɛ a Filistifoɔ sodifoɔ no tee sɛ Israel nyinaa aboa wɔn ho ano wɔ Mispa no, wɔboaboaa wɔn akodɔm ano, tu teneeɛ. Na Israelfoɔ no tee sɛ Filistifoɔ no rebɛn wɔn no, wɔn akoma tuu yie. Wɔdwane toaa Samuel sɛ, “Srɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, na ɔnnye yɛn mfiri Filistifoɔ nsam.” Enti, Samuel faa odwan ba a ɔnyiniiɛ de ne mua no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Ɔsrɛɛ Awurade maa Israelfoɔ, na Awurade tieeɛ.
Ɛberɛ a Samuel gu so rebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, Filistifoɔ no baa sɛ wɔrebɛko. Nanso, Awurade de aprannaa nne a emu yɛ duru yie kasa firi soro, maa basabasayɛ sii Filistifoɔ no mu, maa Israelfoɔ no dii wɔn so nkonim. Israel mmarima pamoo wɔn firi Mispa, kɔsii Bet-Kar, kunkumm wɔn guu ɛkwan so.
Ɛnna Samuel faa ɔboɔ kɛseɛ bi de sii Mispa ne Sen ntam. Na ɔtoo no edin Ebeneser a aseɛ ne “Ɔboa boɔ” na ɔkaa sɛ, “Ɛha na Awurade aboa yɛn abɛsi!”
Enti, wɔdii Filistifoɔ no so, na wɔantumi ammɛgye Israelfoɔ nsase amfa wɔ ɛberɛ tenten bi mu. Na Samuel nkwa nna mu nyinaa, Awurade nsa a ɛyɛ den no tiaa Filistifoɔ. Na Israel nkuro a ɛbɛn Ekron ne Gat no a na Filistifoɔ no agyegye no. Wɔde asase a aka a Filistifoɔ no agyegyeɛ no kaa ho. Ɛmaa asomdwoeɛ baa Israel ne Amorifoɔ7.14 Edin “Amorifoɔ” no sɛ wɔbɔ so a, na wɔkyerɛ Kanaanfoɔ nyinaa. ntam saa ɛberɛ no.
Samuel kɔɔ so yɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ ne nkwa nna a aka nyinaa. Afe biara, na ɔtu kwan kyinkyini bu atɛn wɔ nʼasɛnniiɛ. Ɔfiri aseɛ wɔ Bet-El7.16 Bet-El, Gilgal ne Mispa yɛ nkurotoɔ mmiɛnsa a ɛwɔ Benyamin mantam mu a na wɔasisi Kronkronbea wɔ hɔ (hwɛ [Yos 4.19]). de kɔ Gilgal na wawie wɔ Mispa. Ɔbuu Israelfoɔ atɛn wɔ saa nkurotoɔ yi biara so. Afei, na ɔsane ba ne kurom Rama bɛdi nsɛm wɔ hɔ nso. Na Samuel sii afɔrebukyia wɔ Rama de maa Awurade.
Israel Hwehwɛ Ɔhene
Samuel bɔɔ akɔkoraa no, ɔyii ne mmammarima sɛ wɔnyɛ Israel atemmufoɔ. Nʼabakan no din de Yoɛl ɛnna ne ba a ɔtɔ so mmienu no din de Abiya. Na wɔyɛ atemmufoɔ wɔ Beer-Seba. Nanso, na ne mmammarima no nte sɛ wɔn agya. Wɔyɛɛ sikanibereɛ. Wɔgyegyee adanmudeɛ, buu ntɛnkyea.
Enti, Israel mpanimfoɔ nyinaa hyiaa Samuel wɔ Rama ne no bɛdii saa asɛm yi ho nkɔmmɔ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Woabɔ akɔkoraa, na wo mmammarima nso nnante wʼakwan so; enti, si ɔhene na ɔnni yɛn anim sɛdeɛ aman bebree yɛ noɔ no.”
Wɔn abisadeɛ no anyɛ Samuel dɛ enti, ɔkɔɔ Awurade anim kɔbisaa akwankyerɛ. Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Tie nsɛm a ɔmanfoɔ no reka kyerɛ wo no na yɛ. Ɛnyɛ wo na wɔapo, na mmom, me na wɔapo me, sɛ mennni wɔn so ɔhene bio. Ɛfiri ɛberɛ a meyii wɔn firi Misraim no bɛsi ɛnnɛ yi no, wɔakɔ so apo me akɔdi anyame foforɔ akyi; na ɛnnɛ yi, saa ara na wɔde reyɛ wo. Ɛno enti, tie wɔn, nanso bɔ wɔn kɔkɔ anibereɛ so, na ma wɔnhunu ɛkwan a ɔhene a ɔrebɛdi wɔn so no de wɔn bɛfa so.”
Enti, Samuel kaa Awurade kɔkɔbɔ no kyerɛɛ nnipa no. “Sei na ɔhene ne mo bɛtena. Ɔhene bɛtwe mo mmammarima akɔfra nʼasradɔm mu, na wɔama wɔn atu mmirika adi ne nteaseɛnam anim. Ebinom bɛyɛ nʼakodɔm mu asahene, na ebinom nso ayɛ nkoa mu asomfoɔ. Wɔbɛhyɛ ebinom ma wɔafuntum nʼafuo, na wɔatwa nʼafudeɛ, na afoforɔ ayɛ nʼakodeɛ ne ne teaseɛnam ho nneɛma. Ɔhene no bɛgye mo mmammaa afiri mo nsam, na wahyɛ wɔn ama wɔanoa nnuane, na wɔato nnuane, na wɔayɛ nnuhwam nso ama no. Ɔbɛgye mo mfuo ne mo bobe mfuo ne mo ngo mfuo a ɛyɛ no afiri mo nsam, na ɔde ama ɔno ankasa nʼasomfoɔ. Ɔbɛgye mo mfudeɛ mu nkyɛmu edu mu baako, na wakyekyɛ ama nʼadwumayɛfoɔ ne nʼasomfoɔ. Ɔbɛpɛ sɛ ɔbɛnya mo mfenaa ne nkoa, na wagye mo anantwie papa ne mo mfunumu de wɔn ayɛ nʼadwuma. Ɔbɛgye mo nnwan mu nkyɛmu edu mu baako na moayɛ nʼasomfoɔ. Sɛ ɛda no duru a, mobɛsrɛ ahomegyeɛ afiri saa ɔhene a morepɛ no no nkyɛn, nanso Awurade remmoa mo.”
Nanso, ɔmanfoɔ no antie Samuel kɔkɔbɔ no. Asɛm a wɔkaeɛ ara ne sɛ, “Sɛ ɛte sɛn koraa a, yɛpɛ ɔhene. Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ aman a wɔatwa yɛn ho ahyia no. Yɛn ɔhene bɛdi yɛn so, na wadi yɛn anim akɔ ɔko.”
Enti, Samuel kaa asɛm a nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ Awurade, na Awurade buaa sɛ, “Yɛ deɛ wɔreka no ma wɔn, na ma wɔn ɔhene.” Afei, Samuel penee so, na ɔmaa obiara kɔɔ ne kurom.
Samuel Hyia Saulo
Ɔbarima ɔdefoɔ bi a ɔdi mu tenaa ase a na ne din de Kis na ɔfiri Benyamin abusuakuo mu. Na ɔyɛ Abiel babarima, na ne nana ne Seror a ɔfiri Bekorat fie ne Afia abusua mu. Na ne babarima Saulo ho yɛ fɛ yie sene obiara wɔ Israel. Na ɔware sene obiara firi nʼabati kɔsi ne tiri so wɔ asase no so.
Ɛda bi Kis mfunumu yeraeɛ, na ɔka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Fa asomfoɔ no mu baako, na wone no nkɔhwehwɛ mfunumu no.” Enti, Saulo faa asomfoɔ no mu baako. Wɔkɔfaa Efraim bepɔ asase, Salisa asase, Saalim fam ne Benyamin asase nyinaa so, nanso wɔanhunu mfunumu no baabiara.
Na wɔduruu Suf mansini mu no, Saulo ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ a ɔka ne ho no sɛ, “Bra, ma yɛnsane nkɔ baabi a yɛfiri baeɛ, na ebia, mʼagya agyae mfunumu no ho dwene, ɛredwene yɛn ho mmom.”
Nanso, ɔsomfoɔ no buaa sɛ, “Manya adwene bi, Onyame onipa bi te kuro yi mu a wɔbu no yie. Na asɛm biara a ɔbɛka nso ba mu. Ma yɛnkɔ ne hɔ seesei ara, ebia ɔbɛtumi akyerɛ yɛn baabi a ɛsɛ sɛ yɛfa.”
Saulo buaa no sɛ, “Yɛnni hwee a yɛbɛtumi de akyɛ saa ɔbarima no, yɛn nnuane mpo asa, yɛnni biribiara a yɛde bɛma no.”
Ɔsomfoɔ no buaa no bio sɛ, “Hwɛ! Mewɔ dwetɛ gram mmiɛnsa. Yɛbɛtumi de ama no, na yɛahwɛ deɛ ɛbɛsie.” (Saa ɛberɛ no, sɛ nnipa rekɔbisa Onyankopɔn hɔ adeɛ a, wɔka sɛ, “Momma yɛnkɔbisa ademuhununi” ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na wɔfrɛ adiyifoɔ ademuhunufoɔ.)
Saulo penee so ka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ no sɛ, “Ɛyɛ, ma yɛnsɔ nhwɛ!” Enti, wɔsii mu kɔɔ kuro a Onyame onipa wɔ mu no so.
Wɔreforo bepɔ bi akɔ kuro no mu no, wɔhyiaa mmabaawa bi a wɔrekɔsa nsuo. Enti, Saulo ne ne ɔsomfoɔ no bisaa wɔn sɛ “Ademuhununi no wɔ ha ɛnnɛ?”
Wɔbuaa sɛ, “Aane. Momfa ɛkwan yi so tee, na mobɛhunu sɛ ɔte kuro no apono ano hɔ. Ɔrebɛduru ha ara nie, na ɔno nso rebɛbɔ ɔmanfoɔ afɔdeɛ no bi wɔ bepɔ no so hɔ. Monka mo ho nkɔto no, ansa na waforo akɔ bepɔ no so akɔdidi. Nnipa no mfiri aseɛ nnidi kɔsi sɛ ɔbɛhyira aduane no so.”
Enti, wɔkɔɔ kuro no mu. Na wɔrewura apono no mu no, na Samuel ani kyerɛ wɔn so a ɔrekɔforo bepɔ no. Na Awurade aka akyerɛ Samuel, ɛda a atwam no sɛ, “Ɔkyena sɛsɛɛ, mɛsoma obi afiri Benyamin asase so. Sra no ngo, na ɔmmɛyɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ kannifoɔ. Ɔbɛgye wɔn afiri Filistifoɔ nsam. Mede ahummɔborɔ ahwɛ me nkurɔfoɔ, na mate wɔn sufrɛ.”
Ɛberɛ a Samuel hunuu Saulo ara pɛ, Awurade kaa sɛ, “Yei ne ɔbarima a mekaa ne ho asɛm kyerɛɛ wo no. Ɔno na ɔbɛdi me nkurɔfoɔ so no.”
Ɛhɔ ara, Saulo kɔɔ Samuel nkyɛn wɔ abɔntenpono no ano kɔbisaa no sɛ, “Wobɛtumi akyerɛ me baabi a ademuhununi no fie wɔ anaa?”
Samuel buaa sɛ, “Mene adehunumuni no. Di mʼanim ɛkan wɔ bepɔ no so, kɔ baabi a wɔbɔ afɔdeɛ hɔ, na yɛn nyinaa bɛdidi wɔ hɔ. Anɔpa, mɛkyerɛ wo deɛ wopɛ sɛ wohunu, na magya wo ɛkwan. Na mfunumu a wɔyeraeɛ nnansa ne ɛnnɛ no, mma wɔn ho asɛm nha wo koraa, ɛfiri sɛ, wɔahunu wɔn. Na mepɛ sɛ meka kyerɛ wo sɛ, Israel anidasoɔ nyinaa yɛ wo ne wo fiefoɔ.”
Saulo buaa sɛ, “Mefiri Benyamin a ɛyɛ abusua ketewa koraa wɔ mmusuakuo no mu. Na me fie nso yɛ ketewa koraa wɔ Benyamin mmusua no nyinaa mu. Na adɛn enti na woka yei kyerɛ me?”
Enti, Samuel de Saulo ne ne ɔsomfoɔ no baa asa so hɔ. Ɔmaa wɔtenaa wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no ɛpono ti, de hyɛɛ wɔn animuonyam wɔ nnipa dodoɔ bɛyɛ sɛ aduasa no anim. Samuel ka kyerɛɛ osoodoni no sɛ, “Fa ɛnam sini a mede maa wo no bra, deɛ wɔde asie ama deɛ wɔrehyɛ no animuonyam no.”
Enti, osoodoni no de ba bɛtoo Saulo anim. Samuel kaa sɛ, “Di deɛ wɔde asi wʼanim no. Mede sie maa wo ansa na mereto nsa afrɛ afoforɔ yi.” Enti Saulo ne Samuel didiiɛ.
Apontoɔ no akyi a wɔsane baa kuro no mu no, Samuel de Saulo kɔɔ atifi dan mu kɔsiesie daberɛ maa no. Adeɛ kyee anɔpa no, Samuel kɔɔ Saulo nkyɛn kɔfrɛɛ no sɛ, “Sɔre! Anka ɛsɛ sɛ saa ɛberɛ yi wonam ɛkwan so.” Enti, Saulo siesiee ne ho na ɔne Samuel nyinaa bɔɔ mu firii efie hɔ. Wɔduruu kurotia no, Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ ɔnsoma ne ɔsomfoɔ no nni wɔn ɛkan. Ɔsomfoɔ no kɔeɛ no, Samuel kaa sɛ, “Tena ha, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de nkra sononko bi ama me a, ɛsɛ sɛ meka kyerɛ wo.”
Samuel Sra Saulo Ngo
Afei, Samuel faa ngotoa a ngo wɔ mu hwie guu Saulo tirim, fee nʼafono ho, kaa sɛ, “Mereyɛ yei de akyerɛ sɛ Awurade apa wo sɛ ɔkannifoɔ ama ne ɔman Israel. Sɛ wogya me ha ɛnnɛ na worekɔ a, wobɛhyia mmarima baanu wɔ baabi a ɛbɛn Rahel ɛda a ɛwɔ Selsa a ɛbɛn Benyamin hyeɛ no. Wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Mfunumu a motuu ho anammɔn kɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn. Enti, seesei, wʼagya agyae wɔn ho dwene, na mmom, mo ho na ɔredwene. Ɔtaa bisa sɛ, “Obi ahunu me babarima no anaa?” ’
“Moduru dua kɛseɛ bi a ɛsi Tabor ho a mobɛhyia mmarima baasa bi a wɔfiri Bet-El rekɔ akɔsom Onyankopɔn. Ɔbaako so mmirekyie mma mmiɛnsa, ɔbaako nso so burodo mua mmiɛnsa ɛnna deɛ ɔka ho no nso so nsã aboa nwoma kotokuo baako. Wɔbɛkyea mo, na wɔama mo burodo mua mmienu, na ɛsɛ sɛ mogye firi wɔn nkyɛn.
“Na sɛ moduru Onyankopɔn kokoɔ a ɛwɔ Gibea a Filistifoɔ akodɔm abɔ kyɛmpem wɔ hɔ no a, mobɛhunu adiyifoɔ asafodɔm sɛ wɔfiri afɔrebukyia a ɛwɔ bepɔ no so hɔ resiane ba. Ɛhɔ na mobɛhyia adiyifoɔ asafo a wɔresiane firi bepɔ no so hɔ reba na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne nsankuo di wɔn anim a wɔrehyɛ nkɔm. Saa ɛberɛ no, Awurade Honhom bɛba wo so wɔ tumi mu, na wo ne wɔn bɛhyɛ nkɔm. Wobɛsakyera ayɛ onipa foforɔ. Saa nsɛnkyerɛnneɛ yi akyi no, yɛ deɛ wogye di sɛ ɛyɛ biara, na Onyankopɔn bɛka wo ho. Afei, siane di mʼanim kɔ Gilgal10.8 Kronkronbea a ɛdi ɛkan a wɔsii no Kanaan no, wɔtoo ne fapem wɔ Gilgal ([Yos 4.19-24]). na kɔtwɛn me wɔ hɔ nnanson. Mɛba abɛka wo ho wɔ hɔ, na yɛabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na sɛ meduru hɔ a, mɛkyerɛ wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ bio.”
Samuel Nsɛnkyerɛnneɛ Ba Mu
Saulo danee ne ho pɛɛ sɛ ɔkɔ ara pɛ, Onyankopɔn sesaa nʼakoma, na Samuel nsɛnkyerɛnneɛ nyinaa baa mu da no. Ɛberɛ a Saulo ne ne ɔsomfoɔ no duruu Gibea no, wɔhunuu sɛ adiyifoɔ no reba. Afei Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso hyɛɛ aseɛ hyɛɛ nkɔm. Ɛberɛ a ne nnamfonom tee saa asɛm yi no, wɔteaam sɛ, “Asɛm bɛn na moreka yi? Saulo nso abɛyɛ nkɔmhyɛni? Ɛyɛɛ dɛn na Kis babarima tumi bɛyɛɛ nkɔmhyɛni?”
Nanso, ɛhɔni bi kaa sɛ, “Sɛdeɛ nʼagya te deɛ, ɛmfa ho; obiara tumi bɛyɛ nkɔmhyɛni.” Enti, ɛbɛyɛɛ sɛnnahɔ sɛ, “Enti, Saulo nso abɛyɛ nkɔmhyɛni?” Saulo gyaee nkɔmhyɛ no, ɔforo bepɔ no kɔɔ afɔrebukyia no so.
Ɔduruu hɔ no, Saulo wɔfa bisaa no sɛ, “Ɛhefa na wokɔeɛ a dadaada yɛnhunuu wo yi?”
Saulo buaa sɛ, “Yɛkɔhwehwɛɛ mfunumu a wɔayera no, nanso yɛanhunu wɔn. Ɛno enti, yɛkɔɔ odiyifoɔ Samuel nkyɛn kɔbisaa no baabi a wɔwɔ.”
Ne wɔfa no bisaa sɛ, “Saa? Na asɛm bɛn na ɔkaeɛ?”
Saulo buaa sɛ, “Ɔkaa sɛ, wɔahunu mfunumu no.” Nanso, Saulo anka ankyerɛ ne wɔfa no sɛ Samuel asra no ngo sɛ wɔbɛsi no ɔhene.
Samuel frɛɛ Israelfoɔ nyinaa baa Awurade anim wɔ Mispa,10.17 Mispa na na wɔtaa hyia ma ɔmanfoɔ dwendwene wɔn nsɛnhia ho ([Ate 20.1]; [21.1]). na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie, ‘Mede Israelfoɔ firi Misraim baeɛ, na megyee mo firii Misraim tumi ne wɔn a wɔdi mo nya no nyinaa ase.’ Nanso, ɛwom sɛ mayɛ bebree ama mo deɛ, nso moapo me aka sɛ, ‘Yɛpɛ ɔhene.’ Enti, afei, momfa mo mmusuakuo ne mo mmusua mmra Awurade anim.”
