- Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
1 Korintofoɔ
Paulo Nwoma A Ɛdi Ɛkan A Ɔtwerɛ Kɔmaa Korintofoɔ
1 Korintofoɔ
1 Ko
Paulo Nwoma A Ɛdi Ɛkan A
Ɔtwerɛ Kɔmaa
Korintofoɔ
Nkyea
Krataa yi firi me, Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so enti, wɔafrɛ me sɛ menyɛ Kristo Yesu somafoɔ no ne onua Sostene nkyɛn,
Yɛde rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto no ne wɔn a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ Onyankopɔn akyidifoɔ kronkron no, ne wɔn a wɔwɔ baabiara a wɔbɔ yɛn Awurade Yesu din sɛ ɔyɛ wɔn ne yɛn Awurade no:
Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo.
Aseda
Esiane adom a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so dom mo no enti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo. Ɛnam ne so ama moayɛ ma biribiara mu, ɔkasa ne adwene mu. Kristo ho asɛm atim wɔ mo mu, ɛno enti, ɛsiane sɛ moretwɛn ama wɔada yɛn Awurade Yesu Kristo adi no enti, nhyira biara, monya bi. Ɔbɛhyɛ mo den akɔsi awieeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, da a Awurade bɛba no, wɔrennya mo ho mfomsoɔ biara. Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne Ba Yesu Kristo ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafoɔ.
Asafo No Mpaapaemu
Anuanom, menam Awurade Yesu Kristo tumi so metu mo fo sɛ, asɛm biara a mobɛka no, monyɛ adwene na mo mu ampaapae. Monsɔ adwene ne botaeɛ baako mu na ama moayɛ baako. Anuanom, nnipa bi a wɔfiri Kloe efie apae mu aka akyerɛ me sɛ, akasakasa wɔ mo asafo yi mu. Asɛm a mepɛ sɛ meka ne sɛ, wɔn mu biara ka asɛm a ɔpɛ. Yei ka sɛ, “Mewɔ Paulo afa” a, ɔfoforɔ sɛ, “Mewɔ Apolo afa.” Obi sɔre na ɔse, “Mewɔ Petro afa” a, ɔbaako nso se, “Mewɔ Kristo afa.”
Wɔakyekyɛ Kristo mu akuakuo? Paulo na ɔwuu wɔ asɛnnua no so maa mo anaa? Wɔbɔɔ mo asu sɛ Paulo asuafoɔ anaa? Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu ka Krispo ne Gaio ho. Obiara rentumi nka sɛ wɔbɔɔ mo asu sɛ mʼasuafoɔ. Mekae sɛ mebɔɔ Stefana ne ne fiefoɔ asu. Na menkae sɛ mebɔɔ obi foforɔ asu bio. Kristo ansoma me sɛ memmɛbɔ asu, na mmom ɔsomaa me sɛ memmɛka asɛmpa a ɛmfiri nnipa nyansa mu, na obi annyina so amma Kristo wu a ɔwuu asɛnnua no so no mu tumi anyɛ kwa.
Kristo A Ɔyɛ Onyankopɔn Tumi
Asɛnka a ɛkyerɛ Kristo asɛnnuambɔ no yɛ nsɛm a aba nni mu ma wɔn a wɔreyera. Nanso, yɛn a wɔregye yɛn nkwa no deɛ, ɛyɛ Onyankopɔn tumi. Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Mɛsɛe anyansafoɔ nyansa,
na mɛma nimdefoɔ adenim ayɛ ɔkwa.”
Enti, onyansafoɔ wɔ he? Onimdefoɔ nso wɔ he? Ewiase yi mu akyinnyegyefoɔ wɔ he? Onyankopɔn akyerɛ sɛ ewiase yi mu nyansa yɛ ohunu. Enti, Onyankopɔn nam ɔno ara ne nyansa so yɛɛ sɛ, nnipa a wɔpɛ sɛ wɔfa wɔn ara wɔn nyansa so hunu no no renhunu no da. Na mmom, Onyankopɔn yɛɛ nʼadwene sɛ wɔn a wɔgye asɛm a “aba nni mu” a yɛka no di no, ɔbɛgye wɔn nkwa. Yudafoɔ hwehwɛ sɛ wɔhunu nsɛnkyerɛnneɛ, ɛnna Helafoɔ nso hwehwɛ nyansa. Nanso, yɛn deɛ, yɛka Kristo wu a ɔwuu wɔ asɛnnua no so no ho asɛm. Saa asɛm no yɛ Yudafoɔ abufuo ɛnna ɛyɛ asɛm a aba nni mu ma amanamanmufoɔ; nanso Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a Onyankopɔn afrɛ wɔn no, Kristo yɛ Onyankopɔn tumi ne Onyankopɔn nyansa. Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ sɛ aba nni mu no, aba wɔ mu sene nnipa nyansa, na saa ara nso na deɛ ɛyɛ sɛ ɛyɛ mmerɛ wɔ Onyankopɔn fam no yɛ den sene nnipa ahoɔden.
Afei, anuanom, monkae ɛberɛ a Onyankopɔn frɛɛ mo no tebea a na mowɔ mu. Nnipa fam deɛ na mo mu bebree nyɛ anyansafoɔ, na mo mu bebree nni tumi, na mo mu bebree nyɛ adehyeɛ nso. Nanso, Onyankopɔn faa ewiase yi mu nsɛm a aba nni mu no, nam so guu anyansafoɔ anim ase. Onyankopɔn faa nneɛma a ɛyɛ mmerɛ wɔ ewiase, nam so de guu ahoɔden anim ase. Ɔfaa deɛ ewiase mmu na wɔmfa nyɛ hwee no de sɛee deɛ ewiase susu sɛ ɛho hia no. Yei kyerɛ sɛ obi ntumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim. Nanso, Onyankopɔn aka mo abata Kristo Yesu ho na Onyankopɔn nam Kristo so ama yɛn nyansa; ɛnam ne so ma yɛatene wɔ Onyankopɔn anim. Yɛyɛ Onyankopɔn ahotefoɔ a wama yɛade yɛn ho. Enti sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no, ɔnhoahoa ne ho wɔ deɛ Awurade ayɛ mu.”
Kristo Ho Asɛnka Wɔ Asɛnnua So
Anuanom, ɛberɛ a mebaa mo nkyɛn bɛkaa Onyankopɔn ho ahintasɛm a ɛyɛ nokorɛ kyerɛɛ mo no, manka asɛm a ɛkyere adwene anaa nyansa a ɛtra mo so. Meyɛɛ mʼadwene sɛ ɛberɛ a me ne mo wɔ hɔ no, mɛma me werɛ afiri biribiara gye Yesu Kristo nko na ne titire no, ne wuo wɔ asɛnnua no so no. Enti, ɛberɛ a mebaa mo hɔ no, na meyɛ mmerɛ a ehu ne ahopopoɔ aka me. Na me nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛeɛ no nso mannyina anyansasɛm ne nnipa adwene so na mekyerɛkyerɛeɛ, na mmom, menam kasa pa so daa tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Honhom Kronkron no mu no adi. Enti, mo gyidie nnyina onipa nyansa so, na mmom, ɛgyina Onyankopɔn tumi so.
Onyankopɔn Nyansa
Mekasa nyansa mu kyerɛ wɔn a wɔanyini wɔ Honhom mu. Nanso, saa nyansa no nyɛ ewiase nyansa anaa ewiase yi mu tumi ahodoɔ a wɔn tumi resa no. Nyansasɛm a meka no yɛ Onyankopɔn nyansa a wɔde ahinta nnipa. Ɛno na Onyankopɔn ayi ato hɔ ama yɛn dada sɛ yɛn animuonyam ahyɛdeɛ ansa na wɔrebɔ ewiase. Aman sodifoɔ biara nnim saa nyansa no. Sɛ wɔnim a, anka wɔremmɔ Awurade a animuonyam ahyɛ no ma no asɛnnua mu. Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Deɛ onipa biara anhunu na wante da,
deɛ onipa biara annwene ho sɛ ɛbɛba da no,
ɛno na Onyankopɔn no ara asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no.”
Na yɛn na Onyankopɔn nam ne Honhom Kronkron no so ada nʼahintasɛm yi adi akyerɛ yɛn.
Honhom no pɛɛpɛɛ biribiara mu kɔsi Onyankopɔn ahintasɛm a emu dɔ no so. Onipa deɛ, ɔno ara ne honhom a ɛte ne mu no na ɛnim ne ho nsɛm nyinaa; saa ara nso na Onyankopɔn Honhom no nko ara na ɛnim Onyankopɔn ho nsɛm nyinaa. Ɛnyɛ ewiase yi mu honhom na yɛanya; Honhom Kronkron a Onyankopɔn somaa no no na yɛanya sɛdeɛ ɛbɛma yɛahunu deɛ Onyankopɔn de ama yɛn no nyinaa. Enti, ɛnyɛ nsɛm a nnipa de wɔn nyansa akyerɛ yɛn no na yɛka, na mmom, nsɛm a Honhom no akyerɛ yɛn no na yɛnam Honhom no mu nokorɛ reda saa honhom mu nsɛm yi adi akyerɛ wɔn a wɔwɔ Honhom no. Nanso, obi a ɔnni Honhom no rentumi nnya akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn Honhom no mu. Ɔrente aseɛ da biara da; ɔfa no sɛ nsɛm a aba nni mu, ɛfiri sɛ, wɔgyina Honhom no nko so na wɔbɛtumi anya nteaseɛ a ɛsɛ. Onipa a Honhom no te ne mu no tumi sese biribiara nanso obiara rentumi mmu no atɛn. Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Hwan na ɔnim Awurade adwene?
Hwan na ɔbɛtumi atu no fo?”
Nanso, yɛn deɛ, yɛwɔ Kristo adwene no bi.
Onyankopɔn Asomfoɔ
Nokorɛm, anuanom, mantumi ankasa ankyerɛ mo sɛ nnipa a wɔwɔ Honhom no. Na ɛsɛ sɛ mekasa kyerɛ mo sɛ ewiasefoɔ a wɔte sɛ mmɔfra a wɔwɔ Kristo mu gyidie. Memaa mo nufosuo. Mamma mo aduane a ɛyɛ den, ɛfiri sɛ, na ɛnyɛ mma mo. Na seesei ara mpo ɛnyɛ mma mo, ɛfiri sɛ, moda so te hɔ sɛ ewiasefoɔ. Sɛ anibereɛ wɔ mo mu na motwa mo ho ne mo ho mo ho nya akasakasa a, ɛnna no adi sɛ moyɛ ewiasefoɔ a mote hɔ ma ewiase? Sɛ obi ka sɛ, “Me deɛ, medi Paulo akyi” na ɔfoforɔ nso ka sɛ, “Me nso mewɔ Apolo afa” a, ɛnkyerɛ sɛ moyɛ ewiasefoɔ anaa?