Samuel maa Israel mmusuakuo nyinaa baeɛ no, Benyamin abusuakuo na wɔyii wɔn. Afei ɔmaa Benyamin abusuakuo no mu mmusua nyinaa baa Awurade anim na wɔyii Matri abusua, ɛnna awieeɛ no wɔyii Kis babarima Saulo. Na wɔhwehwɛɛ no no, na wɔnhunu baabi a wafa. Enti, wɔbisaa Awurade sɛ, “Na ɔwɔ he?”
Na Awurade buaa sɛ, “Aane, ɔde ne ho ahinta nneɛma mu.”
Enti, wɔtuu mmirika kɔfaa no baeɛ. Na ɔbɛgyinaa nnipa no mu no na ne tenten bunkam fa obiara so. Samuel ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Ɔbarima a Awurade apa no sɛ mo ɔhene nie. Obiara nni Israel ha a ɔne no sɛ.”
Afei, nnipa no nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Ɔhene nkwa so!”
Samuel kyerɛkyerɛɛ mmara a ɛbata saa ahennie no ho kyerɛɛ nnipa no. Ɔtwerɛ guu nwoma mmobɔeɛ so, de kɔtoo Awurade anim. Afei, Samuel gyaa ɔmanfoɔ no kwan ma wɔkɔɔ wɔn afie.
Saulo nso kɔɔ ne fie wɔ Gibea na nnipakuo bi a Onyankopɔn aka wɔn akoma de wɔn ho bɛbɔɔ no. Nanso, amumuyɛfoɔ bi kaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi agye yɛn?” Wɔsopaa no a wɔammrɛ no akyɛdeɛ biara. Nanso Saulo ammua wɔn.
Saulo Di Amonfoɔ So Nkonim
Ɛbɛyɛ bosome akyi, Amonhene Nahas dii nʼakodɔm anim bɛtoaa Israel kuropɔn Yabes Gilead. Na Yabesman mma bisaa asomdwoeɛ. Wɔsrɛɛ sɛ, “Momma yɛne mo nyɛ apam, na yɛbɛyɛ mo asomfoɔ.”
Nahas kaa sɛ, “Ɛyɛ, na adeɛ baako pɛ na ɛsɛ sɛ mopene so. Ɛne sɛ, mɛtu obiara ani nifa baako de agu Israel nyinaa anim ase.”
Na Yabes mpanin no buaa sɛ, “Ma yɛn nnanson, na yɛmfa nsoma abɔfoɔ mfa Israel nyinaa, na sɛ yɛn abusuafoɔ amma ammɛgye yɛn deɛ a, yɛbɛpene wo nhyehyɛeɛ no so.”
Abɔfoɔ no bɛduruu Gibea a ɛyɛ Saulo kurom, bɛkaa asɛm a ato wɔn no kyerɛɛ ɔmanfoɔ maa wɔn nyinaa suiɛ. Saa ɛberɛ no, na Saulo refuntum nʼafuo. Na ɔbaa efie no, ɔbisaa sɛ, “Ɛdeɛn asɛm na asie? Adɛn enti na nisuo abu obiara kɔn yi?” Enti, wɔbɔɔ asɛm a ɛfiri Yabes hɔ aba no ho amanneɛ.
Onyankopɔn honhom bɛsii Saulo so dendeenden. Na ne bo fuu yie. Ɔfaa anantwie mmienu, twitwaa wɔn asinasini, na wɔmaa abɔfoɔ no soa kyinii Israel nyinaa, de saa nkratoɔ yi kaa ho sɛ, “Obiara a wanni Saulo ne Samuel akyi ankɔ ɔko no, saa ara na ne nantwie bɛyɛ!” Na Awurade maa nnipa no suroo Saulo abufuo no. Enti, wɔn nyinaa bɛboaa wɔn ho ano. Ɛberɛ a Saulo boaa wɔn ano wɔ Besek a ɔkan wɔn no, na Israel mmarima dodoɔ yɛ ɔpehasa ne Yudafoɔ a wɔn dodoɔ yɛ ɔpeduasa.
Enti, Saulo somaa abɔfoɔ no ma wɔsane wɔn akyi kɔɔ Yabes Gilead kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɔkyena awia prɛmtoberɛ mu, yɛbɛyi mo afiri mo ahokyere no mu.” Abɔfoɔ no duruu kuro no mu no, anigyeɛ bunkam faa hɔ. Na Yabes mmarima ka kyerɛɛ wɔn atamfoɔ no sɛ, “Ɔkyena yɛbɛba mo so, na deɛ mopɛ no, monyɛ yɛn.”
Nanso, ansa na adeɛ rebɛkye no, na Saulo aduru hɔ dada. Ɔkyekyɛɛ nʼakodɔm no mu akuo mmiɛnsa. Ɔto hyɛɛ Amonfoɔ no so mpofirim, kunkumm wɔn anɔpa mu no nyinaa. Wɔn akodɔm nkaeɛ no bɔ hwetee baabiara a obi mpo nhunu sɛ wɔn mu baanu bi gyina baabi.
Afei, nnipa no teaam frɛɛ Samuel sɛ, “Nnipa a wɔka sɛ ɛnsɛ sɛ Saulo di yɛn so ɔhene no wɔ he? Momfa wɔn mmra na yɛnkum wɔn.”
Nanso, Saulo buaa sɛ, “Wɔrenkum obiara ɛnnɛ, ɛfiri sɛ, Awurade agye Israel ɛnnɛ.”
Na Samuel ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Mommra na yɛn nyinaa nkɔ Gilgal nkɔsi Saulo ahennie no so dua.” Enti, wɔn nyinaa kɔɔ Gilgal, na wɔhyɛɛ Saulo sahenekyɛ wɔ Awurade anim. Na wɔbɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ maa Awurade, na Saulo ne Israelfoɔ nyinaa ani gyeeɛ.
Samuel Nkradie
Afei, Samuel kasa kyerɛɛ ɔman no bio sɛ, “Deɛ mopɛɛ sɛ meyɛ no mayɛ, mama mo ɔhene. Matwa me mmammarima ho ayi no, na megyina ha sɛ akɔkoraa tidwono. Masom sɛ mo ɔkannifoɔ firi me mmɔfraase. Afei, monka nkyerɛ me, ɛberɛ a megyina Awurade ne deɛ wɔasra no wɔ ne din mu anim yi, hwan nantwie anaa nʼafunumu na mawia? Masisi mo mu bi pɛn anaa? Madi mo nya pɛn anaa? Magye adanmudeɛ bi pɛn anaa? Sɛ mayɛ bɔne bi a, monka nkyerɛ me, na mɛtenetene deɛ manyɛ no yie.”
Wɔbuaa sɛ, “Dabi, wonsisii yɛn, na wonnii yɛn nya ɛkwan biara so, na wonnyee adanmudeɛ fua pɛ mpo.”
Samuel kaa sɛ, “Awurade ne ne onipa a wɔasra no no yɛ mʼadansefoɔ sɛ morentumi nka sɛ mabɔ mo korɔno.”
Wɔn nyinaa kaa sɛ, “Ampa ara, ɛyɛ nokorɛ!”
Samuel toaa so sɛ, “Ɛyɛ Awurade na ɔyii Mose ne Aaron. Ɔno na ɔyii mo agyanom firii Misraim asase so. Seesei, monnyina ha dinn wɔ Awurade anim ɛberɛ a megu so rekaakae mo nneɛma akɛseɛ a Awurade ayɛ ama mo ne mo agyanom no.
“Ɛberɛ a na Israelfoɔ wɔ Misraim na wɔsu frɛɛ Awurade no, ɔsomaa Mose ne Aaron sɛ, wɔnnyi wɔn mfiri Misraim, na wɔmfa wɔn mmra saa asase yi so.
“Nanso, ankyɛre biara na nnipa no werɛ firii Awurade, wɔn Onyankopɔn, enti ɔmaa Sisera a ɔyɛ Hasor akodɔm sahene no ne Filistifoɔ ne Moabhene dii wɔn so. Afei, wɔsu frɛɛ Awurade bio, na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne sɛ yɛatwe yɛn ho afiri Awurade ho, na yɛresom ahoni Baalim ne Astoret. Na sɛ wogye yɛn firi yɛn atamfoɔ nsam a, yɛbɛsom wo, na wo nko ara na yɛbɛsom.’ Na Awurade somaa Yerub-Baal, Barak, Yefta ne Samuel, na ɔgyee mo firii mo atamfoɔ nsam na mobɛtenaa asomdwoeɛ mu.
“Nanso, mosuroo Amonfoɔ ɔhene Nahas enti, moka kyerɛɛ me sɛ, ‘Dabi, yɛrepɛ ɔhene ama wadi yɛn so’—nanso na Awurade mo Onyankopɔn yɛ mo so ɔhene. Afei, mo ɔhene a moayi no nie; deɛ mobisaeɛ no. Hwɛ, Awurade ayɛ mo apɛdeɛ ama mo. Sɛ mosuro Awurade, na mosom no, tie nʼasɛm, na sɛ moammu ne mmara so, na mo ne mo ɔhene a ɔdi mo so no nyinaa di Awurade, mo Onyankopɔn akyi a, biribiara bɛyɛ yie. Na sɛ moantie Awurade, na motia ne mmara a, ne nsa bɛyɛ duru wɔ mo so sɛdeɛ ɛyɛɛ mo agyanom so no.
“Enti afei, monnyina hɔ dinn, na monhwɛ ade kɛseɛ a Awurade rebɛyɛ. Monim sɛ saa ɛberɛ yi a ɛyɛ ayuotwaberɛ yi, osuo nntɔ. Mɛma Awurade adwa aprannaa na ama osuo atɔ. Afei mobɛhunu bɔne a moyɛeɛ sɛ mobisaa ɔhene no.”
Ɛhɔ ara Samuel frɛɛ Awurade, na ɛda no ara, Awurade dwaa aprannaa, tɔɔ osuo. Nnipa no nyinaa suroo Awurade ne Samuel. Nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Bɔ Awurade, wo Onyankopɔn, mpaeɛ ma wʼasomfoɔ sɛdeɛ yɛrenwuo, na yɛrenyɛ bɔne nka yɛn bɔne ahodoɔ nyinaa ho sɛ yɛabisa ɔhene.”
Samuel buaa sɛ, “Monnsuro. Moayɛ saa bɔne yi nyinaa bi deɛ, nanso monnnane mo ani mfiri Awurade so, na momfa mo akoma nyinaa nsom Awurade. Monnsane nkɔdi ahoni huhuo a wɔrenyɛ mo papa biara, na wɔrentumi nnye mo nkwa no akyi, ɛfiri sɛ, wɔn ho nni mfasoɔ. Esiane ne din kɛseɛ no enti, Awurade rempo ne nkurɔfoɔ. Awurade afa mo sɛ nʼankasa nʼadeɛ. Na me deɛ, merenyɛ bɔne ntia Awurade sɛ meremmɔ mpaeɛ mma mo. Na mɛkɔ so akyerɛ mo papa ne bɔne. Nanso, monhwɛ sɛ mobɛsuro Awurade na moasom no nokorɛm. Na sɛ mokɔ so yɛ bɔne a, wɔbɛsɛe mo ne mo ɔhene nyinaa.”
Israel Ne Filistia Akodie
Ɛberɛ a Saulo dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduasa. Na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduanan mmienu.
Saulo yii akodɔm sononko bi a wɔn dodoɔ yɛ mpensa firii Israel, na ɔmaa nkaeɛ no kɔɔ efie. Ɔfaa akodɔm no mu mpenu kaa ne ho, de wɔn kɔɔ Mikmas ne bepɔ nsase a ɛwɔ Bet-El no so. Akodɔm apem a aka no kaa Saulo babarima Yonatan ho kɔɔ Gibea wɔ Benyamin asase so.
Yei akyi no, ankyɛre, Yonatan kɔtuaa Filistifoɔ asraafoɔ no dii wɔn so wɔ Geba. Asɛm no trɛɛ ntɛm so wɔ Filistifoɔ no mu. Enti Saulo hyɛn torobɛnto wɔ Israel nyinaa sɛ, “Hebrifoɔ, monsɔre!” Israelfoɔ nyinaa tee sɛ Saulo atɔre Filistifoɔ asraafoɔ a wɔwɔ Geba no ase, na ne saa enti, Israelfoɔ ho ayɛ Filistifoɔ no ahi. Enti, Israel akodɔm no nyinaa boaa wɔn ho ano bio hyiaa Saulo wɔ Gilgal.
Filistifoɔ boaboaa asraadɔm kɛseɛ pa ara ano a wɔkura nteaseɛnam mpensa, apɔnkɔsotefoɔ mpem nsia ne akodɔm a wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea ano. Wɔkyeree sraban wɔ Mikmas wɔ Bet-Awen apueeɛ fam. Ɛberɛ a Israel mmarima no hunuu atamfoɔ no akodɔm mpempem no, wɔn ho dwodwoeɛ enti, wɔyɛɛ sɛ wɔbɛkɔ akɔsuma wɔn ho wɔ abodan, mmena, abotan, aboda ne nsukoraeɛ mu. Ebinom twaa Asubɔnten Yordan dwane kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Saa ɛberɛ no, na Saulo wɔ Gilgal a ne mmarima a wɔka ne ho no wɔ ahopopoɔ ne suro mu. Ɔdii nnanson wɔ hɔ sɛdeɛ Samuel hyɛɛ no sɛ ɔnni no; nanso, Samuel deɛ, wamma Gilgal, na Saulo hunuu sɛ mmarima no rebɔ pete. Enti, ɔhyɛɛ sɛ, “Momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no mmrɛ me.” Na Saulo ankasa bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no. Ɔrewie afɔdeɛ no bɔ ara pɛ, na Samuel kɔduruu hɔ. Enti, Saulo pue kɔhyiaa no maa no akwaaba.
Samuel bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yi?”
Saulo buaa sɛ, “Mehunuu sɛ mmarima no rehwete, na womma no, na Filistifoɔ no nso reboa wɔn ho ano wɔ Mikmas no, medwenee sɛ, ‘Afei deɛ, Filistifoɔ no bɛsiane abɛtoa me wɔ Gilgal, nanso memmisaa Awurade nkyɛn adom.’ Enti, metee nka sɛ, ɛsɛ sɛ mebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ansa na woaba.” Na Samuel kaa sɛ, “Woadi nkwaseasɛm. Woanni mmara a Awurade, wo Onyankopɔn, hyɛɛ wo no so. Sɛ wodii so a, anka ɔbɛtim wʼahennie ase wɔ Israel afebɔɔ. Na seesei, wʼahennie no rentim. Awurade apɛ ɔbarima bi a ɔyɛ nʼakoma apɛdeɛ na wɔayi no sɛ ne nkurɔfoɔ ɔkannifoɔ, ɛfiri sɛ, woanni Awurade mmara no so.”
Na Samuel firii Gilgal kɔɔ ne baabi na akodɔm no nkaeɛ no ne Saulo kɔhyiaa atamfoɔ no. Wɔfiri Gilgal kɔɔ Gibea a ɛwɔ Benyamin asase so. Saulo kanee mmarima a na wɔka ne ho no, na wɔn ano si aha nsia. Na Saulo ne ne babarima Yonatan ne mmarima a ɛka ne ho no te Geba a ɛbɛn Gibea wɔ Benyamin asase so. Saa ɛberɛ no na Filistifoɔ no akyere sraban wɔ Mikmas. Ntohyɛsofoɔ akuo mmiɛnsa firii Filistifoɔ sraban mu. Ekuo baako de nʼani kyerɛɛ Ofra ɛkwan so, kɔɔ Sual mpɔtam hɔ. Afoforɔ faa Bet-Horon kwan so ɛnna wɔn a wɔka ho nso faa ɛhyeɛ a ɛkyerɛ Seboim bɔnhwa no kwan so, kɔɔ ɛserɛ so fam.
Saa ɛberɛ no, na ɔtomfoɔ biara nni Israel asase no so baabiara. Filistifoɔ no amma atomfoɔ no kwan, ɛfiri sɛ, wosusuu sɛ atomfoɔ no bɛbɔ akofena ne mpea ama Hebrifoɔ no. Enti, na Israelfoɔ no nyinaa kɔ Filistifoɔ nkyɛn kɔse wɔn funtum nnadeɛ, nsɔ, nkuma ne dɔtetuo nnadeɛ ano. (Na wɔgye funtum nnadeɛ ne asosɔ a wɔse no biara ho dwetɛ gram nwɔtwe, na sɛ wɔse mmonnua anaa nnadeɛ a, wogye dwetɛ gram ɛnan.) Ɛno enti na Israelfoɔ no mu biara nni akofena anaa pea, gye sɛ Saulo ne Yonatan.
Saa ɛberɛ no mu, na Filistifoɔ asraafoɔ no fa bi akɔ akɔfa tempɔn a ɛda Mikmas no.
Yonatan Akokoɔdurusɛm
Ɛda bi, Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔsoa nʼakodeɛ sɛ, “Bra na yɛnkɔ baabi a Filistifoɔ abɔ dɔmpem hɔ.” Yonatan anka nʼadwene ankyerɛ nʼagya. Saa ɛberɛ no na Saulo ne ne mmarima ahansia no akyere sraban wɔ Gibea nkwantia wɔ ateaa dua a ɛwɔ Migron no ase. (Onipa a na ɔka Saulo mmarima no ho no ne Ahiya a ɔyɛ Awurade ɔsɔfoɔ a na ɔhyɛ serekye asɔfotadeɛ no. Na Ahiya yɛ Ahitub babarima a ɔyɛ Ikabod nua. Na saa Ahitub no nso yɛ Pinehas babarima a na ɔyɛ Eli nana nso. Na Eli yɛ Awurade ɔsɔfoɔ a na ɔsom wɔ Silo.) Na obiara nnim sɛ Yonatan afiri Israel sraban mu.
Ansa na Yonatan bɛduru Filistifoɔ sraban mu no, na ɛsɛ sɛ ɔsiane fa abotan mmepɔ mmienu bi a wɔfrɛ no Boses ne Sene no ntam. Ɔbotan a ɛtwere hɔ a na ɛwɔ atifi fam no, na ɛkyerɛ Mikmas anim, na deɛ ɛwɔ anafoɔ fam no nso, na ɛkyerɛ Geba anim.
Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔyɛ nʼakodeɛsoafoɔ no sɛ, “Ma yɛntwam nkɔ abosonsomfoɔ no nkyɛn. Ebia, Awurade bɛboa yɛn, ɛfiri sɛ, biribiara ntumi nsi Awurade kwan. Ɔbɛtumi adi ɔko mu nkonim a ɛmfa ho sɛ nʼakodɔm dɔɔso anaa wɔsua.”
Aberanteɛ no kaa sɛ, “Yɛ deɛ wogye di sɛ ɛyɛ biara. Gyinaeɛ biara a wobɛsie no, metaa wʼakyi pintinn.”
Yonatan kaa sɛ, “Ɛyɛ, yɛbɛtwam akɔ hɔ, na yɛama wɔahunu yɛn. Na sɛ wɔka sɛ, ‘Monnyina baabi a moaduru hɔ ara na anyɛ saa a, yɛbɛkum mo’ a, ɛnneɛ, yɛbɛgyina a yɛrenkɔ wɔn nkyɛn. Na sɛ wɔka sɛ, ‘Momforo mmra mmɛko’ a, ɛnneɛ, yɛbɛforo akɔ ɔsoro. Ɛbɛyɛ Awurade nsɛnkyerɛnneɛ sɛ ɔbɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim.” Ɛberɛ a Filistifoɔ no hunuu sɛ wɔreba no, wɔteam sɛ, “Monhwɛ o! Hebrifoɔ no na wɔreweawea afiri wɔn abɔn mu no!”
Na wɔteam frɛɛ Yonatan sɛ, “Foro bra ha na yɛnkyerɛ wo nyansa!” Yonatan ka kyerɛɛ nʼakodeɛsoafoɔ no sɛ, “Bra; foro di mʼakyi na Awurade bɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim.”
Enti, wɔde wɔn nsa mmienu ne wɔn nan foroeɛ, na Yonatan ne nʼakodeɛsoafoɔ no kunkumm Filistifoɔ no benkum ne nifa, ma wɔtete kɔguiɛ. Wɔkunkumm mmarima bɛyɛ aduonu maa wɔn amu no dedaa asase no bɛyɛ sɛ eka fa so. Ɛhɔ ara, ehu bɔɔ Filistifoɔ nsraadɔm no wɔ sraban no mu ne akono hɔ nyinaa, na ɛkaa ntohyɛsofoɔ no mpo. Ɛhɔ ara asase wosoeɛ, maa obiara akoma tuiɛ.
Israel Di Filistifoɔ So Nkonim
Saulo awɛmfoɔ a wɔwɔ Gibea no hunuu biribi a ɛyɛ wɔn nwanwa. Ɛno ara ne sɛ, Filistifoɔ akodɔm no abɔ ahwete mmaa nyinaa. Afei, Saulo ka kyerɛɛ mmarima a wɔka ne ho no sɛ, “Monhwɛ akodɔm no mu nhwɛ sɛ obi nni hɔ anaa.” Wɔhwehwɛeɛ hunuu sɛ Yonatan ne nʼakodeɛsoafoɔ no na na wɔnni hɔ.
Saulo ka kyerɛɛ Ahiya sɛ, “Kɔfa Onyankopɔn Apam Adaka no bra.” (Saa ɛberɛ no na ɛwɔ Israelfoɔ nkyɛn.) Ɛberɛ a Saulo rekasa akyerɛ ɔsɔfoɔ no, na basabasa a asi Filistifoɔ sraban no mu no ano den ara na ɛreyɛ. Enti, Saulo ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ no sɛ, “Gyae! Ma yɛnkɔ.”
Afei, Saulo ne ne mmarima ahansia no kaa wɔn ho ntɛm so, firii akono hɔ kɔhunuu sɛ, Filistifoɔ no atwa wɔn ho rekunkum wɔn ho wɔn ho. Na ɛhɔ nyinaa ayɛ kitikiti ne basabasayɛ nko ara. Mpo, Hebrifoɔ a na wɔdɔm Filistifoɔ akodɔm no kɔdɔm Saulo, Yonatan ne Israelfoɔ nkaeɛ no. Saa ara na mmarima a na wɔakɔtetɛ wɔ mmepɔ mu no hunuu sɛ Filistifoɔ no redwane no, kaa wɔn so bi. Enti, Awurade gyee Israel ɛda no. Na ɔko no kɔɔ so ara traa Bet-Awen.
Saulo Ntanhunu
Afei, saa ɛda no na Israelfoɔ no abrɛbrɛ, ɛfiri sɛ, na Saulo ama wɔaka ntam sɛ, “Nnome mmra obiara a ɔbɛdidi ansa na onwunu atɔ, anaasɛ ansa matɔ mʼatamfoɔ no so were.” Enti, obiara amfa hwee anka nʼano ɛda mu no nyinaa, ɛwom, wɔhunuu sɛ ɛwoɔ kyɛm da fam wɔ kwaeɛ no ase. Wɔamfa wɔn nsa ansɔ ɛwoɔ no mu mpo, ɛfiri sɛ, na wɔn nyinaa suro ntam a wɔaka no. Nanso, na Yonatan deɛ, ɔntee nʼagya ntam no ho hwee. Ɔde abaa bi nuu ɛwoɔ kyɛm no mu, dii ɛwoɔ no bi. Ɔdi wieeɛ no, ne ho baee no. Nanso, mmarima no mu baako hunuu no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wʼagya maa asraafoɔ no kaa ntam a emu yɛ den sɛ, obiara a ɔbɛdidi ɛnnɛ no, nnome bɛba ne so. Ɛno enti, na obiara ahodwo no.”
Na Yonatan teaam sɛ, “Mʼagya de ɔhaw abɛto yɛn nyinaa so. Mmara a ɛte seyie no pira yɛn. Monhwɛ sɛ ɛwoɔ kakra a mediiɛ yi, me ho asisi me ho so. Sɛ mmarima no nyaa ɛkwan dii nnuane a wɔhunuu wɔ yɛn atamfoɔ no nkyɛn a, anka mo ara mobɛhunu wɔn dodoɔ a yɛbɛkum aka ho.”
Nanso, ɛkɔm no nyinaa akyi, wɔtaa Filistifoɔ no ɛda mu no nyinaa firi Mikmas, kɔsii Ayalon. Na afei, wɔbrɛbrɛɛ mmoroso. Anwummerɛ no, wɔto guu asadeɛ no so, faa nnwan, anantwie ne anantwie mma. Wɔkunkumm wɔn, wee wɔn ɛnam ne wɔn mogya nyinaa fraeɛ. Afei, obi ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Hwɛ! Mmarima no reyɛ bɔne atia Awurade, ɛfiri sɛ, wɔrewe ɛnam a mogya fra mu.”
Na Saulo kaa sɛ, “Ɛyɛ bɔne pa ara. Mompire ɛboɔ kɛseɛ bi mmɛto ha. Na afei monkɔ mmarima no mu nkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Momfa anantwie no ne nnwan no mmra ha mmɛkum wɔn na monsɔne wɔn mogya mfiri wɔn mu. Monnnwe ɛnam a mogya da so wɔ mu mmfa so nnyɛ bɔne nntia Awurade.’ ”
Enti anadwo no, asraafoɔ no de wɔn anantwie baeɛ, bɛkunkumm wɔn wɔ hɔ. Na Saulo sii afɔrebukyia wɔ hɔ, de maa Awurade, deɛ ɛdi ɛkan a ɔsiiɛ.
Na Saulo kaa sɛ, “Momma yɛnkɔ Filistifoɔ no so anadwo yi, na yɛnkɔsɛe wɔn ara nkɔsi ahemadakye a yɛrennya wɔn mu baako koraa.” Na wɔbuaa sɛ, “Biribiara a wogye di sɛ ɛyɛ no, yɛbɛyɛ.”
Nanso, ɔsɔfoɔ no kaa sɛ, “Momma yɛnni ɛkan mmisa Awurade ansa.” Enti, Saulo bisaa Awurade sɛ, “Menkɔ so ntaa Filistifoɔ no? Na wobɛboa yɛn ama yɛadi wɔn so anaa?” Nanso, Awurade amma wɔn mmuaeɛ biara saa ɛda no.
Enti, Saulo ka kyerɛɛ ntuanofoɔ no sɛ, “Biribi atɔ kyima, enti mehwehwɛ mʼasahene nyinaa. Ɛsɛ sɛ yɛhunu bɔne a yɛayɛ ɛnnɛ. Mede Awurade a ɔyii Israel din ka ntam sɛ deɛ woayɛ bɔne no bɛwu, mpo sɛ ɔyɛ me babarima Yonatan!” Na mmarimma no mu baako mpo antumi anka hwee.
Afei, Saulo ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ, “Monnyina nohoa; me ne me babarima Yonatan nso bɛgyina ha.” Nnipa no penee so.
Enti, Saulo bɔɔ Awurade, Israel Onyankopɔn, mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade Israel Onyankopɔn, yɛsrɛ wo kyerɛ yɛn deɛ ɔdi fɔ ne deɛ ɔdi bem. Mene Yonatan di fɔ anaasɛ bɔne no wɔ nkurɔfoɔ no mu? Mfomsoɔ no bɛtɔɔ Yonatan ne Saulo so, na nnipa no dii bem.” Na Saulo kaa sɛ, “Mommɔ me ne me babarima Yonatan so ntonto.” Na ntonto no bɔɔ Yonatan sɛ ɔdi fɔ.
Saulo bisaa Yonatan sɛ, “Ka deɛ woayɛ kyerɛ me.”
Yonatan gye too mu sɛ, “Mede ɛwoɔ kakra kaa mʼano. Ɛyɛ kakra bi a na ɛwɔ abaa bi ti so. Na yei yɛ owuo asɛm?”
Saulo kaa sɛ, “Aane, Yonatan, ɛsɛ sɛ wowuo. Sɛ woanwu wɔ saa asɛm yi ho a, Onyankopɔn nka me na menwu.”
Ɛhɔ ara na nnipa no sɔre teaam ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Enti, ɛfata sɛ Yonatan a ɔgyee Israel ɛnnɛ no owuo anaa? Onyame mpa ngu. Ɛberɛ dodoɔ no a Awurade te aseɛ yi, ne tirinwi baako koraa ho nka, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn afa ne so ayɛ anwanwadeɛ ɛnnɛ.” Enti, nnipa no gyee Yonatan, na wɔankum no.
Na Saulo frɛɛ akodɔm no sɛ wɔnntaa Filistifoɔ no so bio. Enti, Filistifoɔ no sane kɔɔ efie.
Saulo Akodie Mu Nkonimdie
Saulo nyaa Israel ahennwa no so tenaeɛ a ɔhaw biara mma no, ɔko tiaa nʼatamfoɔ wɔ afanan nyinaa. Ɔko tiaa Moab, Amon, Edom Soba ne Filistifoɔ ahemfo. Na baabiara a ɔkɔeɛ no, ɔdii nkonim. Ɔkoo mmarima so, dii Amalekfoɔ so, gyee Israelfoɔ firii wɔn afomfafoɔ nyinaa nsam.
Na Saulo mmammarima ne Yonatan, Iswi ne Malki-Sua na ne mmammaa baanu nso ne Merab a ɔyɛ panin ne Mikal nso a ɔyɛ akumaa. Na Saulo yere din de Ahinoam a na ɔyɛ Ahimaas ba. Na ne sahene din de Abner a na ɔyɛ Saulo agya nua Ner babarima. Na Saulo agya Kis ne Abner agya Ner yɛ anuanom a wɔyɛ Abiel mma.
Ɛberɛ a Saulo dii adeɛ nyinaa, na Filistifoɔ taa ne Israelfoɔ di ako. Enti ɛberɛ biara a Saulo bɛhunu aberanteɛ biara a ne bo yɛ duru na ɔwɔ ahoɔden no, ɔtwe no de no fra nʼakodɔm mu.
Saulo Sɛe Amalekfoɔ
Ɛda koro bi Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Me na Awurade somaa me sɛ memmɛsra wo ngo sɛ Israel ɔhene. Afei tie nkra a ɛfiri Awurade nkyɛn no. Asɛm a Otumfoɔ Awurade seɛ nie, ‘Me ne Amalekfoɔ bɛdi wɔ deɛ wɔyɛ de tiaa Israelfoɔ ɛberɛ a na wɔfiri Misraim reba no. Enti, kɔ na kɔsɛe Amalek mantam no pasaa. Kunkum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne nnwan, nyoma ne mfunumu.’ ”
Enti, Saulo frɛɛ nʼakodɔm boaa wɔn ano wɔ Telaim. Na wɔn dodoɔ yɛ asraafoɔ ɔpehanu ne ɔpedu nso a wɔfiri Yuda. Saulo kɔɔ Amalek kuropɔn no mu, kɔtɛɛ bɔnhwa no mu. Na ɔtoo Kenifoɔ no nkra sɛ, “Momfiri deɛ Amalekfoɔ teɛ hɔ na mansɛe mo ne wɔn, ɛfiri sɛ, Israelfoɔ no firi Misraim reba no, mo ne wɔn dii no yie.” Enti, Kenifoɔ no twee wɔn ho firi Amalekfoɔ no ho.
Na Saulo kunkumm Amalekfoɔ no firii Hawila kɔsii Sur wɔ Misraim apueeɛ fam. Ɔkyeree Amalekfoɔ ɔhene Agag anikann, nanso ɔkunkumm nnipa no nyinaa. Na Saulo ne nʼakodɔm no anyɛ Agag bɔne biara, na mmom wɔfaa wɔn nnwan pa, anantwie pa ne anantwie ne nnwan mma a wɔadodɔre sradeɛ ne biribiara a wɔn ani gye ho. Wɔsɛee deɛ ɛho nni wɔn mfasoɔ na ɛnni mu nyinaa.
Awurade Po Saulo
Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Manu me ho sɛ masi Saulo ɔhene, ɛfiri sɛ, wanni me nokorɛ, na afei wayɛ nʼadwene sɛ ɔrentie mʼasɛm.” Asɛm no haa Samuel, na ɔsu frɛɛ Awurade anadwo mu no nyinaa.
Adeɛ kyee no, Samuel sɔree ntɛm kɔhyiaa Saulo, nanso obi ka kyerɛɛ no sɛ, “Saulo kɔɔ Karmel sɛ ɔrekɔsi nkaeɛdum de ahyɛ ne ho animuonyam, na ɔfirii hɔ kɔɔ Gilgal.”
Na Samuel hunuu no akyire no, Saulo kyeaa no anigyeɛ so sɛ, “Awurade nhyira wo. Madi Awurade ahyɛdeɛ no so.”
Samuel bisaa sɛ, “Na adɛn ne nnwan ne anantwie su a mete yi?”
Saulo gye too mu sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ sɛ akodɔm no amfa wɔn nsa anka nnwan pa ne anantwie pa no. Nanso, wɔde yei rebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade, wo Onyankopɔn. Biribiara a ɛka ho no deɛ, yɛasɛe no.”
Afei, Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Gyae! Tie asɛm a Awurade ka kyerɛɛ me anadwo a atwam yi.”
Saulo bisaa sɛ, “Ɛdeɛn asɛm?”
Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “Ebia wobu wo ho abomfiaa, nanso ɛnyɛ wo na wodii Israel mmusuakuo nyinaa so no? Awurade asra wo ngo sɛ ɔhene wɔ Israel so. Na ɔsomaa wo sɛ kɔdi dwuma bi ma no, na ɔsee wo sɛ, ‘Kɔ na kɔsɛe amumuyɛfoɔ a ɛyɛ Amalekfoɔ no pasapasa, kɔsi sɛ mobɛtɔre wɔn ase dworobɛɛ.’ Adɛn enti na woantie Awurade? Adɛn enti na mopere fom nneɛma, na moyɛɛ deɛ Awurade kaa sɛ monnyɛ?”
Saulo nso kaa no dendeenden sɛ, “Metiee Awurade. Deɛ ɔkyerɛɛ me sɛ menyɛ no, meyɛeɛ. Mede ɔhene Agag sane baeɛ. Na wɔn a aka no deɛ, mesɛee wɔn nyinaa. Na mʼakodɔm no nso de nnwan pa, anantwie pa ne asadeɛ baeɛ sɛ wɔde rebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade, wo Onyankopɔn wɔ Gilgal.”
Na Samuel buaa sɛ,
“Ɛdeɛn na ɛsɔ Awurade ani:
sɛ wobɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ
anaasɛ wobɛyɛ ɔsetie ama Awurade nne?
Osetie yɛ sene afɔrebɔ,
sɛ wobɛtie no no yɛ sene sɛ wode nnwennini akɛseɛ sradeɛ bɛma.
Adɔnyɛ te sɛ bayie,
ɛna asoɔden nso te sɛ ahonisom.
Esiane sɛ woapo Awurade asɛm no enti,
ɔno nso apo wʼahennie.”
Saulo Srɛ Bɔnefakyɛ
Na Saulo ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Mayɛ bɔne. Manni Awurade ahyɛdeɛ ne wo nkyerɛkyerɛ so. Na mesuro nnipa no enti na meyɛɛ wɔn apɛdeɛ maa wɔn no. Enti, mesrɛ wo, fa me bɔne kyɛ me na wo ne me nkɔsom Awurade.”
Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “Merensane ne wo nkɔ. Woapo Awurade ahyɛdeɛ enti Awurade nso apo wʼahennie!”
Samuel yɛɛ sɛ ɔrekɔ no, Saulo sɔɔ nʼatadeɛ mu pɛɛ sɛ ɔsane noɔ, na atadeɛ no mu suaneeɛ. Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ ɛfiri ɛnnɛ, Awurade ate Israel ahemman mu afiri wo ho de ama obi foforɔ a ɔyɛ sene wo. Deɛ ɔyɛ Israel Animuonyam no nni atorɔ na ɔnsesa nʼadwene; ɛfiri sɛ, ɔnnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.”
Saulo srɛɛ bio sɛ, “Menim sɛ mayɛ bɔne. Na mesrɛ wo sɛ, hyɛ me animuonyam wɔ me mpanimfoɔ ne me nkurɔfoɔ anim; wo ne me nkɔsom Awurade, wo Onyankopɔn.” Enti, Samuel pene ne Saulo sane kɔeɛ, na Saulo somm Awurade.
Samuel Kum Ɔhene Agag
Afei, Samuel kaa sɛ, “Fa ɔhene Agag brɛ me.”
Agag baa ne nkyɛn gyidie mu, susuu sɛ ɛhɔ a wakɔ no deɛ, owuo apare no.
Nanso, Samuel kaa sɛ,
“Sɛdeɛ wʼakofena akum mmaa bi mmammarima no,
wo nso wo maame bɛyɛ ɔbaa a ɔnni ba.”
Enti, Samuel twitwaa Agag mu nketenkete Awurade anim wɔ Gilgal.
Na Samuel firi hɔ kɔɔ Rama ɛna Saulo nso kɔɔ ne fie wɔ Gibea. Samuel anhyia Saulo bio nanso ɔdii ne ho yea bebree. Na ɛyɛɛ Awurade yea sɛ wasi Saulo ɔhene wɔ Israel so.
Samuel Sra Dawid Ngo
Awurade bisaa Samuel sɛ, “Woadi Saulo ho awerɛhoɔ sɛdeɛ ɛsɛ. Mapo no sɛ Israel ɔhene. Fa ngo gu wo toa mu, na tutu so kɔ Betlehem. Hwehwɛ obi a wɔfrɛ no Yisai na mayi ne mmammarima no mu baako sɛ ɔnyɛ me ɔhene foforɔ.”
Samuel bisaa sɛ, “Mɛyɛ dɛn ayɛ yei? Sɛ Saulo te a ɔbɛkum me.”
Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa nantwie ba ka wo ho, na ka sɛ, maba sɛ merebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade. To nsa frɛ Yisai na ɔmmra afɔrebɔ no, na mɛkyerɛ wo ne mmammarima no mu deɛ wobɛsra no ngo ama me.”
Samuel yɛɛ deɛ Awurade kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ɛberɛ a ɔduruu Betlehem no, ɛhɔ mpanimfoɔ no bɔɔ hu. Wɔbisaa no sɛ, “Wobaa no asomdwoeɛ mu anaa?”
Samuel buaa sɛ, “Aane, asomdwoeɛ mu. Merebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade. Monnwira mo ho, na mommɛka me ho na yɛmmɔ.” Enti, Samuel dwiraa Yisai ne ne mmammarima no na ɔtoo nsa frɛɛ wɔn afɔrebɔ no ase.