Mebisa sɛ, Apolo yɛ hwan? Na Paulo nso yɛ hwan? Yɛyɛ Onyankopɔn asomfoɔ kwa a ɛnam yɛn so na monya gyidie. Adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn mu biara sɛ yɛnyɛ no na yɛyɛ. Meduaa aba no na Apolo guguu so nsuo nanso Onyankopɔn na ɔmaa afifideɛ no nyiniiɛ. Obi a ɔduaeɛ ne obi a ɔguguu so nsuo no ho nhia. Onyankopɔn na ne ho hia, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔmaa afifideɛ no nyiniiɛ. Nsonsonoeɛ biara nni onipa a ɔdua ne deɛ ɔgugu so nsuo ntam. Onyankopɔn bɛhwɛ dwuma a wɔn mu biara diiɛ so na wama wɔn so adeɛ. Yɛn deɛ yɛyɛ aboafoɔ a yɛne Onyankopɔn reyɛ adwuma na mo nso moyɛ Onyankopɔn afuo. Bio, moyɛ Onyankopɔn dan.
Menam adom a Onyankopɔn de maa me no so meyɛɛ ɔdanseni pa adwuma. Metoo fapem ɛnna onipa foforɔ nso resi ato so. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔn mu biara fa ɛkwan pa so si. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ayɛ Yesu Kristo nko ɛdan no fapem enti wɔrentumi nto fapem foforɔ biara bio. Ebinom de sikakɔkɔɔ, anaa dwetɛ anaa aboɔden aboɔ na ɛbɛsi wɔn dan wɔ fapem no so; afoforɔ nso de nnua anaa ɛserɛ anaa wira. Obiara dwuma a ɔdiiɛ no, ɛda no bɛda no adi; ɛda no ogya no bɛda obiara adwuma adi. Ogya no bɛsɔ ahwɛ, ahunu dwuma ko no yɛ a ɛyɛ. Sɛ deɛ onipa ko no de sii fapem no so no tumi gyina ogya no ano a, ɛbɛnya akatua. Na sɛ obi adwuma hye wɔ ogya no ano a, akatua no bɛbɔ no, nanso ɔno deɛ, ɔbɛnya nkwa sɛ obi a wadwane afiri gyaframa mu.
Nokorɛm, monim sɛ moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn Honhom no te mo mu! Enti, obiara a ɔbɛsɛe Onyankopɔn asɔredan no, Onyankopɔn bɛsɛe no. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn asɔredan yɛ kronkron, na mo na moyɛ nʼasɔredan no.
Ɛnsɛ sɛ obiara daadaa ne ho. Sɛ obi a ɔka mo ho fa ne ho sɛ ɔyɛ ewiase yi mu onyansafoɔ a, ɛwɔ sɛ ɔyɛ ɔkwasea ansa na wabɛyɛ onyansafoɔ. Ɛfiri sɛ, deɛ ewiase bu no nyansa no yɛ asɛm a aba nni mu wɔ Onyankopɔn ani so. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɔkyere anyansafoɔ wɔ wɔn aniteɛ mu.” Bio, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Awurade nim onipa nsusuiɛ. Ɔnim sɛ ɛnkɔsi hwee.” Enti, ɛnsɛ sɛ obiara de deɛ onipa tumi yɛ hoahoa ne ho na biribiara yɛ mo dea. Paulo, Apolo ne Petro, saa ewiase yi, nkwa ne owuo, ɛnnɛ ne daakye nyinaa yɛ mo dea, na moyɛ Kristo dea na Kristo nso yɛ Onyankopɔn dea.
Kristo Asomafoɔ
Ɛsɛ sɛ mobu yɛn sɛ Kristo asomfoɔ a wɔde Onyankopɔn ahintasɛm a ɛyɛ nokorɛ no ahyɛ yɛn nsa. Adeɛ baako a wɔrehwehwɛ afiri onipa a wɔde ahintasɛm no ahyɛ ne nsa no ne sɛ, ɔbɛdi ne wura no nokorɛ. Sɛ mo anaa onipa bi bu me atɛn seesei a ɛmfa me ho. Mʼankasa nso memmu me ho atɛn. Mʼadwene mu yɛ fann, nanso ɛno nkyerɛ sɛ medi bem fitaa. Awurade nko ara na ɔbu me atɛn. Enti, ɛnsɛ sɛ obiara bu ne yɔnko atɛn kɔsi sɛ ɛberɛ a ɛsɛ bɛba. Awurade ba mu no na wɔbɛbu atɛn a ɛtwa toɔ. Ɔbɛda deɛ ahinta wɔ sum mu no adi na wada deɛ ahinta wɔ nnipa akoma mu no nso adi. Na nkamfo a ɛsɛ sɛ onipa biara nya firi Onyankopɔn hɔ no, wɔakamfo no.
Anuanom, mo enti mede Apolo ne me ayɛ nhwɛsoɔ, sɛdeɛ ɛbɛma mo asuasɛm a ɛka sɛ, “Di mmara pa so” no. Ɛnsɛ sɛ mo mu biara de onipa bi hoahoa ne ho na ɔbu ɔfoforɔ nso onipa teta. Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ wokorɔn sene afoforɔ? Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde biribiara a wowɔ no maa wo? Na adɛn enti na wode hoahoa wo ho sɛdeɛ ɛnyɛ akyɛdeɛ?
Biribiara a mohwehwɛ no, mo nsa aka dada! Moyɛ adefoɔ dada. Moayeyɛ ahemfo, nanso yɛnyɛ bi! Nokorɛm, anka mepɛ sɛ moyɛ ahemfo na anka yɛn nso yɛyɛ ahemfo bɛka mo ho. Ɛyɛ me sɛ yɛn asomafoɔ yi deɛ, Onyankopɔn de yɛn atwa toɔ sɛ nnipa bi a wɔabu wɔn kumfɔ wɔ badwa mu sɛ nnipa ne ewiase abɔfoɔ nyinaa nhwɛ. Kristo enti, yɛyɛ nkwaseafoɔ, nanso moyɛ anyansafoɔ wɔ Kristo mu. Yɛyɛ mmerɛ, nanso moyɛ den. Wɔmmu yɛn, nanso wɔbu mo. Ɛbɛsi saa ɛberɛ yi mu ɛkɔm ne sukɔm de yɛn. Yɛfira ntomago; wɔhwe yɛn; yɛdi atutena; yɛyɛ adwuma a ɛyɛ den de hwɛ yɛn ho. Wɔdome yɛn a, yɛhyira; wɔhwe yɛn a yɛgyina ano. Wɔya yɛn a, yɛde kasa pa bua. Yɛte sɛ ewiase yi mu wira bi a yɛnka hwee de bɛsi ɛnnɛ.
Ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ megu mo anim ase enti na metwerɛɛ saa nwoma yi brɛɛ mo. Na mmom, mepɛ sɛ mekyerɛ mo ɛkwan sɛ me ara me mma a medɔ wɔn. Na sɛ mowɔ ahwɛfoɔ ɔpedu mpo wɔ mo asetena mu wɔ Kristo mu a, mowɔ Agya baako pɛ. Na mo nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu no enti, menam asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no so abɛyɛ mo agya. Mesrɛ mo sɛ monsuasua me. Ɛnam yei so enti, meresoma Timoteo na waba mo nkyɛn. Ɔyɛ mʼankasa me dɔ ba a ɔdi me nokorɛ wɔ Awurade mu. Ɔbɛkaakae mo mʼakwan foforɔ a menam so di Kristo Yesu akyi ne nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ wɔ asafo biara a mekɔ mu no.
Mo mu bi ayɛ ahantan, susu sɛ meremmɛsra mo. Sɛ Awurade pɛ a, ɛrenkyɛre biara mɛba mo nkyɛn na mʼankasa mabɛhwɛ dwuma a saa ahantanfoɔ yi bɛtumi adi na ɛnyɛ asɛm a wɔbɛka no. Onyankopɔn Ahennie no nyɛ nsɛnkeka na ɛyɛ tumi. Emu deɛ ɛwɔ he na mopɛ? Memmɛbɔ mo mmaa anaa akoma a ɔdɔ wɔ mu na ɛbu adeɛ na memfa mmra mo nkyɛn?
Adwamammɔ
Nnansa yi, wɔkeka sɛ adwaman a morebɔ wɔ asafo no mu no yɛ hu a abosonsomfoɔ mpo renyɛ saa. Mate mpo sɛ obi afa nʼagya yere. Na ɛbɛyɛ dɛn na moatumi ahoahoa mo ho? Adɛn enti na ɛnsɛ sɛ mo werɛ ho wɔ ho na mompam saa onipa no mfiri mo mu. Ɛwom sɛ me deɛ, me ne mo ntam ɛkwan ware, nanso, mewɔ mo nkyɛn honhom mu. Yɛn Awurade Yesu din mu, mabu onipa a ɔyɛɛ afideɛ yi atɛn dada te sɛ deɛ mewɔ mo nkyɛn ara pɛ. Mohyia na meka mo ho wɔ honhom mu a, Awurade Yesu tumi a ɛka yɛn ho no enti, ɛsɛ sɛ mode saa onipa no ma ɔbonsam na ɔsɛe ne onipadua no na Awurade da no duru a, wagye ne honhom nkwa.
Ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho. Monim sɛ, “Mmɔka kakra bi na ɛma mmɔre no tu.” Ɛsɛ sɛ moyi saa bɔne mmɔreka dada yi firi mo mu na moayɛ kronn. Ɛba saa a, mobɛyɛ sɛ mmɔre foforɔ a mmɔreka nni mu sɛdeɛ menim mo sɛ mote dada no. Afei a wɔde Kristo a ɔyɛ yɛn Twam Afahyɛ Odwan no abɔ afɔdeɛ no, yɛn Twam Afahyɛ no aduru so. Yei enti, mommma yɛmmfa mmɔreka dada a ɛyɛ bɔne no nni afahyɛ no, na mmom, yɛmfa burodo a mmɔreka nni mu na ɛyɛ kronn no nni afahyɛ no.
Krataa a metwerɛɛ mo no, mekaa wɔ mu sɛ mommfa mo ho mmɔ adwamanfoɔ ho. Menkyerɛ ewiase yi adwamanfoɔ anaa aniberefoɔ anaa akorɔmfoɔ anaa wɔn a wɔsom ahoni. Sɛ wompɛ sɛ wo ne yeinom bɔ a, na ɛsɛ sɛ wofiri ewiase koraa. Deɛ mekyerɛ ne sɛ, mommfa mo ho mmɔ onipa a ɔfrɛ ne ho sɛ onua nanso ɔbɔ adwaman anaa ɔyɛ oniberefoɔ anaa ɔsom ahoni anaa ɔkɔnkɔnsani anaa ɔkɔwensani anaa ɔkorɔmfoɔ. Onipa a ɔte saa no, mo ne no nntena ase nto nsa nnidi.
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mebu wɔn a wɔnka asafo no ho atɛn? Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu mmom na ɛsɛ sɛ mobu wɔn atɛn? Onyankopɔn na ɔbɛbu wɔn a wɔnni asafo no mu atɛn, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Monyi onipa ɔbɔnefoɔ no mfiri mo mu.”
Nnsamane Wo Nua
Sɛ akasakasa ba onua ne onua ntam a, adɛn enti na mokɔ abosonsomfoɔ atemmufoɔ anim ma wɔbu mo atɛn ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ moma ateneneefoɔ siesie mo ntam? Monnim sɛ ateneneefoɔ na wɔbɛbu ewiase atɛn? Na sɛ, ɛsɛ sɛ mobu ewiase atɛn a, morentumi mmu nsɛm nketenkete atɛn? Monnim sɛ yɛbɛbu abɔfoɔ atɛn? Mpɛn ahe na yɛmmu asetena mu nneɛma atɛn? Na sɛ nsɛm a ɛte saa ba a, nnipa a wɔnni dibea wɔ asafo no mu na mobɛma wɔasiesie? Ɛyɛ animguaseɛ ma no! Menim yie sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, onyansafoɔ baako bi wɔ mo mu a ɔbɛtumi adi onua ne onua ntam asɛm. Ɛyɛ sɛ wɔfa saa ɛkwan yi so anaa, sɛ onua de onua bɛkɔ asɛnniiɛ ma wɔn a wɔnni gyidie bɛdi abua wɔn asɛm?
Sɛ motumi de mo ho mo ho kɔ asɛnniiɛ no kyerɛ sɛ moadi nkoguo dada. Anka ɛyɛ sɛ obi bɛsisi mo anaa sɛ ɔbɛyɛ mo bɔne mmom. Nanso, mo ara motwa mo ho yɛ mo ho mo ho bɔne, sisi mo ho ne mo nuanom mpo. Mo ara monim sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ no renkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu. Monnnaadaa mo ho; mo a mo suban nyɛ, anaa mo a mosom ahoni, anaa adwamanfoɔ anaa mmarima a wɔne mmarima da, anaa adifudepɛfoɔ, anaa aniberefoɔ, anaa akɔwensafoɔ, anaa mo a mosɛe afoforɔ din, anaa akorɔmfoɔ no mu biara no rennya kyɛfa biara wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu. Na mo mu bi te saa. Nanso, wɔahohoro mo bɔne. Wɔde mo ama Onyankopɔn. Ɛnam Honhom Kronkron no ne Awurade Yesu Kristo din mu enti, wɔasiesie mo ne Onyankopɔn ntam.
Obi se, “Mewɔ ho ɛkwan sɛ meyɛ deɛ mepɛ.” Ɛwom saa; nanso ɛnyɛ biribiara na ɛyɛ ma wo. Mɛtumi aka sɛ, “Mewɔ ho ɛkwan sɛ meyɛ biribiara.” Nanso meremma biribiara ho ɛkwan ma ɛmfa me akoa. Obi foforɔ nso bɛka sɛ, “Aduane wɔ hɔ ma yafunu na yafunu nso wɔ hɔ ma aduane.” Ɛyɛ nokorɛ; nanso Onyankopɔn bɛma ne nyinaa aba awieeɛ. Ɛnsɛ sɛ onipa de ne onipadua ma adwamammɔ, na mmom, ɛsɛ sɛ ɔde som Awurade, ɛfiri sɛ onipadua no yɛ Onyankopɔn dea. Onyankopɔn maa Awurade sɔre firii awufoɔ mu na ɔno nso nam ne tumi so bɛma yɛn nso asɔre afiri awufoɔ mu. Monnim sɛ mo onipadua no yɛ Kristo onipadua no fafa bi anaa? Memfa Kristo onipadua fa bi mmɔ obi a ɔbɔ adwaman onipadua ho anaa? Dabi. Anaa ebia na monnim sɛ onipa a ɔde ne ho bɔ adwamanfoɔ ho nso yɛ odwamanfoɔ? Atwerɛsɛm no da no adi sɛ, “Wɔn baanu no nyinaa yɛ onipadua korɔ.” Nanso, onipa a wɔde no abata Awurade ho no ne no yɛ baako wɔ honhom mu.
Mommmɔ adwaman. Bɔne biara a onipa bɛyɛ no nka ne onipadua no, nanso onipa a ɔbɔ adwaman no sɛe ɔno ankasa ne onipadua. Monnim sɛ mo onipadua no yɛ Honhom Kronkron a ɔte mo mu, a Onyankopɔn na ɔde maa mo no asɔredan? Na monne mo ho; ɔtɔɔ mo aboɔden. Enti momfa mo onipadua no nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.
Awadeɛ Ho Afotusɛm
Afei, deɛ ɛfa nsɛm a motwerɛ de brɛɛ me no ho nie: Ɛyɛ sɛ ɔbarima nware. Nanso, ɛsiane adwamammɔ enti, ɛsɛ sɛ ɔbarima biara nya ɔno ankasa ne yere, na ɔbaa biara nso nya ɔno ankasa ne kunu. Ɛsɛ sɛ ɔbarima yɛ nʼasɛdeɛ sɛ okunu na ɔbaa nso yɛ nʼasɛdeɛ sɛ ɔyere na wɔn mu biara boa ne yɔnko. Ɔyere onipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na ɛyɛ okunu no nso dea bi. Saa ara nso na okunu no onipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na mmom, ɛyɛ ɔyere no nso dea bi. Mommfa mo ho nkame mo ho mo ho. Gye sɛ mo nyinaa pene so ɛberɛ tiawa bi a morebɔ mpaeɛ; na sɛ mowie mpaeɛbɔ no a, monhyia mu, na ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ, ɛfiri sɛ, montumi nni mo ho so. Menka saa asɛm yi sɛ ɔhyɛ so, na mmom, mereka no sɛ mama mo ho ɛkwan. Ɛkaa me nko a na anka mo nyinaa te sɛ me. Nanso, obiara wɔ adom akyɛdeɛ sononko bi a Onyankopɔn de ama no. Yei wɔ nʼakyɛdeɛ na ɔfoforɔ nso wɔ nʼakyɛdeɛ.
Afei, asɛm a mereka akyerɛ asigyafoɔ ne akunafoɔ ne sɛ: Ɛbɛyɛ sɛ mo nko ara mobɛtena ase sɛdeɛ mete hɔ yi. Na sɛ morentumi nhyɛ mo ho so nso a monkɔwareware. Ɛyɛ sɛ mobɛware sene sɛ mobɛhyɛ mo ho ahometeɛ.
Mo awarefoɔ nso, mewɔ ɔhyɛ nsɛm bi a ɛmfiri me na ɛfiri Awurade nkyɛn sɛ: Ɛnsɛ sɛ ɔbaa gyaa ne kunu. Sɛ ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ ɔware bio; anaasɛ nso wɔka ɔne ne kunu bo mu. Saa ara na ɛnsɛ sɛ okunu nso gyaa ne yere.
Mo a moaka no, meka mekyerɛ mo, ɛfiri mankasa, na ɛmfiri Awurade, sɛ Okristoni barima wɔ yere a ɔnyɛ Okristoni na ɔbaa no pene so sɛ ɔne no bɛtena ase a, ɛnsɛ sɛ ɔbarima no gyaa no. Saa ara nso na sɛ Okristoni baa wɔ okunu a ɔnyɛ Okristoni na ɔbarima no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ɔbaa no gyaa no. Esiane bɔ a ɔbarima a ɔnyɛ Okristoni de ne ho abɔ ɔbaa no enti, Onyankopɔn bɛgye no na ɔbaa a ɔnyɛ Okristoni no nso, ɛsiane bɔ a ɔde ne ho abɔ ɔbarima no enti, Onyankopɔn bɛte ne ho. Sɛ anyɛ saa a, wɔn mma bɛyɛ sɛ abosonsomfoɔ mma, nanso sɛdeɛ ɛte yi deɛ, wɔyɛ kronkron.
Na sɛ nso wɔn mu deɛ ɔnyɛ Okristoni no pɛ sɛ ɔte ne ho firi Okristoni no ho a, momma no ɛkwan. Sɛ ɛba saa a, Okristoni no, sɛ ɛyɛ okunu anaa ɔyere no, de ne ho. Onyankopɔn afrɛ mo sɛ montena ase asomdwoeɛ mu. Ɔyere a woyɛ Okristoni, ɛbɛyɛ dɛn na woahunu sɛ worentumi nnye wo kunu nkwa? Na okunu a woyɛ Okristoni nso, ɛbɛyɛ dɛn na woahunu sɛ worentumi nnye wo yere nkwa?
Mo mu biara ntena ase wɔ akyɛdeɛ a Awurade de akyɛ no no so sɛdeɛ na ɔte a Onyankopɔn frɛɛ no no. Yei ne mmara a mekyerɛ wɔ asafo biara mu. Sɛ twetiatwani bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔpepa twetia no ho nsɛnkyerɛnnedeɛ biara. Sɛ ɔbarima nso a ɔntwaa twetia bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔtwa twetia. Ɛfiri sɛ, sɛ obi atwa twetia na ɔfoforɔ nso ntwaa twetia no nka hwee. Deɛ ɛho hia ne sɛ wobɛdi Onyankopɔn mmara so. Sɛdeɛ obiara te a Onyankopɔn frɛɛ no no, ɔntena no saa ara.
Onyankopɔn frɛɛ wo no na woyɛ akoa anaa? Mma ɛno nha wo na sɛ wowɔ ɛkwan bi a wobɛtumi afa so ade wo ho a, fa so. Ɛfiri sɛ, akoa a Awurade afrɛ no no yɛ Awurade onipa a ɔde ne ho. Saa ara nso na obi a ɔde ne ho a Kristo afrɛ no no yɛ Kristo akoa. Onyankopɔn tɔɔ mo aboɔden, ɛno enti, monnyɛ nkoa mma nnipa. Anuanom, ɛsɛ sɛ mo mu biara tena ase wɔ Onyankopɔn mu sɛdeɛ na mote ansa na wɔrefrɛ mo no.
Deɛ ɛfa asigyafoɔ nso ho no nie: Mennyaa ɔhyɛ nsɛm biara memfirii Awurade nkyɛn, nanso meka mʼadwene te sɛ obi a Onyankopɔn mmɔborɔhunu enti wɔagye me ato mu. Wodwene seesei ɔhaw yi ho a, medwene sɛ, ɛyɛ sɛ onipa tena ase sɛdeɛ ɔte biara. Wowɔ ɔyere? Sɛ wowɔ ɔyere a, nyɛ wʼadwene sɛ woregyaa no. Wonwaree anaa? Sɛ wonwaree a, nhwehwɛ ɔyere. Nanso, sɛ woware a, wonyɛɛ bɔne. Sɛ ɔbaabunu ware a, ɔnyɛɛ bɔne. Nanso, ɔhaw a saa awadeɛ no de ba no, sɛ ɛkaa me nko a, anka mempɛ sɛ saa ɔhaw no bɛba mo so.
Deɛ mekyerɛ ne sɛ, anuanom, ɛberɛ a aka sua. Ɛfiri saa ɛberɛ yi, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔawareware tena ase sɛdeɛ wɔnwaree da; wɔn a wɔsu yɛ sɛdeɛ wɔn werɛ nhoeɛ; wɔn a wɔsere yɛ sɛdeɛ wɔnni anigyeɛ; wɔn a wɔtɔ yɛ sɛdeɛ deɛ wɔtɔeɛ no nyɛ wɔn deɛ; wɔn a wɔde ewiase abɔ wɔn bo yɛ sɛdeɛ wɔnhunuu bi da. Na sɛdeɛ ewiase yi te seesei yi rentena saa nkyɛ.