Wɔduruiɛ no, Samuel hunuu Eliab na ɔdwenee sɛ, “Ampa, deɛ Awurade asra noɔ no ni.”
Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Nhwɛ nʼahoɔfɛ ne ne tenten, ɛfiri sɛ, mapo no. Awurade nhwɛ nneɛma sɛdeɛ nnipa hwɛ no. Onipa hwɛ deɛ aniwa hunu, na Awurade deɛ, ɔhwɛ akoma mu.”
Na Yisai frɛɛ Abinadab maa ɔtwaam Samuel anim. Nanso, Samuel kaa sɛ, “Yei nyɛ deɛ Awurade ayi no.” Yisai maa Sama twaam, nanso Samuel kaa sɛ, “Saa ara na Awurade nyii yei.” Yisai maa ne mmammarima baason bɛfaa Samuel anim, na Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade nyii wɔn mu biara.” Enti, ɔbisaa Yisai sɛ, “Mmammarima a wowɔ nyinaa ni anaa?”
Yisai buaa sɛ, “Akumaa pa ara wɔ hɔ, nanso ɔrehwɛ nnwan.”
Samuel kaa sɛ, “Soma na wɔnkɔfa no mmra seesei. Sɛ ɔmmaeɛ a, yɛrentena ase nnidi.”
Enti, Yisai soma ma wɔkɔfaa no baeɛ. Na ɔyɛ bɔkɔɔ a ahoɔfɛ adware no na nʼani yɛ fɛ.
Awurade kaa sɛ, “Sɔre na sra no ngo. Ɔno nie.”
Enti, Samuel faa toa a ngo wɔ mu no sraa no wɔ ne nuanom anim. Na, ɛfiri saa ɛda no, Awurade honhom baa Dawid so wɔ tumi mu. Samuel kɔɔ Rama.
Dawid Som Wɔ Saulo Ahemfie
Saa ɛberɛ yi na Awurade honhom afiri Saulo so. Na Awurade maa ɔhaw honhom bɛhyɛɛ no ma. Ɛmaa ɔtenaa ase ehu ne suro mu.
Ɛbaa saa no, Saulo asomfoɔ no bi kyerɛɛ adwene bi sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ honhommɔne bi na ɛreha wo. Sɛ saa a, ɛnneɛ, momma yɛmpɛ sankubɔfoɔ papa bi, na sɛ honhom no ba bɛha wo a, wabɔ nnwom ama wo. Sankuo so nnwom bɛdwodwo wo. Na ɛrenkyɛre, wo ho bɛtɔ wo bio.”
Saulo kaa sɛ, “Ɛyɛ asɛm papa. Monhwehwɛ sankubɔni papa bi na momfa no mmra ha.”
Asomfoɔ no mu baako ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Yisai a ɔfiri Betlehem babarima baako nim sankuo bɔ yie. Ɛnyɛ ɛno nko. Ɔyɛ ɔkokoɔdurufoɔ hoɔdenfoɔ, na ɔyɛ ɔbadwemma nso. Ɔyɛ aberanteɛ a ne ho yɛ fɛ, na Awurade ka ne ho.”
Enti, Saulo tuu abɔfoɔ kɔɔ Yisai hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wo babarima Dawid a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ no brɛ me.” Yisai penee so de Dawid kɔmaa Saulo a abirekyie ba ne afunumu a wɔahyehyɛ aduane ne nsã wɔ ne so ka ho.
Enti, Dawid kɔɔ Saulo nkyɛn kɔsom no. Na Saulo pɛ Dawid asɛm yie, enti ɔbɛyɛɛ Saulo akodeɛkurafoɔ no mu baako. Na Saulo too Yisai nkra sɛ, “Mesrɛ wo, ma Dawid mmɛka mʼadwumayɛfoɔ ho, ɛfiri sɛ, mepɛ nʼasɛm yie.”
Na ɛberɛ biara a honhommɔne a ɛfiri Onyankopɔn bɛba Saulo so abɛha no no, Dawid bɔ sankuo no. Ɛba saa a, Saulo ho tɔ no, na honhommɔne no nso kɔ.
Dawid Kum Goliat
Afei, Filistifoɔ boaboaa wɔn akodɔm ano wɔ Soko a ɛwɔ Yuda sɛ wɔrebɛko. Wɔkyeree sraban wɔ Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-Damim. Saulo yɛɛ saa ara, boaboaa ne dɔm ano wɔ baabi a ɛbɛn Ela bɔnhwa. Filistifoɔ faa bepɔ baako, ɛna Israelfoɔ no nso faa baako a bɔnhwa no da wɔn ntam.
Ɔbarima tenten hoɔdenfoɔ bi a ne din de Goliat a ɔfiri Gat no pue firii Filistifoɔ no sraban mu baeɛ. Na ne tenten bɛboro anammɔn nkron. Na ɔhyɛ kɔbere kyɛ, hyɛ kɔbere akotaadeɛ a akodeɛ bobɔ mu, na emu duru yɛ dwetɛ kilogram aduonum nson. Na ne nan nso, kɔbere nkatanan kata ho ɛna kɔbere pea nso sɛn nʼakyi. Na ne pea ano dadeɛ no te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua mu tonton, na ano dadeɛ no kari dwetɛ bɛyɛ kilogram nson. Na ɛkyɛmkurani di nʼanim.
Goliat bɛgyinaa hɔ teaam guu Israelfoɔ no so sɛ, “Akodɔm yi nyinaa na morebɛko anaa? Monyi mo mu baako na ɔmmɛko mma mo, na me nso mɛsi Filistifoɔ anan mu. Yɛbɛko de awie asɛm no ka! Sɛ mo onipa no tumi kum me a, yɛbɛyɛ mo nkoa. Na sɛ mekum no a, mobɛyɛ yɛn nkoa.” Filistini no kaa sɛ, “Memmfa Israel akodɔm nyɛ hwee. Momma me ɔbarima a ɔne me bɛko.” Ɛberɛ a Saulo ne Israelfoɔ tee yei no wɔbɔɔ huboa na wɔn ho popoeɛ.
Yisai Soma Dawid Wɔ Saulo Sraban Mu
Na Dawid yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yisai a ɔyɛ Efratni na ɔfiri Betlehem wɔ Yuda asase so no babarima. Na Yisai wɔ mmammarima baawɔtwe, na Saulo berɛ so no, na wabɔ akɔkoraa a ne mfeɛ a wadi no kɔ anim yie. Na Yisai mmammarima mpanimfoɔ baasa na wɔdii Saulo akyi kɔɔ ɔko no. Na abakan no din de Eliab, nʼakyiri ba din de Abinadab, ɛna deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no din de Sama. Dawid deɛ, na ɔno ne akumaa koraa. Mpanimfoɔ baasa no na wɔdii Saulo akyi, nanso, na Dawid di akɔneaba; ɔkɔsom Saulo na wakɔhwɛ nʼagya nnwan wɔ Betlehem nso.
Filistini yi pue mema ne ho so wɔ Israelfoɔ akodɔm nʼanim anɔpa ne anwummerɛ, saa ara adaduanan.
Ɛda koro bi, Yisai ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Fa nkyeweɛ lita aduonu mmienu yi ne burodo mua edu yi kɔma wo nuanom mmarima. Na fa kyiisi edu a wɔatwitwa yi ma ɔsafohene no. Ɛyɛ a hwɛ sɛdeɛ wo nuanom mmarima no ho teɛ, na gye krataa firi wɔn nkyɛn brɛ me. Na Dawid nuanom ne Israel akodɔm no wɔ Ela bɔnhwa no mu a wɔreko tia Filistifoɔ.” Adeɛ kyee anɔpa no, Dawid gyaa nnwan no maa odwanhwɛfoɔ bi na ɔfaa akyɛdeɛ no kɔeɛ. Ɔduruu sraban mu hɔ ɛberɛ a na akodɔm no rekɔ mpasua ahodoɔ no so. Wɔrekɔ no, na wɔreteam reto ɔko nnwom. Ankyɛre na Israel ne Filistifoɔ no bɛnee wɔn ho a wɔdi nhwɛanimu. Dawid gyaa ne nneɛma maa akodeɛ sohwɛfoɔ no, yɛɛ ntɛm kɔɔ akono hɔ kɔkyeaa ne nuanom. Ɛberɛ a Dawid ne wɔn rekasa no, Filistini tenten hoɔdenfoɔ Goliat a ɔfiri Gat, firii Filistifoɔ akodɔm no mu teateaa mu kasatwie so kyerɛɛ Israel akodɔm no. Ɛberɛ a Israelfoɔ no hunuu ɔbarima no, wɔn nyinaa de ehu dwane kɔeɛ.
Afei, na Israelfoɔ keka wɔ wɔn mu sɛ, “Woahunu ɔbrane no? Ɔba bɛkasa tiaa Israel da biara. Na woate akatua a ɔhene ahyɛ sɛ ɔde bɛma obiara a ɔbɛtumi akum noɔ no? Ɔhene ahyɛ sɛ ɔde ne babaa bɛma no aware, na ne fiefoɔ nso, ɔhene remma wɔntua ɛtoɔ biara a wɔgye no Israelman mu.”
Dawid bisaa mmarima a wɔgyina ne ho no sɛ, “Ɛdeɛn na mobɛyɛ ama ɔbarima a ɔbɛkum saa Filistini yi, na ɔnam so ayi saa animguaseɛ yi afiri Israel so? Hwan ne saa Filistini ɔbosonsomni yi a ɛsɛ sɛ ɔgu Onyankopɔn Teasefoɔ akodɔm anim ase?”
Wɔtii asɛm a wɔaka dada no mu kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ woate dada no yɛ nokorɛ. Ɛno na yɛbɛyɛ ama onipa a ɔbɛkum ɔbrane no.”
Ɛberɛ a Dawid nua panin Eliab tee sɛ ɔne mmarima no rekasa saa no, ne bo fuu no, na ɔbisaa sɛ, “Adɛn enti na woaba ha? Na nnwan kakra a wɔwɔ ɛserɛ so no, wode wɔn gyaa hwan? Menim sɛdeɛ wogye wo ho die ne sɛdeɛ wʼakomapirim teɛ. Ɔko yi hwɛ ara enti na wobaeɛ.”
Dawid bisaa sɛ, “Mayɛ ɛdeɛn? Nti, ɛnsɛ sɛ mekasa mpo?” Afei, ɔdanee ne ho ne afoforɔ kɔkasaeɛ. Ɔde asɛm korɔ no ara baeɛ, na mmarima no buaa no sɛdeɛ wɔaka dada no. Asɛm a Dawid kaeɛ no twaa nnipa bi asom, ma wɔkɔbɔɔ Saulo amanneɛ, enti ɔsoma kɔfrɛɛ no.
Dawid Kum Goliat
Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Mma hwee nha wo. Mɛkɔ na me ne Filistini yi akɔko.”
Saulo buaa Dawid sɛ, “Nka ahohwisɛm! Worentumi ne saa Filistini yi nko. Woyɛ abarimaa nanso, ɔno deɛ, ɔyɛ ɔsraani firi ne mmɔfraase.”
Na Dawid ka tii mu sɛ, “Mahwɛ mʼagya nnwan ara, na sɛ gyata anaa sisi bi ba sɛ ɔrebɛkyere odwan ba bi afiri nnwankuo no mu a, mede abaa poriwa di nʼakyi gye aboa no firi nʼanom. Na sɛ aboa no dane nʼani ba me hɔ a, mesɔ nʼabɔgye, kyere no, de abaa poriwa no bɔ no, kum no. Mayɛ saa akum gyata ne sisi, na saa na mɛyɛ Filistini ɔbosonsomni no nso, ɛfiri sɛ, wagu Onyankopɔn Teasefoɔ akodɔm ho fi. Awurade a ɔgyee me firii gyata ne sisi mmɔwerɛ ano no, ɔno ara na ɔbɛgye me afiri Filistini yi nsam.”
Saulo penee so kaa sɛ, “Ɛyɛ, kɔ. Awurade nka wo ho.”
Afei, Saulo de ɔno ankasa akodeɛ maa Dawid. Ɔde kɔbere kyɛ ne akotaadeɛ kaa ne ho. Dawid de hyɛeɛ, de akofena kyekyere taree so, tuu anammɔn bɛyɛ mmienu, kɔɔ nʼanim hwɛɛ sɛdeɛ ɛteɛ, ɛfiri sɛ, na ɔnhyɛɛ biribi a ɛte saa da.
Afei, ɔkaa sɛ, “Merentumi mfa yeinom nhyehyɛ me ho nkɔ, ɛfiri sɛ, menhyɛɛ bi saa da.” Enti, ɔworɔɔ ne nyinaa guu hɔ. Ɔfaa kokwaboɔ enum firii asuwa bi mu, de guu ne nnwanhwɛfoɔ kotokuo mu. Ɔfaa ne nnwanhwɛfoɔ poma ne nʼahwimmoɔ nko ara. Afei, ɔsii ɛkwan so sɛ ɔne Goliat rekɔko.
Goliat twe pinii Dawid a nʼakokyɛmkurafoɔ di nʼanim. Goliat hunuu Dawid no, ɔbuu no abomfiaa. Ɔworoo so kyerɛɛ Dawid sɛ, “Meyɛ ɔkraman na wode poma aba me so?” Na ɔkaa nʼanyame din ntam de domee Dawid. Goliat woroo so sɛ, “Bra mʼanim ha, na mede wo ɛnam bɛma nnomaa ne nkekaboa.”
Ɛnna Dawid nso teaam guu ne so sɛ, “Wode, akofena, pea ne bɛmma na ɛreba me so, na me deɛ, mede Awurade Otumfoɔ Israel akodɔm Onyankopɔn a woagu ne din ho fi no din na mede reba wo so. Ɛnnɛ, Awurade bɛdi wo so nkonim, na mɛkum wo, atwa wo ti. Na mede wo mmarima a wɔdi wʼakyi no afunu mama nnomaa ne nkekaboa, na ewiase nyinaa bɛhunu sɛ, Onyankopɔn bi wɔ Israel! Na obiara bɛhunu sɛ, Onyankopɔn mfa akodeɛ na ɛgye ne nkurɔfoɔ. Ɛyɛ ne ko, na ɛnyɛ yɛn ko. Awurade de wo bɛma yɛn!”
Goliat yɛɛ sɛ ɔreba Dawid so no, ntɛm ara, na Dawid nso tuu mmirika kɔhyiaa no. Ɔde ne nsa hyɛɛ nnwanhwɛfoɔ kotokuo no mu, yii kokwaboɔ baako de hyɛɛ nʼahwimmoɔ no mu toeɛ, ma ɛkɔbɔɔ Filistini no moma so. Kokwaboɔ no wuraa Goliat tirim ma ɔbu hweeɛ, maa nʼanim kɔbutuu fam. Enti, Dawid de ahwimmoɔ ne kokwaboɔ baako dii Filistini ɔkwabrane no so. Na ɛsiane sɛ na ɔnni akofena enti, ɔkɔɔ Goliat so kɔtwee nʼakofena firii ne bɔha mu. Dawid de akofena no kumm ɔkwabrane no twaa ne ti.
Ɛberɛ a Filistifoɔ hunuu sɛ wɔn kwabrane no awuo no, wɔtete sane wɔn akyi, dwaneeɛ.
Israel Di Filistifoɔ So Nkonim
Afei, Israelfoɔ no bɔɔ ose kɛseɛ nkonimdie so, taa Filistifoɔ no ara kɔduruu Gat ne Ekron apono ano. Na Filistifoɔ a wɔawuwuo no afunu ne apirafoɔ no gugu ɛkwan so, de firi Saaraim de kɔduruu Gat ne Ekron. Afei, Israelfoɔ akodɔm sane wɔn akyi bɛbɔ wuraa Filistifoɔ sraban a wɔadwane afiri hɔ no mu faa wɔn nneɛma.
Dawid faa Goliat ti de kɔɔ Yerusalem, ɛna ɔkoraa Filistini no akodeɛ wɔ ɔno ankasa ne ntomadan mu.
Ɛberɛ a Saulo hunuu Dawid sɛ ɔrekɔ Goliat anim no, ɔbisaa Abner a na ɔyɛ nʼakodɔm sahene sɛ, “Abner, hwan ba ne saa aberanteɛ yi?”
Abner buaa sɛ, “Nokorɛ nie, mennim.”
Ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ, bisa.”
Dawid kumm Goliat akyire no, Abner de no brɛɛ Saulo a na Filistini no ti da so kura no.
Saulo ka kyerɛɛ no sɛ, “Ka biribi a ɛfa wʼagya ho kyerɛ me, me ba.”
Na Dawid buaa sɛ, “Ne din de Yisai, na yɛte Betlehem.”
Saulo Twe Dawid Ho Ninkunu
Ɛberɛ a Dawid ne Saulo kasa wieeɛ no, ɔhyiaa ɔhene babarima Yonatan. Wɔn baanu no dodɔɔ wɔn ho prɛko pɛ na wɔbɛyɛɛ nnamfo pa ara. Ɛfiri saa ɛda no, Saulo gyee Dawid tenaa ahemfie hɔ a wampɛ sɛ ɔbɛsane akɔ ne fie. Na Yonatan ne Dawid yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ nnamfo. Na Yonatan de ne batakari, nhyɛaseɛ, akofena, agyan ne abɔwomu maa Dawid de sɔɔ apam no ano.
Biribiara a Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ ɔnyɛ no, Dawid yɛɛ no pɛpɛɛpɛ. Enti, Saulo yɛɛ no nʼasraafoɔ so ɔsahene, maa nʼakofoɔ ne wɔn mpanimfoɔ nyinaa de anigyeɛ penee so.
Nanso, ɛberɛ a Israelfoɔ nkonimdifoɔ rekɔ fie, na Dawid akum Goliat no, asɛm bi siiɛ. Mmaa fifiri nkuro a ɛbemmɛn ɛkwan no ho no bɛtwee mmomone maa ɔhene Saulo. Wɔtoo nnwom, saa ano, bɔɔ akasaeɛ ne kyankyan. Wɔn dwom a wɔtoeɛ no nie:
Saulo akum ne mpempem,
na Dawid deɛ, ɔpedupedu!
Yei maa Saulo bo fuu yie. Ɔkaa sɛ, “Yei ase ne sɛn? Wɔde ɔpedu ɔpedu abata Dawid din ho, na me deɛ, wɔde mpempem. Deɛ ɛdi hɔ ne sɛ, wɔbɛsi no ɔhene.” Enti, ɛfiri saa ɛberɛ no, Saulo tuu nʼani sii Dawid so.
Adeɛ kyeeɛ no, nokorɛm, Onyankopɔn honhommɔne sii Saulo so ma ɔhyɛɛ aseɛ kasakasaa ɔhyew so sɛ ɔbɔdamfoɔ. Dawid hyɛɛ aseɛ bɔɔ ne sankuo sɛdeɛ saa asɛm yi si a, ɔyɛ no. Nanso, Saulo a na ɔkura pea no, too pea no prɛko pɛ kyerɛɛ Dawid so sɛ anka ɔde rewɔ no aka no atare fasuo. Nanso, Dawid huri sii nkyɛn na ɔdwaneeɛ. Saa asɛm korɔ yi ara sii bio, ɛfiri sɛ na Saulo suro Dawid, na nʼani bere no nso sɛ, Awurade agya no akɔ Dawid afa. Ne korakora ne sɛ, Saulo pamoo no firi nʼanim na ɔma ɔyɛɛ ɔsafohene wɔ asraafoɔ apem pɛ so. Nanso, Dawid de adwenemuteɛ dii saa akodɔm no anim de wɔn kɔɔ sa. Biribiara a Dawid yɛeɛ no, ɔdii nkonim wɔ mu, ɛfiri sɛ, na Awurade ka ne ho. Ɛberɛ a Saulo hunuu yei no, ɛmaa ɔsuroo no mmorosoɔ. Nanso, Israel nyinaa ne Yuda dɔɔ Dawid, ɛfiri sɛ, na ɔdi nʼakodɔm anim kɔ sa a, ɔdi nkonim.