Mempɛ sɛ biribiara ha mo. Ɔbarima a ɔnwareeɛ no, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho ma Awurade adwumayɛ; ɛfiri sɛ, ɔbɔ mmɔden sɛ Awurade ani bɛsɔ no; nanso ɔbarima warefoɔ de ne ho to ewiase nneɛma so, ɛfiri sɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne yere ani, enti wɔtwe no afanu no nyinaa. Ɔbaa a ɔnwareeɛ anaa ɔbaabunu de ne ho ma Awurade adwuma wɔ honam ne honhom fam; nanso ɔbaa a wawareɛ no de ne ho to ewiase nneɛma so, ɛfiri sɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne kunu ani. Mereka saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, mepɛ sɛ meboa mo. Merenhyehyɛ mmara bi mma mo. Na mmom, mepɛ sɛ moyɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene na mode mo ho nyinaa ma Awurade adwuma.
Ɔbarima ne ɔbaa a wɔahyehyɛ awadeɛ na afei wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔrenware bio no, sɛ ɔbarima no hunu sɛ ɔnyɛ nʼasɛdeɛ mma ɔbaa no nanso sɛ ɔntumi nhyɛ nʼakɔnnɔ so enti no ɔpɛ sɛ ɔware a, ɛsɛ sɛ ɔware sɛdeɛ ɔhwehwɛ no. Bɔne biara nni yei ho. Nanso, ɛyɛ mmom sɛ ɔbɛhyɛ ne ho so na wasi nʼadwene pi sɛ ɔrenware. Ɛyɛ sɛ ɔbarima ware deɛ, nanso sɛ anka wanware koraa a na ɛyɛ.
Sɛ ɔbaa ɔwarefoɔ kunu te ase a, ɔnne ne ho; na sɛ ne kunu no wu deɛ a, ɔwɔ ho ɛkwan sɛ ɔware ɔfoforɔ a ɔpɛ; nanso ɛsɛ sɛ ɛyɛ Kristo awadeɛ. Na sɛ ɔtumi tena ase sɛdeɛ ɔte no nso a, ne ho bɛtɔ no yie. Mʼadwene ni, na megye di sɛ me nso me wɔ Onyame Honhom.
Nnuane A Wɔde Ma Ahoni
Asɛm a ɛfa nnuane a wɔde ma ahoni ho nso nie: Ɛyɛ nokorɛ pefee sɛ, “Yɛn nyinaa wɔ nimdeɛ.” Nanso, saa nimdeɛ no ma onipa yɛ ahantan; ɔdɔ deɛ, ɛma nkɔsoɔ. Onipa a ɔgye ne ho di sɛ ɔnim biribi no nnim sɛdeɛ anka ɛsɛ sɛ ɔhunu. Nanso, onipa a ɔdɔ Onyankopɔn no, Onyankopɔn nim no.
Enti, nnuane a wɔde ma ahoni a wɔdi no, yɛnim sɛ ohoni wɔ hɔ ma biribi a ɛnte ase. Yɛnim sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ. Nneɛma bebree wɔ soro ne asase so a yɛfrɛ wɔn anyame ne awuranom, nanso wɔn mu biara nyɛ anyame anaasɛ awuranom. Yɛwɔ Onyame baako pɛ a ɔyɛ Agya. Ɔno na ɔbɔɔ adeɛ nyinaa, na yɛte ase ma no. Yesu Kristo ne yɛn Awurade a Agya no nam ne so yɛɛ adeɛ nyinaa, na ɔmaa yɛn nkwa.
Nanso, ɛnyɛ obiara na ɔnim saa nokwasɛm yi. Nnipa bi de wɔn ho ama ahoni no ara kɔsi sɛ, sɛ wɔdi saa nnuane no a, wɔnim pefee sɛ ohoni aduane na wɔredi. Esiane wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛ enti, wɔgye di nso sɛ aduane no gu wɔn ho fi. Ɛnyɛ aduane a yɛdie no na ɛtwe yɛn bɛn Onyankopɔn. Sɛ yɛanni saa aduane no a, yɛntɔ sin, ɛnna sɛ yɛdi nso a, yɛn mmoro so.
Monhwɛ yie na moamma mo ahofadie no antwetwe wɔn a wɔyɛ mmerɛ wɔ gyidie mu no ankɔ bɔne mu. Sɛ ɛba sɛ obi a nʼahonim yɛ mmerɛ wɔ saa asɛm yi mu hunu sɛ wo a wowɔ “nimdeɛ” redidi wɔ ohoni dan mu a, ɛrenhyɛ no nkuran mma ɔno nso nkɔdi aduane a wɔde ama ahoni no bi anaa? Enti, saa onipa a ɔyɛ mmerɛ yi a ɔyɛ wo nua a Kristo wu maa no yi, ɛsiane wo “nimdeɛ” enti ɔbɛyera! Na ɛnam saa ɛkwan yi so bɛma woayɛ bɔne atia wo nuanom. Sɛ ɛba saa a, woyɛ bɔne tia Kristo nso, ɛfiri sɛ wonam wɔn adwenem mmerɛ so adaadaa wɔn. Enti, sɛ aduane ma me nua yɛ bɔne a, merenwe ɛnam bio sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛremma me nua nkɔ bɔne mu.
Ɔsomafoɔ Dwumadie
Menne me ho anaa? Menyɛ ɔsomafoɔ anaa? Menhunuu Yesu yɛn Awurade anaa? Na monyɛ me nsa ano adwuma wɔ Awurade mu anaa? Na sɛ afoforɔ mpo nnye me ntom sɛ ɔsomafoɔ a, mo deɛ, mogye me tom saa. Sɛdeɛ mo ankasa mo abrabɔ te wɔ Awurade mu no di ho adanseɛ sɛ meyɛ ɔsomafoɔ.
Sɛ nnipa ka me ho asɛm a, saa ɛkwan yi so na mefa yi me ho ano. Menni ho ɛkwan sɛ mʼadwuma enti, wɔma me aduane di ma me nsuo nom anaa? Menni ho ɛkwan sɛ meyɛ deɛ asomafoɔ a aka no yɛeɛ no bi, sɛdeɛ Awurade nuanom ne Petro yɛeɛ, na meware Okristoni baa de no ka me ho tu mʼakwan yi? Anaasɛ Barnaba ne me nko ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma de bɔ yɛn ho akɔnhoma?
Ɔsraani bɛn na ɔtua ɔno ankasa ne ho ka wɔ ɛberɛ a ɔdi sraa? Okuafoɔ bɛn na ɔnni nʼafuo mu nnɔbaeɛ bi? Odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔnnom ne nnwan a ɔyɛn wɔn no nufosuo bi? Ɛnsɛ sɛ meti nhwɛsoɔ a ɛwɔ yɛn abrabɔ dada no mu ɛfiri sɛ, Mmara no ka asɛm korɔ no ara. Yɛkan wɔ Mose Mmara no mu sɛ, “Sɛ wode nantwie retiatia aburoo so a, nkyekyere nʼano.” Nantwie ho asɛm na ɛhia Onyankopɔn anaa? Anaasɛ na asɛm a ɔreka no fa yɛn ho? Nokorɛm wɔtwerɛɛ yei de maa yɛn. Onipa a ɔfuntum ne deɛ ɔtwa aba no nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa yɛ wɔn adwuma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛnya wɔn kyɛfa wɔ wɔn dwumadie no mu. Yɛadua honhom aba wɔ mo mu na sɛ yɛnya ewiase nnepa firi mo nkyɛn a, ɛdɔɔso dodo anaa? Na sɛ afoforɔ wɔ tumi sɛ wɔhwɛ yeinom anim firi mo nkyɛn a, yɛn deɛ, yɛnni tumi a ɛboro saa?
Nanso, yɛnni saa tumi yi ho dwuma biara. Mmom, yɛatena ase saa ara sɛdeɛ yɛremfa suntidua biara nto asɛmpa a ɛfa Kristo ho no.
Monim sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ asɔredan mu no nya wɔn aduane firi asɔredan mu, na wɔn nso a wɔbɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia so no nso nya wɔn afɔrebɔdeɛ. Saa ara nso na Awurade ahyɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔka asɛmpa no nya wɔn asetena firi mu.
Nanso, menkaa saa asɛdeɛ yi ho hwee. Ɛnyɛ sɛ meretwerɛ seesei sɛ meregye saa asɛdeɛ no afa. Ɛnneɛ anka mɛdi ɛkan mawu. Obiara rentumi mfa mʼasɛdeɛ no nni agorɔ. Menni tumi sɛ, ɛsiane sɛ meka asɛmpa no enti, mehoahoa me ho. Mehyɛ mmara ase na meka asɛmpa no. Na sɛ manka asɛmpa no a, mɛhunu amane. Sɛ meyɛ adwuma no sɛdeɛ ɛfiri mʼankasa me pɛ mu a, na ɛsɛ sɛ mehwɛ akatua anim. Nanso meyɛ no sɛ mʼadwuma, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔde ato me so. Ɛnneɛ, na akatua bɛn na ɛsɛ sɛ menya? Ɛyɛ ahohoahoadeɛ sɛ wobɛka asɛmpa no na wonnye hwee na wommisa asɛdeɛ biara nso.
Mede me ho; menyɛ obi akoa. Nanso, meyɛ me ho obiara akoa sɛdeɛ mɛsesa akra dodoɔ biara a mɛtumi. Ɛberɛ a me ne Yudafoɔ te no, meyɛɛ me ho sɛ Yudani sɛdeɛ mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Mʼankasa nso na menhyɛ Mose Mmara ase, nanso metenaa ase sɛdeɛ Mose Mmara di me so sɛdeɛ mɛtwetwe wɔn a wɔhyɛ saa Mmara no ase aba me nkyɛn. Saa ara na mekɔfraa amanamanmufoɔ mu no nso meyɛɛ me ho sɛ wɔn ara pɛ, sɛdeɛ mɛtumi matwetwe wɔn aba me nkyɛn. Yei nkyerɛ sɛ menni Onyankopɔn Mmara so; mehyɛ Kristo Mmara ase. Wɔn a wɔn gyidie yɛ mmerɛ no, meyɛɛ sɛ wɔn ara sɛdeɛ mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Meyɛɛ me ho sɛdeɛ ɛfata biara maa nnipa nyinaa, sɛdeɛ mɛtumi afa ɛkwan biara a ɛbɛyɛ yie so magye wɔn mu bi nkwa. Asɛmpa no enti na meyɛɛ yeinom nyinaa na manya mu nhyira bi.
Monim sɛ mmirika akansie mu, mmirikatufoɔ no nyinaa tu mmirika no bi, nanso wɔn mu baako pɛ na ɔnya akradeɛ no. Enti, tu mmirika no ɛkwan bi so na nya akradeɛ no. Obiara a ɔsi agodie mu akan no siesie ne ho di mmara so. Ɔyɛ saa sɛdeɛ ɔbɛnya ahenkyɛ a ɛrenkyɛre, nanso yɛn deɛ yi deɛ, ɛbɛkyɛ akɔsi daapem nyinaa. Ɛno enti na meretu mmirika kɔ mʼanim tee akɔwie no. Ɛno enti na mete sɛ okuturukubɔni a ne kuturuku mfom no. Mebɔ mmɔden hyɛ me onipadua so na medi no nya, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ meka Asɛmpa no kyerɛ afoforɔ a me nso merenyɛ deɛ ɛmfra.
Ahoni Ho Kɔkɔbɔ
Anuanom, mepɛ sɛ metwe mo adwene ba nsɛm a ɛtoo yɛn nananom a wɔdii Mose akyi no so. Omununkum bɔɔ wɔn nyinaa ho ban maa wɔn nyinaa faa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu asomdwoeɛ mu. Omununkum no ne Ɛpo no mu, wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu sɛ Mose akyidifoɔ. Wɔn nyinaa dii honhom fam aduane na wɔnom honhom fam anonneɛ. Wɔnom honhom botan a na ɔne wɔn nam no mu nsuo; na saa ɔbotan no yɛ Kristo no ankasa. Yeinom nyinaa akyi no, na Onyankopɔn ani nsɔ wɔn mu pii, enti na wɔn amu guguu basaa wɔ ɛserɛ no so hɔ no.
Seesei, yeinom nyinaa yɛ nhwɛsoɔ ma yɛn na ɛbɔ yɛn kɔkɔ nso sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛpɛ bɔne sɛdeɛ wɔyɛeɛ no, ɛnna ɛnsɛ sɛ yɛsom ahoni sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Nnipa no tenaa ase, didi nomee, na wɔgoroo abosomgorɔ.” Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ adwaman, sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no na da koro wɔn mu ɔpeduonumiɛnsa wuwuiɛ no. Ɛnsɛ sɛ yɛsɔ Awurade hwɛ sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no maa awɔ kekaa wɔn kunkumm wɔn no. Ɛnsɛ sɛ monwiinwii sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ maa ɔsɛe ɔbɔfoɔ sɛee wɔn no.
Yeinom nyinaa baa wɔn so de yɛɛ nhwɛsoɔ maa afoforɔ. Na wɔtwerɛ guu hɔ sɛ kɔkɔbɔ maa yɛn. Ɛfiri sɛ, yɛte hɔ sɛ ɛrenkyɛre na ɛberɛ no aba awieeɛ. Obiara a ɔdwene sɛ ɔgyina hɔ no, ɔnhwɛ yie na wanhwe ase. Sɔhwɛ biara a aba wʼakwan mu no yɛ deɛ ɛba nnipa akwan mu. Esiane sɛ Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so enti, ɔremma ho ɛkwan mma sɔhwɛ a ɛboro wʼahoɔden so nto wo. Sɛ sɔhwɛ ba wo so a, ɔbɛma wo ahoɔden ama woatumi agyina ano, na woanya ho nyansa nso.
Morentumi Nhwɛ Afanu No
Enti me nnamfo pa, montwe mo ho mfiri ahonisom ho. Mekasa kyerɛ mo sɛ anyansafoɔ. Asɛm a meka no mommua mfa. Sɛ yɛnom kuruwa a wɔahyira so no ano a, na ɛnyɛ Kristo mogya ayɔnkofa no anaa? Burodo a yɛbubu mu no nso, sɛ yɛdi a, na ɛnyɛ Kristo onipadua ayɔnkoyɛ anaa? Esiane sɛ burodo no yɛ baako na yɛdi no wɔ ɔhonam korɔ mu enti, ɛwom sɛ yɛ dɔɔso deɛ, nanso yɛn nyinaa yɛ nnipa baako.
Monhwɛ Israelman. Wɔn a wɔdi afɔdeɛ aduane no ne afɔrebukyia no wɔ ayɔnkoyɛ. Mebisa sɛ, afɔrebɔdeɛ a wɔde ama ohoni no yɛ biribi anaa ohoni no na ɔyɛ biribi? Dabi, asɛm a mereka ne sɛ, deɛ wɔde abɔ afɔdeɛ wɔ ɔbosonsomni afɔrebukyia so no, wɔde ama ahonhommɔne na ɛnyɛ Onyankopɔn. Mempɛ sɛ mode mo ho bɛhyɛnehyɛne ahonhommɔne. Morentumi nnom Awurade kuruwa ano na monsane nnom ahonhommɔne kuruwa ano. Saa ara na morentumi nnidi wɔ Awurade ɛpono so na monsane nnidi wɔ ahonhommɔne ɛpono nso so. Anaa mopɛ sɛ yɛma Awurade twe ninkunu? Yɛgye di sɛ yɛyɛ den sene no anaa?
Wɔka sɛ, “Woama yɛn ho ɛkwan sɛ yɛnyɛ biribiara a yɛyɛ.” Nanso, ɛnyɛ biribiara na ɛyɛ. “Wɔama yɛn ho ɛkwan sɛ yɛnyɛ biribiara.” Nanso, ɛnyɛ biribiara na ɛtumi boa yɛn. Ɛnsɛ sɛ obiara pɛ ne nko ne yiedie na mmom, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ afoforɔ nso yiedie.
Adwenemdahɔ enti motumi tɔ biribiara a wɔtɔn wɔ dwa so di a mommisa ho asɛm biara. Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Asase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa yɛ Awurade dea.”
Obi a ɔnyɛ ogyidini frɛ wo adidi na woyɛ wʼadwene sɛ wobɛkɔ a, adwenemdahɔ enti, aduane a ɔde bɛma wo biara, di a wommisa ho asɛm biara. Nanso, sɛ obi ka kyerɛ wo sɛ, “Wɔde saa aduane yi maa ahoni” a, ɛsiane deɛ ɔbɔɔ wo saa amaneɛ no adwenemdahɔ enti, nni saa aduane no. Ɛno nyɛ wʼadwene, na ɛyɛ onipa a ɔbɔɔ wo saa amaneɛ no adwene. Obi bɛbisa sɛ, “Adɛn enti na obi adwene si mʼahofadie ho ɛkwan? Sɛ meda Awurade ase wɔ mʼaduane ho a, adɛn enti na aduane a mada ho ase no obi ka ho asɛm?”
Biribiara a mobɛyɛ no, sɛ moredidi o, sɛ morenom o, monyɛ mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam. Monnyɛ biribiara mfa nha Yudafoɔ anaa amanamanmufoɔ anaa Onyankopɔn asafo. Monyɛ sɛdeɛ meyɛ no. Mema obiara ani gye deɛ meyɛ ho a mennwene mʼankasa me yiedie ho, na mmom, medwene yɛn nyinaa yiedie ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgye wɔn nkwa.
Monsua me sɛdeɛ mesua Kristo no.
Mmaa Kyɛfa
Mekamfo mo, ɛfiri sɛ, ɛberɛ biara, mokae me di me nkyerɛkyerɛ a mekyerɛɛ mo no so. Na mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ, ɔbarima tiri ne Kristo, na ɔbarima yɛ ɔbaa tiri, nanso Kristo tiri ne Onyankopɔn. Enti, ɔbarima biara a ɔkata ne tiri so bɔ mpaeɛ anaa ɔka Onyankopɔn asɛm wɔ badwam no gu Kristo anim ase. Na ɔbaa a ɔnkata ne tiri so na ɔbɔ mpaeɛ ka Onyankopɔn asɛm wɔ badwam no nso gu ne kunu anim ase. Nsonsonoeɛ biara nna ɔne ɔbaa a wayi ne tirinwi no ntam. Sɛ ɔbaa no nkata ne tiri so a, ɛsɛ sɛ ɔtwitwa ne tirinwi gu. Esiane sɛ ɛyɛ animguaseɛ sɛ ɔbaa bɛyi ne tirinwi anaa ɔbɛtwitwa agu no enti, ɛsɛ sɛ ɔkata so.
Ɛho nhia sɛ ɔbarima bɛkata ne tiri so, ɛfiri sɛ, ɔyɛ Onyankopɔn animuonyam ne ne sɛso na wɔammɔ ɔbarima amfiri ɔbaa mu, na mmom, wɔbɔɔ ɔbaa firii ɔbarima mu. Saa ara nso na ɛnyɛ ɔbaa enti na wɔbɔɔ ɔbarima, nanso ɔbaa deɛ, ɔbarima enti na wɔbɔɔ no. Esiane saa asɛm yi ne abɔfoɔ no enti, ɛsɛ sɛ ɔbaa nya nkatasoɔ bi wɔ ne tiri so, de kyerɛ sɛ ɔhyɛ tumi bi ase. Yɛn asetena wɔ Awurade mu no, ɔbaa nne ne ho ɛnna ɔbarima nso nne ne ho. Na sɛdeɛ wɔbɔɔ ɔbaa firii ɔbarima mu no, saa ara nso na ɔbaa woo ɔbarima, na biribiara nso firi Onyankopɔn.
Ɛyɛ sɛ ɔbaa bɛbɔ mpaeɛ afrɛ Onyankopɔn wɔ badwa mu a biribiara nkata ne tiri so anaa? Mo ara mommua mfa. Ɛnyɛ saa abɔdeɛ korɔ no ara na ɛka sɛ, sɛ ɔbarima tiri fu bebree a, ɛyɛ animguaseɛ ma no no? Nanso, sɛ ɔbaa deɛ, ne tiri fu pii a, ɛyɛ animuonyam ma no no? Wɔama no nwi pii sɛ akatasoɔ. Nanso, sɛ obi pɛ sɛ ɔgye ho akyinnyeɛ a, asɛm a mewɔ ka wɔ ho ara ne sɛ, yɛn anaa Onyankopɔn asafo no nni ɛkwan foforɔ biara a wɔfa so som.
Adidi Kronkron
Nhyehyɛeɛ a ɛdidi so yi a mereka akyerɛ mo yi, menkamfo mo, ɛfiri sɛ, mo asafo nhyiamu de ɔhaw brɛ mo mmom. Deɛ ɛdi ɛkan no, mate sɛ mo ne mo ho mo ho di asie wɔ mo nhyiamu mu na megye di sɛ nokorɛ kakra wɔ mu. Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ mo mu kyekyɛ sɛdeɛ nokorɛ bɛda adi. Sɛ mohyia sɛ kuo a, momma sɛ morebɛdi Awurade Adidi no. Na mogu so redidi no, obiara di nʼaduane wɔ ɛberɛ a ɛkɔm de ebinom na afoforɔ nso aboboro nsã. Mo ara monni afie a modidi nom wɔ mu? Anaasɛ mopɛ sɛ mogu Onyankopɔn asafo no ne wɔn a adeɛ ahia wɔn no anim ase? Ɛdeɛn na mohwehwɛ sɛ meka fa saa asɛm yi ho kyerɛ mo? Menkamfo mo anaa? Ɛsɛ sɛ mohunu sɛ ɛnsɛ sɛ mekamfo mo!
Awurade nkyɛn na menya nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ mo no sɛ, Awurade Yesu, anadwo a wɔyii no maeɛ no, ɔfaa burodo na ɔdaa Onyankopɔn ase no, ɔbuu mu kaa sɛ, “Yei ne me onipadua a mede ma mo. Monyɛ yei mfa nkae me.” Saa ara na Adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa na ɔkaa sɛ, “Saa kuruwa yi yɛ Onyankopɔn apam foforɔ a wɔde me mogya ahyɛ mu den. Ɛberɛ biara a mobɛnom no, momfa nkae me.” Ɛberɛ biara a mobɛdi burodo no na mobɛnom kuruwa no ano no, monka Awurade wuo no ho asɛm kɔsi sɛ ɔbɛba.