Dawid Ware Saulo Babaa
Ɛda bi Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Mepɛ sɛ mede me babaa panin Merab ma wo awadeɛ. Deɛ ɛdi ɛkan ne sɛ wobɛkyerɛ sɛ woyɛ ɔkofoɔ kɛseɛ a wobɛko Awurade ko no.” Na Saulo kaa wɔ ne tirim sɛ, “Merentene me nsa wɔ ne so. Mɛma wakɔko atia Filistifoɔ no na wɔakum no.”
Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Me sɛɛ ne hwan a mɛyɛ ɔhene ase? Me fie, me mʼagya abusua a ɛwɔ Israel nka hwee?” Enti, berɛ no duruu sɛ wɔde Saulo babaa Merab ma Dawid awadeɛ no, wɔde no maa Adriel a ɔfiri Meholat awadeɛ.
Na Saulo babaa Mikal dɔ Dawid, enti ɛberɛ a Saulo teeɛ no, ɛyɛɛ no anigye. Saulo kaa wɔ ne tirim sɛ, “Akwannya foforɔ a ɛbɛma Filistifoɔ nsa aka no akum no nie.” Na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Afei, manya ɛkwan foforɔ ama wo a wonam so bɛyɛ ɔhene ase.”
Na Saulo hyɛɛ ne nkoa sɛ, “Monka no kɔkoam nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Hwɛ, ɔhene ani sɔ wo, na yɛn nyinaa pɛ wʼasɛm. Adɛn enti na wompɛ sɛ woyɛ ɔhene ase barima?’ ”
Wɔtii saa nsɛm yi mu kyerɛɛ Dawid. Nanso, Dawid kaa sɛ, “Ohianiwaa a me fie nni bi, ɛhe na menya ɔhene babaa tirinsa?”
Nkoa no kɔkaa asɛm a Dawid ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ Saulo no, Saulo kaa sɛ, “Monkɔka nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Ɔhene nhwehwɛ tirinsa biara sɛ Filistifoɔ ɔha mmarima ano wedeɛ. Mʼatamfoɔ so aweretɔ nko ara ne adeɛ a mepɛ.’ ” Na Saulo adwene ara ne sɛ wɔbɛkum Dawid wɔ akono.
Dawid de anigyeɛ penee adebisa no so. Enti ansa na berɛ no bɛduru no, Dawid ne ne mmarima kɔeɛ kɔkumm Filistifoɔ no ahanu. Ɔde wɔn mmarima ano wedeɛ brɛɛ ɔhene. Enti, Saulo de ne babaa Mikal maa Dawid awadeɛ.
Saulo hunuu sɛ Awurade ka Dawid ho, na ne babaa Mikal nso dɔ Dawid no, Saulo kɔɔ so suroo no, na ne nna a aka no mu, Dawid kɔɔ so yɛɛ Saulo ɔtamfoɔ.
Ɛberɛ biara a Filistifoɔ akodɔm to hyɛɛ Israel so no, Dawid dii nkonim sene Saulo asahene a wɔaka no. Yei maa Dawid gyee edin asase no so nyinaa.
Saulo Pɛ Sɛ Ɔkum Dawid
Saulo hyɛɛ nʼasomfoɔ ne ne babarima Yonatan sɛ wɔnkum Dawid. Nanso, ɛsiane sɛ na Yonatan adamfo brɛboɔ ne Dawid enti, Yonatan kaa adwene a nʼagya ayɛ afa ne ho no kyerɛɛ no tuu no fo sɛ, “Ɔkyena anɔpa, pɛ wiram baabi kɔbɔ wo ho adwaa, ɛfiri sɛ, mʼagya repɛ wo akum wo. Mɛka akyerɛ mʼagya, na ɔne me aba hɔ na mɛka wo ho asɛm nyinaa akyerɛ no. Na biribiara a mɛhunu wɔ hɔ no nso, mɛbɔ wo amaneɛ.”
Adeɛ kyee anɔpa no, Yonatan ne nʼagya dii nkɔmmɔ faa Dawid ho. Yonatan kaa ne ho nsɛm pa pii. Yonatan srɛɛ nʼagya sɛ, “Mesrɛ wo, nyɛ bɔne biara ntia Dawid. Ɔnyɛɛ biribiara a ɛbɛha wo. Daa, ɔnam ɛkwan biara a ɔbɛtumi so boa wo. Wo werɛ afiri ɛberɛ a ɔde ne nkwa too ne nsam, kɔkumm Filistini ɔbrane, na ɛnam so maa Awurade de nkonimdie kɛseɛ brɛɛ Israel no? Saa ɛberɛ no, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, wʼani gyeeɛ. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wokum onipa a ne ho nni asɛm sɛ Dawid? Nkyerɛaseɛ pa biara nni so koraa.”
Enti, Saulo tiee Yonatan, na ɔkaa ho ntam dii nse sɛ, “Sɛ Awurade te ase yi, wɔrenkum Dawid.”
Akyire yi, Yonatan frɛɛ Dawid kaa asɛm a asi no kyerɛɛ no. Enti, ɔfaa Dawid de no kɔhunuu Saulo, na biribiara totɔɔ yie, sɛdeɛ kane no na ɛteɛ no ara pɛ.
Ankyɛre biara na ɔko bi siiɛ, maa Dawid dii nʼakodɔm anim kɔko tiaa Filistifoɔ. Ɔde anibereɛ tuaa wɔn, maa wɔn nyinaa dwaneeɛ.
Nanso, ɛda bi Saulo te fie ara na honhommɔne a ɛfiri Awurade bɛhyɛɛ ne mu prɛko pɛ bio. Ɛberɛ a Dawid rebɔ ne sankuo ama ɔhene no, Saulo too ne pea kyerɛɛ Dawid so, pɛɛ sɛ ɔkum no. Nanso, Dawid twee ne ho, totɔɔ esum mu dwaneeɛ maa pea no kaa ɔfasuo no mu.
Mikal Gye Dawid Nkwa
Saulo somaa mmarima kɔɔ Dawid fie kɔwɛn hɔ sɛ, ɔpue anɔpa a wɔnkum no. Nanso, Dawid yere Mikal bɔɔ no kɔkɔ sɛ, “Sɛ woannwane ampɛ wo nkwa anadwo yi a, ɔkyena, wɔbɛkum wo.” Enti, Mikal de Dawid faa mpomma mu ma ɔdwaneeɛ. Na Mikal faa ohoni bi de no too mpa so de atadeɛ kataa ho, na ne ti hɔ no nso, ɔde abirekyie ho nwi kataa so.
Ɛberɛ a Saulo somaa mmarima sɛ wɔnkɔkyere Dawid no, Mikal ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɔyare a ɔntumi nsɔre mfiri mpa so.”
Saulo sane somaa mmarima no bio sɛ, “Monkɔfa no mfiri ne mpa so mmra, sɛdeɛ mɛtumi akum no.” Nanso, mmarima no wuraa ɛdan no mu no, na ohoni na ɔda mpa no so a abirekyie ho nwi na ɛkata so.
Saulo bisaa Mikal sɛ, “Adɛn enti na woadaadaa me, ama me ɔtamfoɔ adwane?” Mikal buaa no sɛ, “Na ɛsɛ sɛ meyɛ saa ɛfiri sɛ ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mammoa no a, ɔbɛkum me.’ ”
Ɛberɛ a Dawid dwaneeɛ no, ɔkɔɔ Samuel nkyɛn wɔ Rama kɔkaa deɛ Saulo ayɛ noɔ no nyinaa kyerɛɛ no. Enti, Samuel de Dawid kɔtenaa Naiot. Ɛberɛ a Saulo tee sɛ Dawid te Naiot a ɛwɔ Rama no, ɔsomaa akodɔm sɛ wɔnkɔkye no mmra. Nanso, wɔduruiɛ a wɔhunuu Samuel ne adiyifoɔ bi sɛ wɔrehyɛ nkɔm no, Onyankopɔn honhom baa Saulo mmarima no so, maa wɔn nso hyɛɛ nkɔm. Saulo tee asɛm a aba no, ɔsane somaa akodɔm foforɔ, nanso wɔn nso kɔhyɛɛ nkɔm! Asɛm korɔ no ara sii ne mprɛnsa so. Akyire no koraa, Saulo no ankasa kɔɔ Rama, kɔduruu abura kɛseɛ bi a ɛwɔ Seku ho. Ɔbisaa sɛ, “Samuel ne Dawid wɔ he?”
Obi ka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔn baanu wɔ Naiot a ɛwɔ Rama hɔ.”
Na ɔrekɔ Naiot no, ɛkwan no so na Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso hyɛɛ aseɛ hyɛɛ nkɔm. Ɔsunsuanee nʼatadeɛ mu, de ne ho too fam, daa hɔ ɛda mu ne anadwo mu nyinaa, hyɛɛ nkɔm wɔ Samuel anim. Nnipa a wɔrehwɛ no no teateaam sɛ, “Asɛm ni? Enti, daa yi Saulo nso yɛ odiyifoɔ?”
Yonatan Boa Dawid
Dawid dwane firii Naiot a ɛwɔ Rama kɔhunuu Yonatan. Ɔbisaa sɛ, “Bɔne bɛn na mayɛ? Bɔne bɛn na mayɛ wʼagya, a enti ɔpɛ sɛ ɔkum me yi?”
Yonatan teaam sɛ, “Ɛnyɛ nokorɛ. Menim yie sɛ ɔnnwenee biribi a ɛte saa ho, ɛfiri sɛ, ɔka ne nsɛm nyinaa kyerɛ me; mpo, ne nsɛm nketenkete nyinaa ɔma mʼaso te. Menim sɛ ɔrentumi mfa saa asɛm a ɛte sɛɛ nsie me da. Ɛnte saa ara da!”
Ɛhɔ ara, Dawid kaa ntam wɔ Yonatan anim sɛ, “Wʼagya nim yɛn ayɔnkofa yi mu pefee enti, waka wɔ ne tirim sɛ, ‘Merenka nkyerɛ Yonatan. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mede ɔhaw to no so?’ Nanso, meka wo ntam sɛ, mene owuo ntam kwan nware koraa! Mede Awurade ne wo ara wo ɔkra ka ntam!”
Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Kyerɛ me deɛ menyɛ!”
Dawid buaa sɛ, “Ɔkyena yɛbɛdi Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ. Ɛberɛ biara, sɛ dapɔnna no duru saa a, me ne wʼagya to nsa didi. Nanso, ɔkyena deɛ, mɛkora me ho wɔ wiram ara kɔsi ne nnansa so anwummerɛ. Na sɛ wʼagya bisa sɛ mewɔ he a, ka kyerɛ no sɛ, ‘mesrɛɛ ɛkwan sɛ merekɔ me kurom Betlehem, na me ne me fiefoɔ akɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ.’ Sɛ ɔka sɛ, ‘Ɛyɛ’ a, wobɛhunu sɛ biribiara da yie. Na sɛ nso ne bo fu, na ɔgye hwanyan a, wobɛhunu sɛ, ɔrehyehyɛ ho sɛ, ɔbɛkum me. Ɛda saa adɔeɛ yi adi kyerɛ me, sɛ adamfo a maka ntam adi nse akyerɛ wo, ɛfiri sɛ, yɛn nyinaa wɔ apam wɔ Awurade anim. Na sɛ ɛnte saa, na mayɛ bɔne atia wʼagya a, wo ara kum me. Nanso, mesrɛ wo, nyi me mma.”
Yonatan teaam sɛ, “Ɛmpare me! Wo ara wonim sɛ, sɛ menim mʼagya nsusuiɛ no ho biribi a, anka maka akyerɛ wo dada.”
Na Dawid bisaa Yonatan sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na mahunu sɛ wʼagya bo afu anaasɛ ne bo mfuiɛ?”
Yonatan buaa sɛ, “Bra na yɛnkɔ wiram hɔ.” Na wɔn nyinaa kɔɔ hɔ.
Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Ɔkyena akyi sɛsɛɛ, mɛhyɛ bɔ wɔ Awurade Israel Onyankopɔn din mu sɛ me ne mʼagya bɛkasa, na mɛma woahunu deɛ ɔka fa wo ho. Sɛ ɔdi wo ho adanseɛ pa a, mɛma woate no ntɛm. Nanso sɛ mʼagya bo afu, na ɔpɛ sɛ ɔkum wo, na sɛ manka ankyerɛ wo ma wo annwane a Awurade nkum me. Awurade nka wo ho sɛdeɛ ɔkaa mʼagya ho no. Na fa Awurade nokorɛ dɔ no bi dɔ me ɛberɛ a mete ase yi. Na sɛ mewu, na ɛba sɛ Awurade twa Dawid atamfoɔ nyinaa gu firi asase ani mpo a, nyi wʼadɔeɛ mfiri me fiefoɔ so da biara da.”
Enti, Yonatan ne Dawid yɛɛ apam sɛ, “Awurade ntɔre Dawid atamfoɔ nyinaa ase.” Esiane ɔdɔ a Yonatan wɔ ma Dawid no enti, ɔmaa no tii ne ntam no mu bio, ɛfiri sɛ, na ɔdɔ no sɛdeɛ ɔdɔ ɔno ankasa ho.
Afei, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Ɔkyena na ɛyɛ ɔbosome foforɔ afahyɛ no. Yɛrenhunu wo, ɛfiri sɛ, wʼakonnwa so bɛda hɔ. Ɔkyena akyi, ɛrekɔ anwummerɛ no, kɔ baabi a saa nsɛm yi refiti aseɛ no, wokɔsumaa wo ho no, na twɛn wɔ aboɔ esie no ho. Mɛto agyan mmiɛnsa afa ne nkyɛn, te sɛ deɛ mereto abɔ biribi no. Afei, mɛsoma abarimaa bi aka sɛ, ‘Kɔ na kɔhwehwɛ bɛmma no.’ Sɛ meka kyerɛ no sɛ, ‘Hwɛ, bɛmma no wɔ fa ha; tase brɛ me a,’ bra, ɛfiri sɛ, mmerɛ dodoɔ ko a Awurade te ase yi, wo ho sɔnn; bɔne bi nni hɔ. Na sɛ meka kyerɛ abarimaa no sɛ, ‘Hwɛ, bɛmma no wɔ wʼanim’ a, ɛnneɛ, na ɛsɛ sɛ wokɔ, ɛfiri sɛ, Awurade na ɔse kɔ. Na Awurade mmoa yɛn na yɛnni ɛbɔ a yɛahyehyɛ yɛn ho yɛn ho no so, ɛfiri sɛ ɔno ne yɛn danseni.”
Na Dawid kɔtɛɛ wiram, na ɛberɛ a ɔbosome foforɔ afahyɛ no duruiɛ no, ɔhene no tenaa ase sɛ ɔrebɛdidi. Ɔtenaa nʼatenaeɛ a ɛbɛn ɔfasuo ho a ɛne Yonatan di nhwɛanim, na Abner tena dii Saulo so, nanso Dawid atenaeɛ hɔ deɛ, ɛdaa hɔ bio. Na ɛda no, Saulo anka asɛm biara. Na ɔdwenee sɛ, “Gyama asɛm bi ato Dawid a ɛmma ne ho nte mma saa afahyɛ no ase. Ɛno enti na ɔnni ha ɛnnɛ no.” Na adeɛ kyeeɛ a Dawid afa hɔ ada mpan bio no, Saulo bisaa ne ba Yonatan sɛ, “Adɛn enti na Yisai babarima no amma adidie nnora ne ɛnnɛ?”
Yonatan buaa sɛ, “Nokorɛm, Dawid srɛɛ me ɛkwan sɛ ɔrekɔ Betlehem. Ɔkaa sɛ, ‘Ma menkɔ, ɛfiri sɛ, me fiefoɔ rebɔ afɔdeɛ wɔ kuro no mu enti, me nuabarima ahyɛ me sɛ, ɛsɛ sɛ mewɔ hɔ bi. Sɛ afei, manya wʼanim animuonyam a, ma me kwan na menkɔhwɛ me nuanom mmarima.’ Ɛno enti na wamma ɔhene didipono ho no.”
Saulo bo fuu Yonatan, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ɔba kwasea, ɔbaa brakyewni tuateni ba! Wosusu sɛ mennim sɛ wopɛ sɛ Dawid di ɔhene si wo anan mu de hyɛ wo ne wo maame aniwuo? Mmerɛ dodoɔ a Yisai babarima no te ase wɔ asase yi so no, worennya ɔhene nni da. Soma seesei ara na wɔnkɔfa no mmrɛ me, na menkum no!”
Yonatan bisaa nʼagya sɛ, “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wɔkum no? Ɛdeɛbɛn na wayɛ?” Ɛhɔ ara, Saulo too pea sɛ ɔde rewɔ no, akum no. Afei Yonatan hunuu sɛ nʼagya asi nʼadwene pi sɛ ɔbɛkum Dawid.
Yonatan de abufuden sɔre firii didipono no ho. Na ɛda a ɛtɔ so mmienu wɔ bosome no mu no, wannidi, ɛfiri sɛ, ne werɛ hoo wɔ nʼagya animguasedeɛ a ɔpɛ sɛ ɔyɛ Dawid no ho.
Ade kyeeɛ no, Yonatan kɔɔ wiram. Sɛdeɛ wɔahyehyɛ ho no. Ɔfaa abarimaa ketewa bi kaa ne ho a ɔbɛboaboa ne bɛmma ano. Ɔka kyerɛɛ abarimaa no sɛ, “Hyɛ aseɛ tu mmirika kɔhwehwɛ bɛmma a metoto no.” Na abarimaa no retu mmirika akɔ no, Yonatan too bɛmma no baako traa no. Na ɛberɛ a abarimaa no duruu baabi a Yonatan bɛmma no akɔtɔ no, Yonatan frɛɛ no sɛ, “bɛmma no ntraa wo anaa?” Enti, Yonatan teaam sɛ, “Ka wo ho! Kɔ ntɛm! Nnyina.” Abarimaa no faa bɛmma no sane baa ne wura nkyɛn. Na abarimaa no nnim yei ho hwee; Yonatan ne Dawid nko ara na na wɔnim. Na Yonatan de nʼakodeɛ maa abarimaa no kaa sɛ, “Kɔ, soa sane fa kɔ kurom.”
Ɛberɛ a abarimaa no kɔeɛ ara pɛ, Dawid pue firii baabi a ɔkɔhintaeɛ hɔ a ɛbɛn aboɔ sie no baeɛ. Na Dawid bɔɔ ne mu ase wɔ Yonatan anim, de nʼanim butuu fam. Na wɔfefee wɔn ho ano, na wɔmaa wɔn ho wɔn ho nante yie, na wɔsuiɛ, ne titire no, Dawid.