Ɛkyerɛ sɛ, sɛ obi di Awurade burodo no na ɔnom kuruwa no ano wɔ ɛkwan a ɛmfata so a, ɔdi Awurade onipadua ne ne mogya no ho fɔ. Enti ansa na obiara bɛdi burodo no, anom kuruwa no ano no, ɛsɛ sɛ ɔkari ne ho hwɛ. Na sɛ wammu Awurade onipadua no na ɔdi nom firi kuruwa no mu a, ɔdi nom de atemmuo ba nʼankasa so. Ɛno enti na mo mu bebree yareyare na moyɛ mmerɛ na mo mu pii awuwu no. Sɛ yɛkari yɛn ho hwɛ ansa a, yɛrenkɔ Onyankopɔn atemmuo mu. Nanso, Awurade bu yɛn atɛn, twe yɛn aso sɛdeɛ ɔremmu yɛne ewiase nyinaa fɔ.
Ɛno enti, me nuanom, sɛ mohyia sɛ morekɔ Awurade Adidi no a, montwɛn mo ho mo ho. Sɛ ɛkɔm de obi a, ɔnnidi wɔ efie na Onyankopɔn ammu no atɛn wɔ wɔn nhyiamu no ase.
Nsɛm a aka no, sɛ meba a, mɛka ho asɛm.
Honhom Kronkron No Akyɛdeɛ
Me nuanom, merebɛkyerɛ mo nsɛm a ɛfa Honhom Kronkron no akyɛdeɛ no mu. Anuanom, mepɛ sɛ mohunu nokorɛ no. Monim sɛ ɛberɛ a na moyɛ abosonsomfoɔ no na ahoni a awuwu na ɛdi mo so de mo kɔ bɔne mu. Deɛ ɛsɛ sɛ mote aseɛ ne sɛ, obiara a ɔwɔ Onyankopɔn Honhom akwankyerɛ no ka sɛ “Yesu yɛ Awurade,” na ɔnnome Yesu.
Ɛwom sɛ Honhom Kronkron no ara na ɛkyɛ akyɛdeɛ no, nanso saa akyɛdeɛ no gu ahodoɔ. Akwan ahodoɔ bebree wɔ hɔ a wɔfa so som, nanso Awurade korɔ no ara na wɔsom no. Tumi ahodoɔ bebree wɔ hɔ a wɔnam so som, nanso Onyankopɔn korɔ no ara na ɔma obiara tumi ma wɔde som.
Honhom Kronkron no nam yɛn mmaako mmaako so da ne ho adi ɛkwan bi so ma ɛboa yɛn nyinaa. Honhom Kronkron no ma obi nyansa na Honhom Kronkron no ara nso ama obi osuahunu. Saa Honhom Kronkron no ara ma obi gyidie na ɔma obi nso tumi a ɔde sa nyarewa. Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔyɛ anwanwadeɛ; obi nso, ɔma no tumi ma ɔka Onyankopɔn asɛm; na ɔfoforɔ nso ɔma no tumi ma ɔtumi kyerɛ nsonsonoeɛ a ɛda akyɛdeɛ a ɛfiri Honhom Kronkron no ne deɛ ɛmfiri Honhom Kronkron no mu. Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔka kasa foforɔ na ɔma ɔfoforɔ nso tumi ma ɔkyerɛ kasa foforɔ no ase. Ɛyɛ Honhom Kronkron korɔ no ara na ɔyɛ yeinom nyinaa; akyɛdeɛ ahodoɔ a ɔpɛ sɛ ɔde ma obiara no, ɔde ma no.
Nipadua Korɔ
Kristo te sɛ nipadua baako a ɛwɔ akwaa bebree; ɛwom sɛ ɛwɔ akwaa bebree, nanso ɛyɛ onipadua korɔ no ara. Wɔnam saa ɛkwan korɔ no ara so abɔ yɛn Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ ne nkoa ne yɛn a yɛde yɛn ho no asu. Wɔnam Honhom Kronkron korɔ no so abɔ yɛn asu ahyɛ saa onipadua korɔ no ara mu. Na wɔde saa Honhom Kronkron no ama yɛn sɛ yɛnnom. Nipadua no ankasa nyɛ akwaa baako; ɛyɛ akwaa bebree.
Sɛ nan ka sɛ, “Esiane sɛ menyɛ nsa enti, menka onipadua no ho” a, ɛnkyerɛ sɛ ɔnyɛ onipadua no fa bi. Na sɛ aso ka sɛ, “Esiane sɛ menyɛ aniwa enti, menka onipadua no ho” a, ɛnkyerɛ sɛ ɔnyɛ onipadua no fa bi. Na sɛ onipadua no nyinaa yɛ aniwa a, anka ɛbɛyɛ dɛn ate asɛm? Na sɛ ɛyɛ aso a anka ɛbɛyɛ dɛn ahua adeɛ? Sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ no no na ɔde akwaa biara siiɛ. Sɛ onipadua no nyinaa yɛ akwaa korɔ a, anka onipadua no bɛyɛ ɛdeɛn? Sɛdeɛ ɛte no, akwaa gu ahodoɔ, nanso onipadua no yɛ baako pɛ.
Yei enti, aniwa ntumi nka nkyerɛ nsa sɛ, “wo ho nhia me!” Saa ara na etire rentumi nka nkyerɛ nan sɛ, “Wo ho nhia me!” Saa ara na yɛrentumi nyɛ biribiara a akwaa a ɛyɛ mmerɛ no nka ho mma ɛnyɛ yie. Akwaa a yɛsusu sɛ ɛnni mu pii no mmom na yɛhwɛ no yie, na deɛ ɛnyɛ fɛ wɔ onipadua ho no nso yɛhwɛ no yie pa ara. Na akwaa a ɛdi mu no, saa ɔhwɛ no ho nhia no. Onyankopɔn ankasa nam ɛkwan bi so akeka onipadua no asisi animu de ahyɛ akwaa a wɔmmuo no animuonyam. Enti nkyekyɛmu biara nni onipadua no mu. Akwaa no nyinaa keka wɔn ho wɔn ho bom. Sɛ akwaa baako ho ka a, akwaa a aka no nyinaa ho ka bi. Na sɛ wɔkamfo akwaa no bi a, anigyeɛ ka akwaa a aka no nyinaa.
Enti mo nyinaa moyɛ Kristo onipadua. Na mo mu biara yɛ nʼakwaa. Onyankopɔn ahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ wɔ asafo no mu: Deɛ ɛdi ɛkan, asomafoɔ; deɛ ɛtɔ so mmienu, adiyifoɔ; deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa, akyerɛkyerɛfoɔ; afei wɔn a wɔyɛ anwanwadeɛ ɛnna wɔn a wɔama wɔn tumi de sa yadeɛ anaa wɔboa afoforɔ anaa wɔkyerɛ wɔn ɛkwan anaa wɔka kasa foforɔ. Wɔn nyinaa nyɛ asomafoɔ anaa adiyifoɔ anaa akyerɛkyerɛfoɔ. Ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔwɔ tumi a wɔde yɛ anwanwadeɛ anaa wɔsa nyarewa, anaa wɔka kasa foforɔ anaa wɔkyerɛ deɛ wɔka no ase. Monhwehwɛ akyɛdeɛ a ɛbɛboa mo yie akyiri kwan.
Ɔdɔ
Mɛkyerɛ mo ɛkwan foforɔ a ɛyɛ pa ara.
Sɛ mede nnipa ne abɔfoɔ tɛkrɛma kasa na menni dɔ a, na mete sɛ yaawa a ɛregyegyeɛ anaa akasaeɛ a ɛrewoso kɛkɛ. Ebia na mewɔ akyɛdeɛ a metumi ka asɛmpa no ma ɛka nnipa akoma; ebia na mewɔ osuahunu ne nteaseɛ ma mete ahintasɛm nyinaa ase; ebia na mewɔ gyidie a ɛma metumi tutu mmepɔ, nanso sɛ menni ɔdɔ a, menka hwee. Mɛtumi de deɛ mewɔ nyinaa makyɛ na mpo matu me onipadua asi hɔ sɛ wɔnhye, nanso sɛ menni ɔdɔ a, mennya ho mfasoɔ biara.
Ɔdɔ wɔ boasetɔ na ne tirim yɛ mmerɛ; ɔdɔ nyɛ ahoɔyea anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa ɔnni ahomasoɔ su; ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkomenya; ne bo nha no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu; ɔdɔ mpɛ bɔne, na mmom, ɔpɛ nokorɛ. Ɔdɔ mpa aba; ne gyidie, nʼanidasoɔ ne ne boasetɔ nni hwammɔ.
Ɔdɔ wɔ hɔ daa. Nkɔmhyɛ wɔ hɔ nanso, ɛnte hɔ daa; akyɛdeɛ a ɛma wɔka kasa foforɔ wɔ hɔ, nanso ɛwɔ nʼawieeɛ; osuahunu wɔ hɔ, nanso ɛbɛtwam. Deɛ yɛnim no ne nkɔm a yɛhyɛ no yɛ fa ne fa bi; nanso deɛ ɛyɛ pɛ no nya ba a, deɛ ɛyɛ fa ne fa no bɛgu. Meyɛ abɔfra no mekasaa sɛ abɔfra, medwenee sɛ abɔfra, mesusuu sɛ abɔfra, na meyɛɛ ɔpanin yi, magu mmɔfraasɛm no. Deɛ yɛhunu no seesei no te sɛ su bi a ɛyɛ kusuu wɔ ahwehwɛ mu. Ɛno akyi, yɛbɛhunu no kann. Deɛ menim seesei no yɛ ɛho fa bi; akyire yi, ɛbɛdi mu te sɛ Onyankopɔn nimdeɛ a ɔwɔ wɔ me ho no.
Na afei nneɛma mmiɛnsa yi na ɛwɔ hɔ: gyidie, anidasoɔ, ɔdɔ; na ɔdɔ ne mu kɛseɛ.
Ɔdɔ na ɛsɛ sɛ mohwehwɛ akyire kwan. Momma mo akoma nni Honhom no akyɛdeɛ akyi, ne titire no, nkɔmhyɛ.
Kasa Foforɔ
Onipa a ɔka kasa foforɔ no nkasa nkyerɛ nnipa, na mmom ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, obiara nte asɛm a ɔka no ase. Ɔnam Honhom no tumi so ka nokorɛ mu ahintasɛm. Nanso onipa a ɔhyɛ nkɔm no kasa kyerɛ nnipa, boa wɔn, hyɛ wɔn nkuran, kyekye wɔn werɛ. Onipa a ɔka kasa foforɔ no boa ɔno ankasa ne ho, nanso onipa a ɔhyɛ nkɔm no boa asafo no nyinaa. Ɛwom sɛ mepɛ sɛ mo nyinaa ka kasa foforɔ deɛ, nanso mepɛ sɛ mo nyinaa nya akyɛdeɛ a ɛbɛma mo ahyɛ nkɔm. Ɛfiri sɛ, onipa a ɔhyɛ nkɔm no ho hia yie kyɛn onipa a ɔka kasa foforɔ no, gye sɛ, obi wɔ hɔ a ɔbɛkyerɛ aseɛ, ma aboa asafo no nyinaa.
Enti anuanom, sɛ meba mo nkyɛn na meka kasa foforɔ a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya wɔ me ho? Morennya hwee gye sɛ meda Onyankopɔn ahintasɛm adi anaa meda osuahunu bi adi, anaa meka nsɛm ma ɛkanyane mo, anaa mekyerɛkyerɛ mo. Saa ara nso na nneɛma a nkwa nni mu, te sɛ, abɛn anaa sankuo a wɔde bɔ nnwom no, sɛ nnwom no bɔ no mu anna hɔ a, obiara rente ne dɛ. Na sɛ deɛ ɔbɔ totorobɛnto no nso ammɔ no yie a, hwan na ɔbɛsiesie ne ho akɔ ɔko? Saa ara nso na mebisa sɛ, sɛ moka kasa foforɔ a emu nna hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na obi ate asɛm a moka no ase? Mo nsɛm no bɛyera wɔ mframa mu. Kasa ahodoɔ bebree na ɛwɔ ewiase, nanso emu biara nni hɔ a nteaseɛ nni mu. Na sɛ mente kasa a obi ka no ase a, deɛ ɔreka saa kasa no bɛyɛ ɔhɔhoɔ ama me, na me a meretie no nso, mayɛ ɔhɔhoɔ ama no. Esiane sɛ mopere sɛ mobɛnya Honhom no akyɛdeɛ no enti, ɛsɛ sɛ mohwehwɛ deɛ ɛbɛboa asafo no ama atim yie.
Ɛsɛ sɛ obi a ɔka kasa foforɔ no bɔ mpaeɛ na ɔtumi kyerɛ nsɛm a ɔka no ase. Sɛ meka kasa foforɔ bɔ mpaeɛ a, me honhom bɔ saa mpaeɛ no, nanso mʼadwene mmoa. Ɛdeɛn na afei ɛsɛ sɛ meyɛ? Mede me honhom bɛbɔ mpaeɛ, na ɛtɔ da bi nso a mede mʼadwene bɛbɔ mpaeɛ; mede me honhom bɛto dwom, nanso mede mʼadwene nso bɛto bi. Sɛ wonam honhom nko so da Onyankopɔn ase a, ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔka nhyiamu no ho no bɛtumi agye wʼaseda mpaeɛ no so sɛ “Amen” bi? Ɛkwan biara nni hɔ a ɔbɛfa so ate deɛ woreka no ase. Sɛ ɛba saa a, na wʼaseda mpaeɛ a worebɔ Onyankopɔn no yɛ sɛ ɛdeɛn ara mpo a, ɛremmoa onipa a ɔka wo ho no ɛkwan biara so.
Meda Onyankopɔn ase sɛ meka kasa foforɔ sene mo a mowɔ ha nyinaa. Nanso, asafo mu som no, mɛpɛ sɛ mɛka kasa mmaako mmaako enum pɛ a mobɛte aseɛ na moagyina so atumi akyerɛ afoforɔ adeɛ sene sɛ mɛka nsɛm mpempem wɔ kasa foforɔ mu.
Monnnwene sɛ, mmɔfra, anuanom; nanso sɛ yɛka bɔne ho asɛm deɛ a, monyɛ mo ho sɛ mmɔfra. Nanso, monnwene sɛ mmadwemma. Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Menam nnipa a wɔka kasa foforɔ so
bɛkasa makyerɛ saa nnipa yi.
Menam ahɔhoɔ anofafa so bɛkasa
nanso, wɔrentie me,”
Awurade na ɔseɛ.
Kasa foforɔ no yɛ wɔn a wɔnni gyidie no nsɛnkyerɛnneɛ ɛnna Onyame asɛnka no nso yɛ agyidifoɔ nsɛnkyerɛnneɛ. Sɛ asafo no nyinaa hyia na obiara fiti aseɛ ka kasa foforɔ na sɛ ahɔhoɔ anaa wɔn a wɔnni gyidie fra mo mu a, monnye nni sɛ wɔbɛka sɛ moabobɔ adam? Nanso, sɛ mo nyinaa na moka Onyankopɔn asɛm na sɛ obi a ɔnni gyidie anaa onipa foforɔ bi bɛfra mo mu a, nsɛm a ɔbɛte no bɛma wanu ne ho wɔ ne bɔne ho. Nsɛm a ɔte no bɛbu no atɛn na ne kɔkoamsɛm bɛda adi, na ɔbɛbu nkotodwe asom Onyankopɔn na waka ne bɔne sɛ, “Nokorɛ ni, Onyankopɔn ka yɛn ho wɔ ha!”
Asafo No Mu Ɔsom
Anuanom, nsɛm a meka yi kyerɛ sɛn? Sɛ mohyia sɛ moresom a, obi to dwom; obi kyerɛkyerɛ; obi da Onyankopɔn ahintasɛm adi; obi ka kasa foforɔ ɛnna ɔfoforɔ nso akyerɛkyerɛ aseɛ. Ɛsɛ sɛ biribiara boa asafo no nkɔsoɔ. Sɛ obi pɛ sɛ ɔka kasa foforɔ a, aboro so koraa no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nnipa bɛyɛ baanu anaa baasa. Ɔbaako kasa wie a, na ɔfoforɔ nso akasa, na obi nso akyerɛkyerɛ nsɛm a waka no ase. Na sɛ obi nni hɔ a ɔbɛkyerɛ kasa foforɔ yi ase de a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔka saa kasa no yɛ komm wɔ nhyiamu no ase na ɔkasa kyerɛ ne ho ne Onyankopɔn.
Nnipa baanu anaa baasa a Onyankopɔn asɛm no wɔ wɔn nkyɛn no na ɛsɛ sɛ wɔkasa na wɔn a aka no nso atie, adwene ho. Na sɛ obi a ɔte hɔ nso nya asɛm firi Onyankopɔn nkyɛn a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔrekasa no gyae kasa. Ɛsɛ sɛ mo nyinaa ka Onyankopɔn asɛm no mmaako mmaako sɛdeɛ mo nyinaa bɛnya osuahunu bi ne nkuranhyɛ. Ɛsɛ sɛ nkɔmhyɛni no pene so, gyae ma ɔfoforɔ nso kasa. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn mfrɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ basabasa, na mmom asomdwoeɛpɛfoɔ. Sɛdeɛ ɛte wɔ Onyankopɔn asafo mu no.
Ɛsɛ sɛ mmaa a wɔwɔ asafo mu no yɛ komm wɔ asafo no nhyiamu ase. Wɔnni ho ɛkwan sɛ wɔkasa, sɛdeɛ Mose Mmara no kyerɛ no. Sɛ wɔrepɛ biribi mu ahunu a, wɔmmisa wɔn kununom wɔ fie. Ɔbaa kasa wɔ asafo nhyiamu ase a, ɛyɛ animguaseɛ.
Anaa mofa no sɛ Onyankopɔn asɛm no firi mo nkyɛn? Anaa mo nko ara mo nkyɛn na ɛfiri? Sɛ obi susu sɛ ɔyɛ odiyifoɔ anaa ɔwɔ honhom akyɛdeɛ a, ɛsɛ sɛ ɔte ne ho ase sɛ nsɛm a meretwerɛ yi, Awurade na ɔhyɛɛ me sɛ mentwerɛ. Enti, sɛ ɔntie yei a, ɛnneɛ, monntie ɔno nso.
Enti anuanom, mompere sɛ mobɛhyɛ nkɔm, nanso monnnyae sɛ mobɛka kasa foforɔ. Ɛsɛ sɛ moyɛ biribiara wɔ ne kwan so.
Kristo Owusɔreɛ
Afei, anuanom, mepɛ sɛ mekae mo adwene fa Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no a mogye too mu, nam so maa mo gyidie mu yɛɛ den no ho. Ɛno ne Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no. Sɛ mokura Asɛmpa no mu denden a, mobɛnya nkwa, gye sɛ moannye anni.
Mekaa asɛm a meteeɛ a ɛho hia yie no kyerɛɛ mo sɛ, yɛn bɔne enti na Kristo wuiɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no Atwerɛsɛm mu sɛ, wɔsiee no, na ne nnansa so no, ɔsɔre firii awufoɔ mu sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ, ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ Petro ne asomafoɔ dumienu no nyinaa. Afei, mpofirim, ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ nʼakyidifoɔ bɛboro ahanum a wɔn mu bi te ase na wɔn mu bi nso awuwu. Afei, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo ne asomafoɔ no nyinaa. Akyire no koraa, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ me a meyɛ obi a wɔanwo me ntɛm.
Meyɛ obi a mesua koraa wɔ asomafoɔ no mu na memfata mpo sɛ wɔfrɛ me ɔsomafoɔ ɛfiri sɛ, metaa Onyankopɔn asafo. Nanso, Onyankopɔn adom enti, mete sɛ deɛ mete no ara na adom a ɔde dom me no aboa me yie. Ama matumi ayɛ adwuma denden asene asomafoɔ a aka no nyinaa a ɛmfiri mʼankasa mʼahoɔden mu, na mmom Onyankopɔn adom no na ɛredi dwuma wɔ me mu. Enti, sɛ ɛfiri me anaa ɛfiri wɔn no, Asɛmpa a yɛn nyinaa ka ni, na ɛno nso na mogye di.
Yɛn Owusɔreɛ
Afei, sɛdeɛ Asɛmpa no ka sɛ wɔama Kristo asɔre afiri awufoɔ mu no, adɛn na mo mu bi tumi ka sɛ wɔrentumi mma awufoɔ nsɔre? Sɛ saa yɛ nokorɛ deɛ a, na ɛkyerɛ sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfiri awufoɔ mu. Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfiri awufoɔ mu a, na ɛkyerɛ sɛ, yɛnni asɛm biara ka, na mo nso monni asɛm biara a mobɛgye adi. Ɛno akyi koraa na ɛkyerɛ sɛ, yɛredi atorɔ fa Onyankopɔn ho, ɛfiri sɛ, yɛka sɛ ɔno na ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu. Na sɛ awufoɔ ntumi nsɔre a, ɛnneɛ na wɔamma Kristo nso ansɔre amfiri awufoɔ mu. Sɛ awufoɔ ntumi nsɔre a, na Kristo nso ansɔre. Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfiri awufoɔ mu a, na mo gyidie no yɛ nnaadaa, na moda so yera wɔ mo bɔne mu. Ɛsane kyerɛ sɛ, wɔn a na wɔgye Kristo di a wɔawuwu no ayera. Na sɛ yɛn anidasoɔ wɔ Kristo mu no yɛ ma saa asetena yi nko ara a, ɛnneɛ na yɛyɛ mmɔbɔ sene obiara a ɔwɔ ewiase ha.