Akyire no, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Kɔ asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, yɛayɛ apam wɔ Awurade din mu. Yɛde yɛn mu biara ne yɛn mu biara mma ahyɛ Awurade nsa afebɔɔ.” Na Dawid kɔeɛ, ɛnna Yonatan nso sane kɔɔ kuro no mu.
Dawid Dwane Saulo
Dawid kɔɔ Nob ɔsɔfoɔ Ahimelek nkyɛn. Ɛberɛ a ɔsɔfoɔ Ahimelek hunuu no no, ne ho popoeɛ. Ɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na aka wo nko? Adɛn enti na obi nka wo ho?”
Dawid buaa ɔsɔfoɔ Ahimelek sɛ, “Ɔhene somaa me kokoamsɛm bi ho. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, mennka deɛ enti a mewɔ ha nkyerɛ obiara. Makyerɛ baabi a me mmarima nhyia me akyire yi. Afei, ɛdeɛn na ɛwɔ hɔ a mɛnya adi? Ma me burodo mua enum anaa biribiara a wowɔ.”
Na ɔsɔfoɔ no buaa Dawid sɛ, “Menni burodo teta yi bi wɔ ha. Burodo kronkron deɛ, ebi wɔ ha, nanso mede bɛma wo a, gye sɛ mmarima no ne mmaa bi nnaa nnansa yi.”
Dawid buaa sɛ, “Mma hwee nha wo. Sɛ me mmarima no kɔdi dwuma bi baabi a, memmma wɔn kwan mma wɔmmfa wɔn ho nka mmaa. Na sɛ wɔtena ase kronn wɔ akwantuo teta mu a, adɛn enti na saa dwumadie a ɛho hia yie yi, wɔntumi ntena kronnyɛ mu.” Na ɛsiane sɛ aduane foforɔ biara nni hɔ no enti, ɔsɔfoɔ no de burodo kronkron a wɔde burodohyew asi ananmu wɔ Awurade hyiadan no mu maa Dawid.
Doeg, Edomni a ɔyɛ Saulo nantwikafoɔ panin no kɔdwiraa ne ho wɔ Awurade anim saa ɛda no.
Dawid bisaa Ahimelek sɛ, “Wowɔ pea anaa akofena? Ɔhene adwuma no ho hia a na ɛhia enti, mannya berɛ amfa akodeɛ biara.”
Ɔsɔfoɔ no buaa sɛ, “Akofena a mewɔ ara yɛ Filistini Goliat a wokumm no wɔ Ela bɔnhwa mu no dea. Wɔde ntoma akyekyere ho da asɔfotadeɛ no akyi. Sɛ wopɛ a, fa ɛno, ɛfiri sɛ, biribiara nni ha bio.” Dawid buaa sɛ, “Biribiara nkyɛn no. Fa ma me.”
Na Dawid dwanee firi Saulo hɔ, kɔɔ Gathene Akis nkyɛn. Nanso, na Akis mpanimfoɔ no ho ntɔ wɔn sɛ ɔwɔ hɔ. Wɔbisaa sɛ, “Ɛnyɛ saa Dawid yi na ɔyɛ asase yi so ɔhene no? Ɛnyɛ ɔno na nnipa nam asa ne nnwontoɔ so hyɛɛ no animuonyam sɛ, ‘Saulo akum ne mpempem na Dawid nso akum ɔpedupedu no?’ ”
Dawid tee saa akekakeka yi no, ɔsuroo sɛ ebia ɔhene Akis bɛyɛ no biribi. Ɛno enti, ɔhyɛɛ da yɛɛ ne ho sɛ bɔdamfoɔ, ɔwerɛwerɛɛ apono ho maa ntasuo tene faa nʼabɔgyesɛ mu. Deɛ ɛdi akyire ne sɛ, ɔhene Akis ka kyerɛɛ ne mmarima sɛ, “Bɔdamfoɔ na ɛsɛ sɛ mode no brɛ me? Yɛwɔ pii wɔ ha dada! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mema obi a ɔte sɛɛ yi bɛyɛ me ɔhɔhoɔ?”
Dawid Kɔhyɛ Adulam Ɔbodan Mu
Dawid dwane firii Gat kɔtɛɛ ɔbodan a ɛwɔ Adulam no mu. Ankyɛre biara na ne nuanom mmarima ne ne fiefoɔ bi kɔkaa ne ho wɔ hɔ. Afoforɔ bi nso kɔkaa ne ho wɔ hɔ. Na saa nnipa no yɛ nnipa a ɔhaw da wɔn so anaa wɔn a wɔdede aka ne wɔn a asetena nkɔ wɔn yie. Wɔbaeɛ ara kɔsii sɛ Dawid bɛyɛɛ ɔkannifoɔ maa nnipa bɛyɛ sɛ ahanan.
Akyire yi, Dawid kɔɔ Mispe a ɛwɔ Moab. Ɛhɔ na ɔbisaa ɔhene no sɛ, “Wobɛma mʼagya ne me maame abɛtena ha, na woabɔ wɔn ho ban kɔsi sɛ mɛhunu deɛ Onyankopɔn bɛyɛ ama me anaa?” Ɔhene no penee so, maa Dawid awofoɔ tenaa Moab a na Dawid nso te nʼabanbɔeɛ mu.
Ɛda bi, odiyifoɔ Gad ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Firi abanbɔeɛ mu ha, na sane kɔ Yuda asase so.” Enti, Dawid kɔɔ Heret kwaeɛ mu.
Ɔkɔɔ Yuda hɔ no, ankyɛre na Saulo tee asɛm no. Saa ɛberɛ no, na ɔhene no te gyedua bi ase wɔ Gibea bepɔ so a ɔkura ne pea na ne mpanimfoɔ atwa ne ho ahyia. Saulo tee asɛm no, ɔteaam sɛ, “Monyɛ aso, mo mmarima a mofiri Benyamin fie! Dawid ahyɛ mo mfuo ne bobe nturo ho bɔ bi anaa? Wahyɛ mo bɔ sɛ mobɛyɛ nʼasafohene wɔ nʼakodɔm so anaa? Ɛno enti na moayɛ apam atia me yi? Na mo mu biara antumi anka biribi ankyerɛ me sɛ me ara me babarima wɔ Dawid afa. Na ɛnha mo koraa mma me. Monnwene ho! Me ara me babarima hyɛ Dawid nkuran sɛ ɔmpɛ me nku me!”
Ɛhɔ na Edomni Doeg a na ɔne Saulo akofoɔ gyina hɔ no kaa sɛ, “Mehunuu Yisai ba no sɛ ɔbaa Ahitub ba Ahimelek nkyɛn wɔ Nob. Ahimelek bisaa Awurade deɛ Dawid nyɛ. Ɔsane maa no nnuane, na ɔde Filistini Goliat akofena no kaa ne ho.”
Wɔkum Asɔfoɔ No
Ɔhene no somaa sɛ wɔnkɔfa ɔsɔfoɔ Ahimelek ne ne fiefoɔ a na wɔyɛ asɔfoɔ wɔ Nob no nyinaa mmra. Wɔbaeɛ no, Saulo kaa sɛ, “Tie! Ahitub ba.”
Ɔbuaa sɛ, “Nana asɛm bɛn.”
Na Saulo bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wo ne Dawid apam me tiri so, na womaa no burodo ne akofena, sane bisaa Awurade maa no. Adɛn enti na wohyɛ no nkuran sɛ ɔnyɛ dɔm ntia me na ɔmmɛto nhyɛ me so wɔ ha?”
Ahimelek buaa sɛ, “Nana, mesrɛ mebisa sɛ, wʼasomfoɔ yi nyinaa mu no, obi wɔ hɔ a ɔyɛ nokwafoɔ te sɛ wʼase Dawid anaa? Hwɛ ɔyɛ wʼawɛmfoɔ nyinaa so safohene, na wɔbu no yie wɔ wo fidua mu. Ɛnyɛ saa ɛda no ne ɛda a ɛdi ɛkan a mabisa Awurade ama no. Dabi! Ɛnsɛ sɛ ɔhene no de soboɔ bɔ ne ɔsomfoɔ ne ne fiefoɔ, ɛfiri sɛ, wʼakoa nnim saa asɛm yi ho biribiara.”
Na ɔhene kaa sɛ, “Ɛkwan biara so, wobɛwu. Ahimelek, wo ne wo fiefoɔ nyinaa bɛwu.”
Na ɔhene ka kyerɛɛ nʼawɛmfoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ, “Monkunkum Awurade asɔfoɔ no nyinaa, ɛfiri sɛ, wɔn nso kɔ Dawid afa. Na wɔnim sɛ ɔredwane, nanso wɔanka ankyerɛ me.”
Nanso, na ɔhene asraafoɔ no mpɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka Awurade asɔfoɔ no.
Enti, ɔhene hyɛɛ Doeg sɛ, “Dane wo ho na kunkum asɔfoɔ no.” Enti, Edomni Doeg danee ne ho kunkumm wɔn. Ɛda no, ɔkumm mmarima a na wɔhyɛ serekye asɔfotadeɛ aduɔwɔtwe enum. Afei, ɔkɔɔ Nob a ɛyɛ asɔfoɔ no kurom, kɔkunkumm asɔfoɔ no fiefoɔ mmarima, mmaa, mmɔfra ne mmadoma, anantwie, mfunumu ne nnwan nyinaa.
Na Ahitub ba Ahimelek babarima baako a wɔfrɛ no Abiatar dwane kɔɔ Dawid nkyɛn. Ɛberɛ a ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ Saulo akunkum Awurade asɔfoɔ no, Dawid teaam sɛ, “Na menim! Ɛberɛ a mehunuu Doeg wɔ hɔ saa ɛda no, na menim sɛ ɔbɛka akyerɛ Saulo. Seesei, mama wʼagya fiefoɔ nyinaa awuwu. Wo ne me ntena ha, na mede me nkwa bɛbɔ wo ho ban, ɛfiri sɛ, onipa korɔ no ara na ɔrehwehwɛ yɛn baanu akum yɛn.”
Dawid Bɔ Keila Kuro Ho Ban
Ɛda koro bi, Dawid tee sɛ Filistifoɔ no aba Keila, na wɔrewia wɔn ayuo wɔ wɔn ayuporobea. Dawid bisaa Awurade sɛ, “Menkɔto nhyɛ wɔn so anaa?”
Awurade buaa sɛ, “Aane, kɔ na kɔgye Keila.”
Nanso, Dawid mmarima no kaa sɛ, “Yuda ha mpo yɛsuro. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛkɔ Keila akɔko atia Filistifoɔ akodɔm no nyinaa.”
Enti Dawid bisaa Awurade bio maa Awurade buaa no sɛ, “Kɔ Keila na mɛboa wo ama woadi Filistifoɔ no so nkonim.”
Enti, Dawid ne ne mmarima kɔɔ Keila. Wɔkunkumm Filistifoɔ no nyinaa, faa wɔn nyɛmmoa, gyee Keilafoɔ no. Ahimelek ba Ɔsɔfoɔ Abiatar redwane akɔ Dawid nkyɛn wɔ Keila no, ɔfaa asɔfotadeɛ sɛ ɔrekɔgye mmuaeɛ afiri Awurade nkyɛn ama Dawid.
Ankyɛre, Saulo tee sɛ Dawid wɔ Keila. Ɔteaam sɛ, “Ɛyɛ. Afei, yɛn nsa aka no. Afei, Onyankopɔn de no ama me. Ɔno ara ama kuro yi ho afasuo ayi no!” Enti, Saulo boaboaa nʼakodɔm nyinaa ano sɛ ɔde wɔn rekɔ Keila akɔtua Dawid ne ne mmarima.
Nanso Dawid hunuu Saulo nhyehyɛeɛ, na ɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ, ɔmfa asɔfotadeɛ no mmra, na ɔmmisa Awurade deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Na Dawid bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, Israel Onyankopɔn, mate sɛ Saulo ayɛ nhyehyɛeɛ sɛ ɔbɛba abɛsɛe Keila, ɛfiri sɛ, mewɔ ha. Merebisa sɛ, enti Keila mmarima bɛyi me ama no anaa? Na Saulo bɛba ampa ara sɛdeɛ mete no? Ao, Awurade, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛ me.”
Na Awurade buaa no sɛ, “Ɔbɛba.”
Bio, Dawid bisaa sɛ, “Enti, Keila mmarima bɛyi me ne me mmarima ama Saulo anaa?”
Na Awurade buaa sɛ, “Aane, wɔbɛyi mo ama.”
Dawid Kɔhinta Ɛserɛ So
Na Dawid ne ne mmarima bɛyɛ sɛ ahansia firii Keila, na wɔkyinkyinii baabiara a wɔbɛtumi akɔ. Na Saulo tee sɛ Dawid afiri Keila no, ɔgyaee nʼakyi die.
Afei, Dawid tenaa nʼabanbɔeɛ hɔ wɔ ɛserɛ so ne Sif mmepɔ asase no so. Saulo hwehwɛɛ no adekyeɛ ne adesaeɛ biara, nanso Awurade amma no anhunu no.
Dabi a Dawid wɔ Hores wɔ Sif ɛserɛ so no, ɔtee sɛ Saulo nam ɛkwan so reba hɔ abɛhwehwɛ no akum no. Na Yonatan kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores kɔhyɛɛ no den wɔ Onyankopɔn ho gyidie mu. Yonatan hyɛɛ no den sɛ, “Nsuro! Mʼagya Saulo renhunu wo da. Wobɛyɛ ɔhene wɔ Israel, na mayɛ wʼabadiakyire, sɛdeɛ mʼagya Saulo nim no.” Wɔn baanu no hyɛɛ wɔn ayɔnkofa apam mu den wɔ Awurade anim. Afei, Yonatan kɔɔ efie na Dawid deɛ, ɔtenaa Hores hɔ.
Ɛnna Sififoɔ no kɔɔ Saulo nkyɛn wɔ Gibea kɔyii Dawid maeɛ sɛ, “Yɛnim baabi a Dawid akɔhinta. Ɔwɔ banbɔeɛ mu, wɔ Hores a ɛwɔ Hakila mmepɔ mu, wɔ Yesimon anafoɔ fam ha yi. Ɔhene, ɛberɛ biara a wobɛnya kwan no, bra na yɛbɛkyere no ama wo.”
Saulo kaa sɛ, “Awurade nhyira mo! Afei, mahunu sɛ, mʼasɛm fa obi ho. Monkɔ mu bio, nkɔhwehwɛ, nhunu baabi a ɔte ne obi a wahunu no wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, menim sɛ ɔyɛ oniferefoɔ. Monhwehwɛ nʼahintaeɛm, na monsane mmra mmɛka biribi pɔtee nkyerɛ me. Na me ne mo bɛkɔ. Na sɛ ɔwɔ ɛpɔ mu hɔ nko ara deɛ a, mɛnya no, na mpo, sɛ ɛsɛ sɛ mehwehwɛ ahintaeɛ biara a ɛwɔ Yuda a, mɛyɛ!”
Na Sif mmarima dii Saulo ɛkan kɔɔ wɔn kurom. Saa ɛberɛ no mu na Dawid ne ne mmarima kɔ Maon ɛserɛ a ɛwɔ Araba bɔnhwa a ɛwɔ Yesimon anafoɔ fam no so. Ɛberɛ a Dawid tee sɛ Saulo ne ne mmarima rehwehwɛ no no, ɔdɔɔ mu kɔɔ ɛserɛ so akyirikyiri, kɔsii ɔbotan kɛseɛ no ho, tenaa Maon ɛserɛ so hɔ. Nanso Saulo kɔɔ so pɛɛ no.
Afei Saulo ne Dawid kɔdii afa ne afa wɔ bepɔ no so. Ɛbaa sɛ Saulo ne ne mmarima hyɛɛ aseɛ sɛ wɔrebɛn Dawid no, Saulo nyaa nkra bi a emu yɛ den sɛ, Filistifoɔ abɛto ahyɛ Israel so refom wɔn nneɛma bio. Ɛno enti, Saulo gyaee Dawid akyidie, na ɔsane nʼakyi sɛ ɔne Filistifoɔ no rekɔko. Ɛfiri saa ɛberɛ no, baabi a Dawid tenaeɛ hɔ no, wɔtoo no edin Dwaneeɛ Botan. Enti, Dawid kɔtenaa En-Gedi banbɔeɛ.
Dawid Ampɛ Sɛ Ɔkum Saulo
Saulo ne Filistifoɔ no ko wieeɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Dawid hyɛ En-Gedi ɛserɛ so hɔ.” Ɛno enti, Saulo yii mmarima mpensa firii Israel mmaa nyinaa, de wɔn kɔɔeɛ sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid ne ne mmarima wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn Wiram Mmirekyie Abotan no.
Ɔbɛduruu nnwammuo bi ho a ɛhɔ ara nso na ɔbodan bi wɔ no, Saulo wuraa mu sɛ, ɔrekɔgye nʼahome. Na Dawid ne ne mmarima no wɔ saa ɔbodan no mu akyirikyiri.
Mmarima no kaa sɛ, “Ɛnnɛ ne ɛda a Awurade kaa sɛ, ‘Mede wo ɔtamfoɔ bɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no deɛ wopɛ biara’ no”. Na Dawid weawea kɔɔ Saulo ho, kɔtwaa nʼatadeɛ ano.
Na Dawid adwenem antene no sɛ watwa Saulo atadeɛ ano. Ɔka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ, “Awurade nim sɛ ɛnsɛ sɛ meyɛ saa. Ɛyɛ musuo sɛ obi mɛtene me nsa wɔ obi a Awurade asra no ngo so; ɛfiri sɛ, Awurade ankasa na wapa no.” Ɔnam saa nsɛm yi so kaa ne mmarima no anim, na wamma ho kwan amma wɔankɔ Saulo so. Na Saulo firii ɔbodan no mu kɔɔ ne kwan no.
Dawid pue baeɛ, teateaam dii nʼakyi sɛ, “Me wura ɔhene!” Saulo twaa nʼani no, Dawid bɔɔ ne mu ase. Afei, ɔteaam, bisaa Saulo sɛ, “Adɛn enti na wotie nkurɔfoɔ ano sɛ merepɛ wo aha wo? Ɛnnɛ dua yi, wʼankasa wʼani tua sɛ ɛnyɛ nokorɛ. Ɛfiri sɛ, Awurade de wo hyɛɛ me nsa wɔ ɔbodan no mu, na me mmarima no bi ka kyerɛɛ me sɛ, menkum wo, nanso mankum wo. Na mekaa sɛ, ‘Merenyɛ no bɔne biara da, ɛfiri sɛ, ɔyɛ obi a Awurade asra no.’ Mʼagya, hwɛ adeɛ a mekura yi. Ɛyɛ wʼatadeɛ sin bi. Metwaeɛ, nanso mankum wo. Yei da no adi pefee sɛ merenha wo, na menyɛɛ wo bɔne biara nso, na mmom, wo na woataataa me so repɛ me akum me. Awurade na ɔbɛhwɛ me ne wo ntam asɛm. Ebia, deɛ woayɛ enti, Awurade bɛtwe wʼaso wɔ deɛ wopɛ sɛ woyɛ me no ho, na me deɛ, merenha wo da. Ɛbɛ no se, ‘Abɔnefoɔ mu na bɔne firi ba.’ Enti, gye di sɛ, merenha wo.
“Hwan na Israelhene repɛ no akye no yi? Ɛsɛ sɛ ɔsɛe ne berɛ taataa obi a ne ho nni mfasoɔ sɛ ɔkraman funu anaa edwie? Ma Awurade mmu atɛn nkyerɛ yɛn mu deɛ ɔdi bem, na ɔntwe ɛfɔdifoɔ no aso. Ɔno ne me kamafoɔ, na ɔbɛgye me afiri wo tumi ase.”
Saulo buaa sɛ, “Me babarima Dawid, wo na worekasa yi?” Na ɔhyɛɛ aseɛ suiɛ. Ɔtoaa so sɛ, “Wotene sene me. Wode papa atua me bɔne so ka, nanso me deɛ mayɛ wo bɔne. Ampa ara woayɛ me papa a ɛboro so, ɛfiri sɛ Awurade de me hyɛɛ wo nsa a, anka wobɛtumi akum me nanso woanku me. Sɛ obi nsa ka ne ɔtamfoɔ a, ɔgyaa no ma no kɔ kwa? Awurade nhyira wo wɔ ɛkwan a wode me afa so ɛnnɛ yi ho. Afei mahunu sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, wɔbɛsi wo ɔhene, na Israel ahemman no bɛdi yie wɔ wo pɛn so. Afei, suae Awurade din mu kyerɛ me sɛ, sɛ wobɛdi adeɛ a, worentwa mʼasefoɔ anaa worempepa me din mfiri mʼagya fie.”
Enti, Dawid suae kyerɛɛ Saulo. Na Saulo sane kɔɔ efie, na Dawid ne ne mmarima kɔɔ wɔn banbɔeɛ mu.
Samuel Owuo
Afei, Samuel wuiɛ na Israel nyinaa hyia yɛɛ no ayie. Na wɔsiee no wɔ ne kurom Rama. Na Dawid tu kɔɔ Maon ɛserɛ so.
Na ɔbarima ɔdefoɔ bi a ɔfiri Maon a na ɔwɔ agyapadeɛ wɔ baabi a ɛbɛn akuraa Karmel. Na ɔwɔ mmirekyie apem ne nnwan mpensa. Na ɛyɛ mmoa ho nwi twitwa berɛ. Saa ɔbarima no din de Nabal. Ne yere nso din de Abigail. Na ɔyɛ ɔbaa a ɔnim nyansa na ne ho nso yɛ fɛ. Nanso, na ne kunu a ɔyɛ Kalebni no mpɔeɛ, na ne suban nso nyɛ fɛ.
Ɛberɛ a Dawid tee sɛ Nabal retwitwa ne mmoa ho nwi no, ɔsomaa mmarima mmabunu edu kɔɔ ne nkyɛn. Ɔde nkra maa wɔn sɛ, “Wo nkwa so! Wo ne wo fiefoɔ nyinaa nnya ahoɔden! Na wʼagyapadeɛ nyinaa nso nyɛ nhyira.
“Mate sɛ woretwitwa wo nnwan ne mmirekyie ho nwi. Ɛberɛ a na mo nnwanhwɛfoɔ wɔ yɛn nkyɛn ha no, yɛanyɛ wɔn basabasa. Na mmerɛ dodoɔ a wɔdii wɔ Karmel no nso, wɔn biribiara annyera. Bisa wo ara wʼasomfoɔ na wɔbɛka akyerɛ wo. Yɛaba ha wɔ afahyɛ ɛda, ɛno enti, mesrɛ wo, ma yɛn aduane biara a wo nsa bɛso so.”
Dawid mmeranteɛ no de nkra no maa Nabal na wɔtwɛnee ne mmuaeɛ.
Nabal buaa Dawid asomfoɔ no sɛ, “Hwan ne saa Dawid yi? Saa Yisai babarima yi dwene sɛ ɔne hwan? Nnansa yi, asomfoɔ bebree retete wɔn ho afiri wɔn wuranom ho. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mede me burodo ne me nsuo ne mʼaboa a makum no ɛnam a mede rebɛma me nwitwitwafoɔ no ma akwanmukafoɔ a obi nnim baabi a wɔfiri?”
Na Dawid mmarima no sane kɔeɛ, kɔkaa deɛ Nabal kaeɛ no kyerɛɛ no. Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ, “Momfa mo akofena.” Na Dawid nso faa ne deɛ. Mmarima bɛyɛ sɛ ahanan na wɔkaa Dawid ho kɔeɛ, ɛnna mmarima ahanu nso tena wɛnee akodeɛ no.
Nabal asomfoɔ no mu baako kɔka kyerɛɛ Nabal yere Abigail sɛ, “Dawid somaa abɔfoɔ firi ɛserɛ no so sɛ wɔ ne yɛn wura mmɛkasa, nanso ɔdidii wɔn atɛm. Nanso Dawid nnipa no yɛ ma yɛn. Wɔannyɛ yɛn bɔne biara. Ɛberɛ a yɛne wɔn wɔ hɔ no, wɔamfa yɛn biribiara. Anadwo ne awia nyinaa, na wɔbɔ yɛn ne nnwan no ho ban. Enti, dwene ho yie, anyɛ saa a asɛm bɛto yɛn wura ne nʼabusua nyinaa. Ɔyɛ obi a ne bo ha no na obiara ntumi nkasa nkyerɛ no.”
Abigail ansɛe berɛ koraa. Ɔfaa burodo mua ahanu, nsã aboa nwoma mmienu, nnwan enum a wɔakum wɔn asiesie wɔn, nkyeweɛ susudeɛ enum, bobe ɔfam ɔha ne bobe aba a wɔabɔ no ntowantowa ahanu de soaa mfunumu. Na ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ sɛ, “Monni ɛkan nkɔ. Mɛti mo.” Nanso, wanka deɛ na ɔreyɛ no ankyerɛ ne kunu Nabal.
Ɔte nʼafunumu so nam ara kɔsii bepɔ bi nsiane mu no, ɔhunuu Dawid nso ne ne mmarima sɛ wɔresiane hyia no. Na Dawid aka sɛ, “Mfasoɔ biara nni so sɛ mahwɛ saa onipa yi agyapadeɛ so wɔ ɛserɛ so a ne biribiara annyera. Ɔde bɔne atua me papa a meyɛɛ no no so ka. Sɛ ɛba sɛ ɔkyena ne fieni bi da so te ase a, Onyankopɔn ne me nni no denden so pa ara.”
Abigail Pata Dawid
Abigail hunuu Dawid no, ntɛm ara, ɔhuri firii nʼafunumu no so sii fam, bɔɔ ne mu ase wɔ nʼanim. Ɔhwee ne nan ase kaa sɛ, “Me wura, megye saa asɛm yi ho afɔdie nyinaa to me ho so. Mesrɛ wo sɛ, tie asɛm a mewɔ ka. Menim sɛ Nabal yɛ otirimuɔdenfoɔ a ne bo nso ha no; mesrɛ wo, ntie no. Ɔyɛ ɔkwasea sɛdeɛ ne din kyerɛ no. Na mpo, abɔfoɔ a wosomaa wɔn no, manhunu wɔn. Afei, me wura, mpɛn dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase na Awurade amma woamfa awudie ne aweretɔ anhyɛ wo nsam yi, ma mmusuo mmra wʼatamfoɔ nyinaa so, sɛdeɛ ebi aba Nabal so yi. Akyɛdeɛ a mede abrɛ wo ne wo mmeranteɛ no nie.
“Mesrɛ wo, sɛ mafom a, fa kyɛ me. Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ Awurade de efie a nʼahennie ase bɛtim bɛdom wo, ɛfiri sɛ, woreko Awurade ko. Na wonyɛɛ bɔne biara nso wɔ wʼasetena mu. Na sɛ ɛba sɛ wɔn a wɔpɛ wo kra no taataa wo so a, Awurade, wo Onyankopɔn, bɛgye wo, abɔ wo ho ban sɛdeɛ wɔbɔ ademudeɛ ho ban. Na wʼatamfoɔ nkwa deɛ, ɛbɛyera te sɛ aboɔ a wɔato firi ahwimmoɔ mu. Sɛ Awurade di ɛbɔ a ɔhyɛɛ wo no nyinaa so ma wo, na ɔde wo di Israelhene a, mma yei nnyɛ nkekaawa wɔ wʼabrabɔ mu. Na worensoa wʼahonim adesoa duruduru a ɛfiri mogyakaguo ne aweretɔ a ɛho nni mfasoɔ ho. Na sɛ Awurade yɛ saa nneɛma akɛseɛ yi ma wo a, mesrɛ wo, kae me!”
Dawid buaa Abigail sɛ, “Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn a wama woabɛhyia me ɛnnɛ. Ɛda Awurade ase wɔ wʼadwene pa ho. Nhyira nka wo sɛ woamma me ankum ɔbarima no, na woamma mamfa me nsa antɔ wedeɛ. Na meka Awurade, Israel Onyankopɔn a wamma me manyɛ wo bɔne no ntam sɛ, sɛ woanka wo ho ammɛhyia me a, anka ɛbɛduru ɔkyena anɔpa no, na Nabal mmarima no mu baako koraa nte ase.”
Na Dawid gyee nʼakyɛdeɛ no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Sane kɔ efie asomdwoeɛ mu. Yɛrenkum wo kunu no.”
Ɛberɛ a Abigail duruu fie no, ɔhunuu sɛ Nabal ato ɛpono kɛseɛ sɛ ɔhene. Na waboro nsã enti, wanka biribiara a ɛfa ɔne Dawid nhyiamu no ho ankyerɛ no kɔsii adekyeeɛ. Adeɛ kyeeɛ a nʼani so ada hɔ no, Abigail kaa nsɛm a asisi no kyerɛɛ no. Nabal tee nsɛm no, ɔbubu kaa mpa so. Dadu akyi no, Awurade bɔɔ no ma ɔwuiɛ.
Dawid Ware Abigail
Dawid tee sɛ Nabal awu no, ɔkaa sɛ, “Nhyira nka Awurade a watua Nabal ka na wamma mankum no. Nabal anya ne bɔne so akatua.”
Na Dawid yɛɛ ntɛm soma kɔɔ Abigail nkyɛn, maa wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ, ɔbɛware no. Asomfoɔ no kɔɔ Karmel kɔka kyerɛɛ Abigail sɛ, “Dawid asoma yɛn sɛ yɛmmra mmɛbisa wo sɛ wobɛware no anaa?”
Ɔbɔɔ ne mu ase de nʼanim kyerɛɛ fam kaa sɛ, “Aane, masiesie me ho sɛ mɛsom Dawid asomfoɔ mpo.” Ntɛm ara, Abigail huri tenaa nʼafunumu so, faa ne mmaawa baanum kaa ne ho, na ɔne Dawid asomfoɔ no kɔeɛ, na ɔbɛyɛɛ Dawid yere. Dawid waree Ahinoam25.43 Na Ahinoam yɛ Dawid yere a ɔdi kane ([27.3]) a na ne babarima a ɔdi kane no wɔfrɛ no Amnon. a ɔfiri Yesreel, na wɔn baanu bɛyɛɛ ne yerenom. Na Saulo de ne babaa Mikal, Dawid yere, ama ɔbarima bi a ɔfiri Galim a ne din de Palti a na ɔyɛ Lais babarima.
Bio, Dawid Ampɛ Sɛ Ɔbɛkum Saulo
Sififoɔ kɔɔ Saulo nkyɛn wɔ Gibea kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Dawid akɔhinta ne ho wɔ Hakila bepɔ a ɛkyerɛ Yesimon no mu.”
Enti, Saulo yii nʼakodɔm mpensa kaa wɔn ho kɔɔ Sif ɛserɛ so sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid. Saulo bɔɔ nʼatenaeɛ wɔ kwankyɛn wɔ ɛkwan a ɛbɛn Hakila bepɔ a ɛne Yesimon di nhwɛanimu, baabi a Dawid akɔhinta hɔ. Dawid tee sɛ Saulo aba hɔ, enti ɔsomaa akwansrafoɔ sɛ wɔn tetɛ no.
Dawid kɔpuee baabi a Saulo abɔ ne ho atenaseɛ hɔ anadwo bi. Ɔhunuu sɛ Saulo ne Abner a ɔyɛ Ner babarima a ɔyɛ safohene adeda atenaeɛ no mu a asraafoɔ a wɔadeda atwa ne ho ahyia.
Dawid bisaa Hetini Ahimelek ne Seruia26.6 Na Seruia yɛ Dawid nuabaa panin ([1 Be 2.16]). Ɛno enti na Abisai yɛ ne wɔfaase te sɛ deɛ Yoab (a ɔyɛɛ Dawid Sahene) ne Asahei no. babarima Abisai, Yoab nua sɛ, “Hwan na ɔde ne ho bɛbɔ afɔdeɛ ɔne me bɛkɔ Saulo nkyɛn atenaeɛ no mu hɔ?”
Abisai buaa sɛ, “Me ne wo bɛkɔ.”
Enti, Dawid ne Abisai kɔɔ asraafoɔ no nkyɛn anadwo, kɔtoo Saulo sɛ wada wɔ atenaeɛ no mu a, ɔde ne pea apoma fam wɔ ne tiri ho pɛɛ. Na Abner ne asraafoɔ no nso atwa ne ho ahyia a wɔadeda.
Abisai ka kyerɛɛ Dawid brɛoo sɛ, “Ɛnnɛ deɛ, Onyankopɔn ayi wo ɔtamfoɔ ahyɛ wo nsa. Enti, ma memfa me pea no nwɔ no pɛn koro, nka no ntim fam. Merenwɔ no mprenu.”
Nanso, Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ, “Dabi, nsɛe no. Hwan na ɔbɛtumi de ne nsa aka onipa a Awurade asra no, na ɔnni ho fɔ? Nokorɛ nie, Awurade bɛbɔ Saulo ahwe da koro, anaasɛ ɔbɛtɔ wɔ ɔko mu, anaasɛ ɔbɛnyini na wawu. Awurade mma ɛmpare me sɛ mede me nsa bɛka onipa a Onyankopɔn asra no. Na wonim biribi? Yɛbɛfa ne pea ne ne sukuruwa na yɛakɔ.”
Na Dawid faa pea no ne sukuruwa a ɛsi Saulo tiri ho no, na wɔkɔeɛ a obiara anhunu wɔn na wɔn mu biara nso annyane mpo. Na wɔn nyinaa adeda, ɛfiri sɛ, Awurade de nnahɔɔ too wɔn so.
Dawid foroo bepɔ a ɛne atenaeɛm hɔ di nhwɛanimu kɔsii sɛ ɔduruu baabi a bɔne bi ntumi nka no. Ɔteaam frɛɛ Abner ne Saulo sɛ, “Sɔre oo! Abner.”
Abner bisaa sɛ, “Hwan nie?”
Dawid goroo ne ho sɛ, “Abner, woyɛ onipa kɛseɛ, ɛnte saa? Israelman mu nyinaa, ɛhe na otumfoɔ bi wɔ? Na adɛn enti na woannwɛn wo wura, ɔhene no ɛberɛ a obi baa sɛ ɔrebɛkum no no? Saa asɛm yi nyɛ koraa! Meka ntam wɔ Awurade din mu sɛ, wo ne wo mmarima no nyinaa sɛ owuo, ɛfiri sɛ, moantumi ammɔ mo wura, deɛ Awurade asra noɔ no ho ban. Monhwɛ mo ho nhyia. Ɔhene no pea ne ne sukuruwa a na ɛsi ne tiri ho no wɔ he?”
Saulo tee Dawid nne enti ɔfrɛɛ sɛ, “Wo nie me ba Dawid?”
Na Dawid buaa no sɛ, “Nana, ɛyɛ me. Adɛn enti na wotaa me? Ɛdeɛn na mayɛ? Me bɔne ne sɛn? Na afei mepɛ sɛ me wura tie ne ɔsomfoɔ, Nana. Sɛ Awurade na wahwanyan wo atia me a, ɛnneɛ ma ɔnnye mʼafɔdeɛ. Na sɛ nso ɛyɛ onipa nhyehyɛeɛ a, ɛnneɛ, Awurade nnome wɔn a wɔyɛɛ saa nhyehyɛeɛ no. Ɛfiri sɛ, moapam me afiri me fie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, merentumi ne Awurade nkurɔfoɔ ntena, nsom sɛdeɛ ɛsɛ. Menwu wɔ ananafoɔ asase so a ɛhɔ ne Awurade anim ɛkwan ware anaa? Adɛn enti na Israelhene atu sa, rehwehwɛ edwie baako pɛ? Adɛn enti na mokɔ me atwee sɛdeɛ ɔbɔfoɔ kɔ ha pɛ akokɔhwedeɛ wɔ mmepɔ so?”
Ɛnna Saulo kaa nokorɛ sɛ, “Mayɛ bɔne. Sane bra fie, me ba na merenha wo bio, ɛfiri sɛ ɛnnɛ, woama me nkwa asom wo bo. Mayɛ nkwaseadeɛ na mafom yie.”
Dawid buaa sɛ, “Ao, ɔhene, wo pea nie. Ma wo mmeranteɛ no mu baako mmra mmɛgye. Awurade na ɔma papayɛ ne nokorɛdie so akatua. Awurade de wo hyɛɛ me tumi ase mpo, mampɛ sɛ mɛkum wo, ɛfiri sɛ woyɛ obi a Awurade asra no. Afei, me kra nsom Awurade bo, sɛdeɛ wo deɛ asom me bo ɛnnɛ yi. Ɔnnye me mfiri me haw nyinaa mu.”
Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Nhyira nka wo, me ba Dawid. Wobɛyɛ mmaninneɛ ne nkonimdini kɛseɛ.”
Na Dawid kɔeɛ ɛna Saulo nso kɔɔ efie.
Dawid Wɔ Filistifoɔ Mu
Na Dawid dwenee ho sɛ, “Ɛda bi, mɛtɔ wɔ Saulo nsa ano. Na deɛ mɛyɛ a ɛbɛyɛ pa ara ne sɛ, mɛdwane akɔ Filistifoɔ nkyɛn. Ɛba saa a, Saulo bɛgyae mʼakyi die na mɛnya banbɔ.”
Na Dawid ne mmarima ahansia tutu kɔtenaa Gat kɔhyɛɛ Maok babarima ɔhene Akis ase. Na Dawid de ne yerenom baanu a wɔyɛ Ahinoam a ɔfiri Yesreel ne Abigail a ɔfiri Karmel a na ɔyɛ Nabal kunabaa no kɔeɛ. Saulo tee sɛ Dawid adwane kɔ Gat no, wanni nʼakyi anhwehwɛ no bio.
Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ, “Sɛ ɛrenha wo a, ma yɛn baabi wɔ nkuro no bi so na yɛnkɔtena hɔ sene sɛ yɛbɛtena ahenkuro yi mu.”
Enti, Akis de Siklag kuro maa no, (na ɛfiri saa ɛda no, ɛhɔ abɛyɛ Yuda ahemfo atenaeɛ de bɛsi ɛnnɛ), na wɔtenaa Filistifoɔ no mu afe ne abosome ɛnan.
Afei, Dawid ne ne dɔm kɔto hyɛɛ Gesurfoɔ, Girsifoɔ ne Amalekfoɔ so. Saa nnipa yi na na kane no, wɔtete asase a ɛtene kɔ Sur a ɛwɔ Misraim ɛkwan so no. Dawid annya onipa baako anikann wɔ nkura a ɔkɔto hyɛɛ wɔn so no mu. Ɔfaa nnwan, anantwie, mfunumu, nyoma ne ntadeɛ nyinaa ansa na ɔsane akɔ Akis nkyɛn.