Nanso, nokorɛ a ɛwom ne sɛ, wɔama Kristo asɔre afiri awufoɔ mu de ahyɛ mo den sɛ wɔn a wɔadeda wɔ owuo mu no, wɔbɛma wɔasɔresɔre. Na sɛdeɛ owuo nam onipa so baeɛ no, saa ara nso na owusɔreɛ nam onipa so ba. Owuo nam Adam so baa yɛn nyinaa so; saa ara nso na Kristo de nkwa brɛɛ yɛn nyinaa. Nanso, biribiara bɛyɛ nnidisoɔ nnidisoɔ a Kristo na ɔbɛdi ɛkan, na sɛ Kristo di ɛkan ba bio a, wɔn a wɔyɛ ne deɛ no nso adi akyire. Afei sɛ Kristo sɛe ahonhom mu atumfoɔ, ahoɔden ne tumi nyinaa a, awieeɛ no bɛba, na ɔde Ahennie no ama Onyankopɔn a ɔyɛ Agya no. Ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ Kristo di ɔhene kɔsi sɛ ɔbɛdi nʼatamfoɔ nyinaa so na ɔde wɔn ahyɛ ne nan ase. Ɔtamfoɔ a ɔtwa toɔ a ɔbɛdi ne so ne owuo. Sɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɔde nneɛma nyinaa bɛhyɛ ne tumi ase a,” wɔmmfa Onyankopɔn nka ho. Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ Kristo tumi ase. Na sɛ wɔde nneɛma nyinaa hyɛ Kristo tumi ase a, ɔno ankasa a ɔyɛ Ɔba no de ne ho bɛhyɛ Onyankopɔn a ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ ne Ba no tumi ase no, ase; na Onyankopɔn adi biribiara so.
Sɛ owusɔreɛ nni hɔ a, anka wɔn a wɔbɔ awufoɔ din bɔ asu no bɛyɛ dɛn? Wɔn adwene ne sɛn? Sɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ deɛ wɔka sɛ, wɔnnyane awufoɔ mma nkwa mu a, adɛn enti na wɔbɔ awufoɔ din bɔ wɔn asu? Na adɛn na dɔnhwereɛ biara yɛde yɛn ho to amaneɛ mu? Anuanom, dɔnhwereɛ biara mehyia owuo. Esiane Yesu enti, ahohoahoa a mewɔ wɔ mo mu, na ɛma me ka yei. Modwene sɛ mfasoɔ bɛn na menyaa wɔ ɔko a me ne “nkekaboa” koo wɔ Efeso no? Na sɛ awufoɔ nsɔre mma nkwa mu a, ɛnneɛ
“Momma yɛnnidi na yɛnnom,
ɛfiri sɛ, ɔkyena yɛbɛwu” sɛdeɛ wɔka no.
“Mommma wɔnnnaadaa mo. Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa.” Monyɛ mo asɛdeɛ na monnyae mo akwammɔne no. Meka yei de hyɛ mo aniwuo sɛ mo mu bi nnim Onyankopɔn.
Nipadua A Ɛsɔre
Obi bɛbisa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛtumi ama awufoɔ asɔre aba nkwa mu? Wɔbɛyɛ onipadua su bɛn?” Ɔkwasea! Sɛ wodua aba wɔ fam a, gye sɛ ɛwu ansa na afifiri. Na deɛ wodua wɔ fam no, ɛnyɛ dua, na mmom ɛyɛ awi aba anaasɛ aba foforɔ bi. Bɔbea a Onyankopɔn adwene ho sɛ ɔpɛ sɛ ɔde bɔ aba no na ɔde bɔ no; ɔma aba biara bɔbea a ɛfata no. Honam a ɛkata ateasefoɔ ho no nyinaa nyɛ honam korɔ. Nnipa wɔ wɔn honam; mmoa wɔ wɔn deɛ; nnomaa wɔ wɔn deɛ ɛnna nsuomnam nso wɔ wɔn deɛ. Ɔsoro onipadua wɔ hɔ, ɛnna ɛfam onipadua nso wɔ hɔ. Ahoɔfɛ bi wɔ hɔ ma ɔsoro onipadua nko ara, ɛnna ahoɔfɛ bi nso wɔ hɔ ma ɛfam onipadua. Owia wɔ nʼankasa nʼahoɔfɛ. Ɔsrane wɔ ne deɛ nko; nsoromma ahoɔfɛ gu ahodoɔ; na nsoromma no mu nso wɔwɔ ahoɔfɛ su ahodoɔ.
Sɛ wɔma awufoɔ sɔre ba nkwa mu a, saa ara na ɛbɛba. Sɛ wɔsie onipadua no a, ɛporɔ; wɔma ɛsɔre nso a ɛmporɔ. Sɛ wɔsie onipadua a, ɛyɛ tan na ɛyɛ mmerɛ, nanso sɛ wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ fɛ na ɛnya ahoɔden. Sɛ wɔsie onipadua no a, ɛyɛ honam na sɛ wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ honhom.
Ɔhonam wɔ hɔ enti ɛsɛ sɛ honhom nso wɔ hɔ. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Adam a ɔyɛ nnipa nyinaa kannifoɔ no, wɔbɔɔ no sɛ onipa ɔteasefoɔ”; nanso Adam a ɔtwa toɔ no yɛ Honhom a ɔma nkwa. Ɛnyɛ honhom mo ni na ɔbaa kane. Ɔbaa deɛ ɔkura honam fam onipadua no akyi. Wɔde fam mfuturo na ɛbɔɔ Adam a ɔdi ɛkan no. Adam a ɔtɔ so mmienu no firi ɔsoro. Wɔn a wɔte asase so no te sɛ deɛ wɔde dɔteɛ bɔɔ no no; na wɔn a wɔyɛ ɔsoro mma no te sɛ wɔn a wɔfiri ɔsoro. Sɛdeɛ yɛte sɛ nnipa a wɔde dɔteɛ bɔɔ yɛn no, saa ara na yɛbɛyɛ sɛ onipa a ɔfiri ɔsoro no.
Anuanom, deɛ mepɛ sɛ mekyerɛ ne sɛ, deɛ wɔde honam ne mogya ayɛ no nni kyɛfa wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu; na deɛ ɛporɔ no ntumi ntena hɔ. Montie saa ahintasɛm yi: Yɛn nyinaa renwu, nanso ɛberɛ tiawa bi mu wɔbɛsakyera yɛn nyinaa; sɛ totorobɛnto a ɛtwa toɔ no bɔ a, nsakraeɛ no bɛyɛ anibueɛ. Sɛ ɛbɔ a, awufoɔ bɛdane ateasefoɔ na yɛn nyinaa bɛsakyera. Na deɛ ɛporɔ no de deɛ ɛmporɔ akata ne ho, na deɛ ɛwu no de deɛ ɛnwu akata ne ho. Enti deɛ ɛporɔ de deɛ ɛmporɔ kata ne ho na deɛ ɛbɛwu de deɛ ɛrenwu kata ne ho a, Atwerɛsɛm no bɛba mu sɛ, “Wɔasɛe owuo; nkonim aba!”
“Owuo, wo nkonim wɔ he?
Owuo, wo nwowɔeɛ wɔ he?”
Owuo nya ne tumi firi bɔne mu na bɔne nso nya ne tumi firi Mmara no mu. Nanso, yɛda Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yɛn tumi no ase!
Enti, me nuanom, monnyina pintinn. Ɛda biara monyɛ Awurade adwuma, ɛfiri sɛ, menim sɛ moyɛ Awurade adwuma a ɛrenyɛ ɔkwa da.
Ɛtoɔ Yie
Asɛm a ɛfa ɛtoɔ a wɔbɛyi de aboa Onyankopɔn asafo mma a wɔwɔ Yudea ho no nie: Ɛsɛ sɛ moyɛ deɛ meka mekyerɛɛ Galati asafo ahodoɔ sɛ wɔnyɛ no bi. Kwasiada biara, sika a moanya no, momfa bi nsie baabi sɛdeɛ meba mo nkyɛn a, ɛremma monyi toɔ. Sɛ meba hɔ a, mɛtwerɛ adansedie krataa mede asoma nnipa a mopene so sɛ mensoma wɔn, na wɔabɛgye mo akyɛdeɛ no de akɔ Yerusalem. Sɛ ɛho hia sɛ me ne wɔn ba a, me ne wɔn bɛba.
Paulo Nhyehyɛeɛ
Sɛ mefiri Makedonia a na mɛba mo nkyɛn, ɛfiri sɛ, mɛfa hɔ. Ebia, mɛdi nna kakra wɔ mo nkyɛn. Ebia, mɛdi awɔberɛ no wɔ mo nkyɛn. Ɛno akyi moaboa me ama makɔ baabiara a mepɛ sɛ mekɔ. Mempɛ sɛ medi nna tiaa bi mo nkyɛn. Na mmom, mewɔ anidasoɔ sɛ, sɛ Awurade pɛ a, mɛtena mo nkyɛn akyɛre. Nanso, mɛtena Efeso ha yi akɔsi Pentekoste da no. Ɛwom sɛ wɔn a wɔasɔre atia me dɔɔso deɛ, nanso akwan pa a mɛtumi mafa so madi dwuma pa wɔ ha.
Sɛ Timoteo ba mo nkyɛn wɔ ha a, monsom no hɔhoɔ, ɛfiri sɛ, ɔreyɛ Awurade adwuma sɛdeɛ meyɛ yi ara. Obiara mmu no abomfiaa, na mmom, mommoa no na ɔntu ne kwan yi asomdwoeɛ mu na watumi asane abɛka me nsa, ɛfiri sɛ, merehwɛ ɔne anuanom no anim.
Ɛfa onua Apolo ho nso, metaa hyɛ no nkuran sɛ ɔne anuanom a aka no ntaa nsra mo, nanso ɔnyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛba seesei ara. Sɛ ɔnya ɛkwan deɛ a, ɔbɛba.
Monnwɛn, momma mo gyidie mu nyɛ den; mo bo nyɛ duru na monnya ahoɔden. Momfa ɔdɔ nyɛ mo nnwuma nyinaa.
Monim Stefana ne ne fiefoɔ ho asɛm. Wɔyɛ nnipa a wɔdane bɛyɛɛ Akristofoɔ ɛkan wɔ Hela na wɔde wɔn ho ama Onyankopɔn adwumayɛfoɔ. Mesrɛ mo, me nuanom, sɛ monni nnipa a wɔte saa ne wɔn a wɔdi saa dwuma no bi na wɔne wɔn som no akyi. Mʼani gye Stefana, Fortunato ne Akaiko ba a wɔbaeɛ no ho. Wɔbɛsii mo anan na wɔama mʼani agye sɛdeɛ wɔmaa mo ani gyeeɛ no ara pɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkae nnipa a wɔte saa no.
Asafo a wɔwɔ Asia no kyea mo.
Akwila ne Priska ne asafo a wɔhyia wɔn fie no nso kyea mo.
Anuanom a wɔwɔ ha no kyea mo.
Momfa ɔdɔ nkyeakyea mo ho mo ho.
Me ara me nsa ano atwerɛ nie: Me Paulo, mekyea mo.
Obiara a ɔnnɔ Awurade no, nnome mmra ne so. Marana-ta “Yɛn Awurade bra!”
Awurade Yesu adom mmra mo so.
Me dɔ nka mo nyinaa wɔ Kristo Yesu mu. Amen.