Akis bisaa Dawid sɛ, “Ɛhe na ɛnnɛ mofom nneɛma kɔduruiɛ?”
Dawid buaa sɛ, “Yɛkɔɔ Yuda anafoɔ fam, kɔto hyɛɛ Yerahmeelfoɔ27.10 Yerahmeelfoɔ nam Hesron so bɛyɛɛ Yuda asefoɔ ([1 Be 2.9],[25],[26]). Hwɛ nsɛm a ɛfa Kenifoɔ ho wɔ [Ate 4.11]. ne Kenifoɔ so.” Dawid kumm wɔn nyinaa. Wannya obiara a ɔbɛtumi aba Gat abɛkyerɛ faako a ɔkɔeɛ. Saa adeɛ yi kɔɔ so ara wɔ ɛberɛ a na Dawid te Filistifoɔ mu no. Akis gyee Dawid diiɛ, na ɔdwenee ne tirim sɛ, “Saa ɛberɛ yi deɛ, Israelfoɔ bɛkyiri no kɔkɔɔkɔ. Ɛsɛ sɛ ɔtena ha, na ɔsom me afebɔɔ.”
Saulo Kɔ Abisa
Saa ɛberɛ no mu, Filistifoɔ no boaboaa wɔn akodɔm ano sɛ wɔrebɛko atia Israel. Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Merehwɛ kwan sɛ, wo ne wo mmarima bɛka me ho akɔ ɔko no.”
Dawid penee so sɛ, “Ɛyɛ pa ara, woankasa bɛhunu deɛ yɛbɛtumi ayɛ.”
Akis kaa sɛ, “Mɛyɛ wo me hobanbɔfoɔ afebɔɔ.”
Saa ɛberɛ yi na Samuel awu, ama Israel nyinaa atwa agyaadwoɔ. Wɔsiee no wɔ ɔno ara ne kurom Rama. Saa ɛberɛ no, na Saulo apamo asamanfrɛfoɔ ne ahohomfrɛfoɔ afiri asase no so.
Filistifoɔ no boaa wɔn ho ano, kyeree sraban wɔ Sunem. Ɛnna Saulo nso boaboaa Israelfoɔ no nyinaa ano, kyeree sraban wɔ Gilboa. Ɛberɛ a Saulo hunuu Filistifoɔ akodɔm dodoɔ no, ɔsuroeɛ, maa ehu bɛhyɛɛ nʼakoma ma. Ɔbisaa Awurade deɛ ɔnyɛ nanso Awurade ammua no, wɔ adaeɛsoɔ anaa ntontobɔ kronkron anaa adiyifoɔ so. Saulo ka kyerɛɛ nʼafotufoɔ sɛ, “Monhwehwɛ ɔbaa samanfrɛfoɔ bi mma me, na menkɔ ne hɔ abisa.”
Nʼafotufoɔ no buaa sɛ, “Ɔbaa samanfrɛfoɔ bi wɔ Endor.”
Enti, Saulo sesaa ne ho, hyɛɛ ntadeɛ afoforɔ nsakyeramu bi a ɛnyɛ ɔhene afadeɛ, na ɔne mmarima no mu baanu kɔɔ ɔbaa no nkyɛn anadwo. Saulo kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ me ne obi a wawu kasa. Wobɛtumi afrɛ ne sunsum ama me anaa?”
Ɔbaa no bisaa sɛ, “Wopɛ sɛ wɔkum me anaa? Wonim sɛ Saulo apamo asamanfrɛfoɔ ne ahohomfrɛfoɔ nyinaa afiri asase yi so. Adɛn enti na wosum me afidie?”
Saulo de Awurade din kaa no ntam sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, wɔrentwe wʼaso wɔ yei ho da.”
Afei, ɔbaa no bisaa sɛ, “Hwan na memfrɛ no mma wo?”
Ɔbuaa sɛ, “Frɛ Samuel ma me.”
Na ɔbaa no hunuu Samuel no, ɔde nne kɛseɛ teaam ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “woadaadaa me! Wone Saulo!”
Ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro. Ɛdeɛbɛn na wohunu?” Ɔbaa no buaa sɛ, “Mehunu honhom bi sɛ apue afiri fam reba.”
Saulo bisaa sɛ, “Ɔte sɛn?”
Ɔbuaa sɛ, “Akɔkoraa bi a ɔhyɛ batakari, na ɔreba.”
Ɛhɔ na Saulo hunuu sɛ ɛyɛ Samuel enti, ɔbɔɔ ne mu ase de nʼanim butuu fam.
Samuel bisaa sɛ, “Adɛn enti na wofrɛ me de ha me saa?”
Saulo buaa sɛ, “Ɛfiri sɛ, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ amene me. Filistifoɔ de ɔko atentam yɛn. Na Onyankopɔn nso agya me. Mente ne nka wɔ adiyifoɔ nkyɛn anaa daeɛso mu. Enti, mafrɛ wo sɛ kyerɛ me deɛ menyɛ.”
Na Samuel buaa sɛ, “Sɛ Awurade agya wo, abɛyɛ wo ɔtamfoɔ a, adɛn enti na worebisa me? Awurade ayɛ deɛ ɔkaa sɛ ɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ. Wagye ahennie no afiri wo nsam de ama Dawid a ɔne wo resi akan. Awurade ayɛ saa, ɛfiri sɛ, woanni ne mmara a ɛfa Amalekfoɔ ho no so. Deɛ ɛka ho ne sɛ, ɔkyena, Awurade de wo ne Israel asraafodɔm nyinaa bɛma Filistifoɔ, na wo ne wo mma abɛka me ho wɔ ha. Awurade bɛma Israel akodɔm no nyinaa adi nkoguo.”
Samuel nsɛm a Saulo teeɛ no enti, ehu kyekyeree no ma ɔhwee fam tim. Afei nso, na ɔnni ahoɔden biara, ɛfiri sɛ, na ɔnnidii da mu no ne anadwo mu no nyinaa.
Ɔbaa no hunuu adwenem haw a ɔwɔ mu no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, mede me nkwa too hɔ, yɛɛ wʼabisadeɛ. Enti, yɛ deɛ mɛkyerɛ wo sɛ yɛ no, na mama wo biribi adi sɛdeɛ ɛbɛma woanya ahoɔden, asane akɔ wʼakyi.”
Nanso, Saulo antie. Mmarima a wɔka ne ho no hyɛɛ no sɛ ɔnnidi. Enti, akyire yi, ɔpenee so sɔre firi fam hɔ, tenaa akonnwa so.
Na ɔbaa no ayɛn nantwie ba ama wadɔre sradeɛ enti, ɔyɛɛ ntɛm kɔkumm no, na ɔfɔɔ asikyiresiam, fɔtɔeɛ de too apiti. Ɔde aduane no bɛsii Saulo ne ne mmarima no anim, ma wɔdiiɛ. Na wɔfirii hɔ kɔɔ anadwo no.
Filistifoɔ Pamo Dawid
Filistifoɔ no boaboaa wɔn akodɔm nyinaa ano wɔ Afek, na Israelfoɔ nso kɔkyeree sraban wɔ asutire bi ho wɔ Yesreel. Ɛberɛ a Filistifoɔ ntuanofoɔ de wɔn nsraadɔm akuakuo ɔha ɔha mu ne mpempem retu ɔsa no, na Dawid nso ne ne dɔm retu sa wɔ wɔn akyi a, Akis ka wɔn ho. Filistifoɔ asahene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na Hebrifoɔ yi reyɛ wɔ ha?”
Akis buaa sɛ, “Ɔyi ne Dawid, ɔbarima a ɔdwane firii Israelhene Saulo anim no. Waba me nkyɛn ha ne me abɛtena bɛboro afe nie. Na ɛfiri ɛberɛ a ɔgyaa Saulo hɔ bɛsi ɛnnɛ yi, menhunuu ne ho mfomsoɔ biara.”
Na Filistifoɔ asahene no bo fuu no kaa sɛ, “Ma ɔbarima no nsane nkɔ, sɛdeɛ ɔbɛkɔ baabi a wode maa no no. Ɛnsɛ sɛ ɔka yɛn ho kɔ ɔko no, ɛfiri sɛ, sɛ anhwɛ a, ɔbɛdane nʼani ako atia yɛn wɔ ɔko no mu. Ɛkwan foforɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛfa so ne ne wura Saulo aka abɔ mu a ɛsene sɛ ɔbɛko atia yɛn anaa? Ɛnyɛ saa Dawid yi na wɔtoo dwom faa ne ho wɔ wɔn asa mu sɛ:
“Saulo akum ne mpempem
na Dawid deɛ, wakum ɔpedu ɔpedu no?”
Na Akis frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, menhyiaa mmarima a wɔte sɛ mo, anka mepɛ sɛ mo ne yɛn kɔ ɔko, nanso Filistifoɔ sodifoɔ a aka no mpene so. Enti, sane wʼakyi na kɔ no asomdwoeɛ mu. Ɛno enti, nyɛ biribiara a ɛbɛha Filistifoɔ no.”
Dawid bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ a ɛsɛ sɛ wɔde me fa saa ɛkwan yi so? Adɛn enti na ɛnsɛ sɛ meko tia me wura ɔhene no atamfoɔ?”
Nanso, Akis gyinaa mu pintinn kaa sɛ, “Me nko ara me fa mu deɛ, woyɛ pɛpɛ te sɛ Onyankopɔn ɔbɔfoɔ. Nanso, asahene no suro sɛ wɔde wo bɛka wɔn ho wɔ ɔko mu. Enti, sɔre anɔpahema, na wo ne wo mmarima no nkɔ ɛberɛ a animu retete no.”
Na Dawid sane kɔɔ Filistifoɔ asase so, na Filistifoɔ akodɔm no nso kɔɔ Yesreel.
Dawid Tɔre Amalekfoɔ Ase
Nnansa so, Dawid ne ne mmarima kɔduruu Siklag. Na Amalekfoɔ abɛto ahyɛ Negeb so ahye Siklag pasaa. Wɔkyekyeree mmaa ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa a ɛyɛ mmɔfra ne mpanin. Wɔankum wɔn mu biara, na mmom, wɔsoaa wɔn de wɔn kɔeɛ.
Ɛberɛ a Dawid ne ne mmarima no hunuu sɛdeɛ Siklag asɛeɛ ne asɛm a ato wɔn abusuafoɔ no, wɔtwaa agyaadwoɔ ara kɔsii sɛ afei na wɔntumi ntwa agyaadwoɔ no bio. Dawid yerenom baanu a wɔne Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail a na ɔyɛ Nabal yere no ka wɔn a wɔsoaa wɔn kɔeɛ no ho. Dawid ho yeraa no yie, ɛfiri sɛ, na mmarima no adwene ho sɛ wɔbɛsi no aboɔ, ɛsiane, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa a wɔakyekye wɔn no enti. Nanso, Dawid nyaa ahoɔden wɔ Awurade, ne Onyankopɔn mu.
Na Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar, sɛ, “Fa asɔfotadeɛ no brɛ me.” Na Abiatar de baeɛ. Na Dawid bisaa Awurade sɛ, “Menti ɛdɔm no anaa? Mɛto wɔn anaa?”
Awurade buaa no sɛ, “Aane, ti wɔn. Na biribiara a wɔafa afiri mo nkyɛn no, mo nsa bɛka ne nyinaa.” Enti, Dawid ne ne mmarima ahansia no sii ɛkwan so. Ankyɛre biara na wɔduruu Besor asuwa no so. Nanso, mmarima no mu ahanu deɛ, na wɔabrɛbrɛ yie enti, wɔantumi antwa asuo no. Ɛno enti, Dawid de akodɔm ahanan a wɔaka no toaa so.
Dawid akodɔm no bi hunuu Misraimni barima bi wɔ wiram hɔ na wɔde no brɛɛ Dawid. Wɔmaa no burodo sɛ ɔnni ne nsuo sɛ ɔnnom. Wɔsane maa no borɔdɔma ɔfam sin bi ne bobe aba abɔnta, ɛfiri sɛ, na hwee nkaa nʼano nnansa awia ne anadwo. Ankyɛre na ɔnyaa ahoɔden.
Dawid bisaa no sɛ, “Hwan onipa ne wo, na wofiri he?”
Ɔbuaa sɛ, “Meyɛ Misraimni, na Amalekni bi akoa ne me. Nnansa ni na me wura gyaa me hɔ, ɛfiri sɛ, na meyare. Yɛkɔtuaa Keretifoɔ30.14 Na Keretifoɔ ne Filistifoɔ bɔ abusua. Akyire yi, wɔdɔm Dawid ɔko mu ([2 Sam 15.18]; [20.7]; [1 Ah 1.38]). wɔ Negeb a ɛyɛ Yudaman wɔ Kaleb asase so, na yɛhyee Siklag nkyɛreeɛ.”
Dawid bisaa no sɛ, “Enti, wobɛdi mʼanim akɔ wɔn nkyɛn?”
Aberanteɛ no buaa sɛ, “Sɛ wode Onyankopɔn din bɛka ntam sɛ worenkum me anaa worensane mfa me mma me wura deɛ a, ɛnneɛ, mɛdi wʼanim de wo akɔ.”
Na Misraimni no dii wɔn anim kɔɔ Amalekfoɔ no atenaeɛ. Ɛberɛ a Dawid ne ne mmarima no duruu hɔ no, na Amalekfoɔ no ahwete wɔ ɛserɛ no so a wɔredidi nom na wɔde ahosɛpɛ resa, ɛfiri sɛ, na wɔanya asadeɛ bebree afiri Filistifoɔ nkyɛn ne Yuda asase so. Dawid ne ne mmarima to hyɛɛ wɔn so, kunkumm wɔn wɔ akofena ano anadwo mu no nyinaa, kɔsii adekyeeɛ no anwummerɛ. Amalekfoɔ no mu biara antumi annwane, agye mmarima ahanan a wɔtenatenaa nyoma so dwaneeɛ no. Dawid gyee biribiara a Amalekfoɔ no faeɛ, sane gyee ne yerenom baanu no. Biribiara anyera: sɛ ɛyɛ ketewa anaa kɛseɛ, ɔbabarima anaa ɔbabaa anaa biribiara a wɔfom faeɛ no, Dawid de ne nyinaa sane baeɛ. Nʼakodɔm no kaa nnwan ne anantwie no so, de wɔn baeɛ. Na wɔkaa sɛ, “Yeinom nyinaa wɔ Dawid sɛ nʼadwuma pa so akatua.”
Na wɔduruu Besor asuwa no so na wɔhunuu mmarima ahanu a ɔbrɛ dodoɔ enti, wɔantumi ne wɔn ankɔ no. Dawid kyeaa wɔn anigyeɛ so. Nanso, Dawid mmarima no mu asɛmpɛfoɔ bi kaa sɛ, “Wɔne yɛn ankɔ enti, wɔrennya asadeɛ no bi. Momfa wɔn yerenom ne wɔn mma mma wɔn, na monka nkyerɛ wɔn sɛ, wɔmfiri yɛn ani so nkɔ.”
Nanso, Dawid kaa sɛ, “Dabi, anuanom! Monnyɛ deɛ Awurade de ama yɛn no ho pɛsɛmenkomenya. Wakora yɛn so, aboa yɛn ama yɛadi yɛn atamfoɔ so nkonim. Mogye di sɛ sɛ moka no saa a, obi bɛtie mo? Sɛ yɛrekyɛ a, momma yɛnkyɛ no pɛ mma wɔn a wɔkɔ sa ne wɔn a wɔhwɛ akodeɛ so nyinaa.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, Dawid yɛɛ yei mmara, maa Israel nyinaa na wɔgu so di so saa ara de bɛsi ɛnnɛ.
Ɛberɛ a Dawid duruu Siklag no, ɔsoma maa wɔde asadeɛ no bi kɔmaa Yuda mpanimfoɔ a na wɔyɛ ne nnamfonom kaa sɛ, “Mo akyɛdeɛ a yɛfa firi Awurade atamfoɔ nsam nie.”
Wɔde akyɛdeɛ no kɔmaa ntuanofoɔ a wɔwɔ Bet-El, Ramot a ɛwɔ anafoɔ fam, Yatir. Aroer, Sifmot, Estemoa, Rakal ne wɔn a wɔwɔ Yerahmeelfoɔ nkuro mu ne wɔn a wɔwɔ Kenifoɔ kuro mu, ne wɔn a wɔwɔ Horma, Bor-Asan, Atak, Hebron ne mmeaemmeae a Dawid ne ne mmarima kyinkyinii hɔ nyinaa.
Saulo Owuo
Afei, Filistifoɔ no ko tiaa Israel. Israelfoɔ no dwanee wɔ wɔn anim, na wɔkunkumm pii wɔ Gilboa bepɔ so. Filistifoɔ no kɔɔ Saulo ne ne mmammarima so, kunkumm wɔn mu baasa a ɛyɛ Yonatan, Abinadab ne Malki-Sua. Ɔko no mu yɛɛ den wɔ baabi a na Saulo wɔ hɔ. Filistifoɔ agyantofoɔ no bɛn no, na wɔpiraa no kɛse pa ara.
Saulo firi yea mu ka kyerɛɛ nʼakodeɛkurafoɔ no sɛ, “Twe wo akofena no, na fa wɔ me, na wɔn a wɔntwaa twetia no amfa wɔn akofena ammɛwɔ me, angu mʼanim ase.”
Na nʼakodeɛkurafoɔ no suroo sɛ ɔbɛyɛ saa. Enti, Saulo twee ɔno ankasa akofena sinaa ne ho wɔ so. Ɛberɛ a nʼakodeɛkurafoɔ no hunuu sɛ wawuo no, ɔno nso sinaa ne ho wɔ nʼankasa akofena no so, na ɔwu daa ne ho. Enti, Saulo ne ne mma mmarima baasa, nʼakodeɛkurafoɔ ne nʼakodɔm nyinaa totɔɔ saa ɛda no.
Ɛberɛ a Israelfoɔ a wɔwɔ Yesreel bɔnhwa no fa baabi ne Yordan agya no hunuu sɛ Israel akodɔm no adi nkoguo, na Saulo nso ne ne mmammarima no nso atotɔ no, wɔgyaa wɔn nkuro hɔ dwaneeɛ. Na Filistifoɔ no bɛtenaa hɔ.
Adeɛ kyeeɛ a Filistifoɔ kɔyiyii atɔfoɔ no ho no, wɔhunuu Saulo ne ne mmammarima baasa no amu wɔ Gilboa bepɔ so. Enti, wɔtwaa Saulo ti, yiyii nʼakodeɛ nyinaa. Afei, wɔbɔɔ Saulo wuo no dawuro wɔ wɔn abosomfie, ne ɔman no mu nyinaa. Wɔde nʼakodeɛ no kɔguu Astoret asɔreeɛ so, na wɔkyekyeree nʼamu no fam kuropɔn Bet-San ɔfasuo ho.
Na Yabes Gileadfoɔ tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo no, wɔn akofoɔ twaa ɛkwan anadwo mu no nyinaa kɔɔ Bet-San kɔfaa Saulo ne ne mmammarima baasa no amu firii ɔfasuo no ho. Wɔde kɔɔ Yabes bɛhyee wɔn. Afei, wɔfaa wɔn nnompe kɔkoraa no odum dua no ase wɔ Yabes, na wɔdii mmuada nnanson.